Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 139

Yesu De Paradise Bɛba na Wawie N’Adwuma

Yesu De Paradise Bɛba na Wawie N’Adwuma

1 KORINTOFOƆ 15:24-28

  • NNWAN NE MMIREKYIE NO, ƐBƐWIE WƆN MU BIARA SƐN?

  • NNIPA PII BƐTENA PARADISE WƆ ASASE SO

  • YESU AKYERƐ SƐ ƆNE ƐKWAN NO, NOKORƐ NO NE NKWA

Yesu bɔɔ asu no, wanhyɛ n’asɛnka adwuma no ase koraa na ɔtamfo bi tuu n’ani sii ne so sɛ ɔbɛyɛ ara ama wahwe ase. Saa ɔtamfo no ne Ɔbonsam, na ɔde sɔhwɛ ahorow baa Yesu so. Akyiri yi, Yesu kaa saa ɔtamfo no ho asɛm sɛ: “Wiase sodifoɔ no reba. Na ɔnni tumi wɔ me so.”​—Yohane 14:30.

‘Ɔtweaseɛ kɛseɛ, ɔwɔ dada a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan’ no, ɔsomafo Yohane nyaa nea ɛda hɔ retwɛn no ho anisoadehu. Ɔhuu wɔ anisoadehu no mu sɛ wɔatu saa ɔtamfo tirimɔdenfo no afiri soro, enti “ne bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.” (Adiyisɛm 12:9, 12) Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ sɛnea nneɛma rekɔ no a, wɔtumi hu sɛ seesei “berɛ a aka yɛ tia” na ɛrenkyɛ wɔde “ɔtweaseɛ no, ɔwɔ dada” no, bɛto amena donkodonko bi mu mfe 1,000. Saa bere no nyinaa, na Yesu redi Onyankopɔn Ahenni so hene.​—Adiyisɛm 20:1, 2.

Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ asase a yɛte so yi so saa bere no? Hwannom na wɔbɛnya so atena, na ɛso asetena bɛyɛ sɛn? Yesu aka ne nyinaa akyerɛ yɛn. Yesu maa nnwan ne mmirekyie ho mfatoho de kyerɛɛ sɛnea nneɛma bɛkɔ ama nnipa ahobrɛasefo. Wɔn na ɔde nnwan gyinaa hɔ maa wɔn. Wɔboaa Yesu nuanom wɔ asase so na wɔne wɔn dii no yie. Nnipa abɔnefo nso, Yesu de mmirekyie gyinaa hɔ maa wɔn, na ɔkaa nea ɛda hɔ retwɛn wɔn. Ɔkaa sɛ: “Yeinom [mmirekyie no] bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ mu, na wɔn a wɔtene [nnwan] no bɛkɔ daa nkwa mu.”​—Mateo 25:46.

Wei ma yɛte asɛm bi a Yesu kae ase. Ɔka kyerɛɛ ɔbɔnefo bi a na ɔsɛn ne nkyɛn no sɛ: “Nokorɛm mese wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luka 23:43) Yesu anka ankyerɛ ɔbɔnefo no sɛ ɔbɛka ne ho wɔ n’Ahenni mu sɛnea bere bi ɔhyɛɛ n’asomafo anokwafo bɔ no. Yesu bɔhyɛ no maa ɔbɔnefo no nyaa anidaso sɛ, daakye ɔbɛtena Paradise,kyerɛ sɛ, turo fɛfɛ bi mu. Ɛno ma yɛhu sɛ nnipa ahobrɛasefo a ɛnnɛ wɔyɛ wɔn ade te sɛ nnwan no bɛnya “daa nkwa” wɔ saa Paradise no mu.

Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ asase so no, ɔsomafo Yohane kaa ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ntomadan wɔ adasamma mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpepa wɔn aniwam nisuo nyinaa, na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne esũ ne yea nso nni hɔ bio. Kane nneɛma no atwam.”​—Adiyisɛm 21:3, 4.

Sɛ ɔbɔnefo yi bɛnya Paradise no mu atena a, gye sɛ wɔnyane no fi awufo mu. Nanso ɛnyɛ ɔno nko ara na wɔbɛnyane no.Asɛm bi a Yesu kae ma yɛhu saa. Ɔkaa sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafiri adi; wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwadeɛ no akɔ atemmuo wusɔreɛ mu.”​—Yohane 5:28, 29.

Asomafo anokwafo no ne nnipa kakraa bi a wɔbɛkɔ akɔka Yesu ho no, dɛn na wɔrekɔyɛ wɔ soro hɔ? Bible ka sɛ: “Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi hene mfeɛ apem.” (Adiyisɛm 20:6) Wɔn a wɔne Kristo bɛkɔ akɔdi hene no, wɔyɛ mmaa ne mmarima a wɔatena asase so pɛn. Enti sɛ wɔkɔ soro kɔdi asase so hene a, wɔbɛnya ahummɔborɔ ama nnipa na wɔate wɔn ase.​—Adiyisɛm 5:10.

Saa bere no, Yesu ne ne mfɛfo ahemfo no de Yesu agyede afɔre no bɛyɛ nnipa anokwafo ho adwuma wɔ asase so, na wɔbɛyi bɔne a Adam de woo yɛn no afiri hɔ. Mfiase no, Onyankopɔn kaa sɛ Adam ne Hawa nwo nhyɛ asase so ma na wɔn ani nnye. Afei deɛ saa asɛm no bɛba mu. Saa bere no, owuo a Adam bɔne akɔfa aba no mpo bɛfiri hɔ.

Weinom nyinaa ba mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ Yesu awie adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no. Sɛ Yesu Mfirihyia 1,000 Ahenni no ba awiei a, ɔbɛdane Ahenni no ne nnipa a bɔne nni wɔn ho bio no ama n’Agya. Wei kyerɛ Yesu ahobrɛase. Ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm sɛ: “Sɛ [Ɔba no nya] de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ Deɛ ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ adeɛ nyinaa ama obiara.”​—1 Korintofoɔ 15:28.

Nea yɛaka yi nyinaa ma yɛhu pefee sɛ Yesu nyɛ nipa ketewa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu. Sɛ Yesu hwɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa yɛ hɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ asɛm a Yesu ka faa ɔno ara ho no yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “Mene ɛkwan no ne nokorɛ no ne nkwa.”​—Yohane 14:6.