Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 88

Nsakrae Baa Ɔdefo no ne Lasaro Asetenam

Nsakrae Baa Ɔdefo no ne Lasaro Asetenam

LUKA 16:14-31

  • MFATOHO A ƐFA ƆDEFO NO NE LASARO HO

Yesu de ahonyade ho afotu pa maa n’asuafo no. Nanso ɔrekasa no, na ɛnyɛ asuafo no nko ara na ɛwɔ hɔ. Ná Farisifo no bi wɔ hɔ; wɔn nso, na ɛsɛ sɛ wɔtie Yesu afotuo no. Adɛn ntia? Efisɛ na wɔyɛ “sikanibereɛ.” Bere a wɔtee Yesu asɛm no, “wɔfirii aseɛ dii ne ho fɛ.”—Luka 15:2; 16:13, 14.

Nanso ɛno ammɔ Yesu hu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na mobu mo ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu; ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ kokuroo wɔ nnipa anim no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn ani so.”—Luka 16:15.

Ná Farisifo no ayɛ “kokuroo wɔ nnipa anim” akyɛ. Nanso afei deɛ, na nneɛma rebɛdane. Nnipa a wɔwɔ wiase ahonyade, tumi, ne nyamesom mu dibea a wɔayɛ kokuroo no, na ɛbere aso sɛ wɔbrɛ wɔn ase. Ahobrɛasefo a wɔhuu sɛ wɔhia Onyankopɔn wɔ wɔn asetenam no, na wɔrebɛma wɔn so. Yesu maa ɛdaa adi sɛ nsakrae kɛse bi reba. Ɔkaa sɛ:

“Mmara no ne Adiyifoɔ no tenaa hɔ bɛsii Yohane so. Ɛfiri hɔ no, wɔreka Onyankopɔn ahennie no ho asɛm sɛ asɛmpa, na onipa biara yere ne ho wɔ ho. Nokorɛm no, ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ sene sɛ Mmara no mu ntwerɛdeɛ no bi ho nsensaneeɛ baako bɛtɔ fam.” (Luka 3:18; 16:16, 17) Dɛn na ɛwɔ Yesu asɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ na nsakrae reba?

Ná Yudafo nyamesom mpanimfoɔ no de tu wɔn ho sɛ wɔdi Mose Mmara no so paa. Wobɛkae a, bere bi a Yesu buee onifuraefo bi ani wɔ Yerusalem no, Farisifo no hoahoaa wɔn ho sɛ: “Yɛyɛ Mose asuafoɔ. Yɛnim sɛ Onyankopɔn akasa akyerɛ Mose.” (Yohane 9:13, 28, 29) Saa Mmara a wɔnam Mose so de maa Israel no, adwene a na ɛwɔ akyi ara ne sɛ ɛbɛkyerɛ ahobrɛasefo kwan akɔ Mesia a ɔne Yesu no nkyɛn. Yohane Suboni ka maa nkurɔfo huu sɛ Yesu ne Onyankopɔn Adwammaa no. (Yohane 1:29-34) Ɛfiri Yohane asɛnka no so no, Yudafo ahobrɛasefo tiee “Onyankopɔn ahennie” ho asɛm, titiriw ahiafo no. Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔnya Onyankopɔn Ahenni mu kwan no, “asɛmpa” bi wɔ hɔ ma no.

Mose Mmara no yɛɛ n’adwuma, efisɛ ɛkyerɛɛ kwan kɔɔ Mesia no so. Nanso na bere bi reba a ɛrenkyekyere obiara bio. Ɛho nhwɛso ne sɛ Mmara no maa kwan sɛ obi bɛtumi agyina biribiara so agyaa aware, nanso Yesu kyerɛɛ mu sɛ “obiara a ɔbɛgyaa ne yere aware foforɔ no asɛe awareɛ, na deɛ ɔbɛware ɔbaa a ne kunu agyaa no no asɛe awareɛ.” (Luka 16:18) Ná Farisifo no yɛ mmara-mmara, enti wo deɛ hwɛ sɛnea Yesu nsɛm no bɛhyɛ wɔn abufuo!

Afei Yesu maa mfatoho bi a ɛsii so dua sɛ nsakrae a ɛreba no so paa. Ɛfa mmarima mmienu ho; saa mmarima no, nsakrae kɛse baa wɔn asetenam. Ansa na yɛbɛkɔ mfatoho no so no, hyɛ no nsow sɛ wɔn a na wɔretie Yesu no, na ebinom yɛ Farisifo sikapɛfo a nnipa hoahoa wɔn.

Yesu kaa sɛ: “Ná onipa bi yɛ ɔdefoɔ, na ɔtaa hyɛ atade kɔkɔɔ ne nwera, na daa ɔde afɛfɛdeɛ gye n’ani. Ná wɔtaa de ɔdesrɛfoɔ bi a wɔfrɛ no Lasaro a ne ho nyinaa atutu akuro kɔtena n’aboboano, na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔde nneɛma a ɛfiri ɔdefoɔ no didipono so gu fam no hyɛ ne yafunu mã. Afei nso na nkraman bɛtafere n’akuro no mu.”—Luka 16:19-21.

Sɛnea Farisifo no yɛ sikanibere no, ɛnyɛ wɔn na Yesu de “ɔdefoɔ” no totoo wɔn ho a, ɛnde hwannom? Saa Yudafo nyamesom mpanimfoɔ yi, na wɔtaa hyɛ ntade akɛse a ne bo yɛ den. Sɛ yɛde wɔn sika a wɔwɔ no to nkyɛn a, na wɔwɔ dibea, enti ɛno nso maa wɔyɛɛ adefo. Adehye atade kɔkɔɔ a Yesu kaa sɛ ɛhyɛ ɔbarima no kyerɛ sɛ na Yudafo mpanimfoɔ no wɔ gyinabea kɛse. Nwera fitaa no nso gyina hɔ ma sɛnea na wɔbu wɔn ho atreneefo no.—Daniel 5:7.

Mpanimfoɔ a na wɔbu wɔn ho dodo yi, sɛn na wɔbuu ɔmanfo a aka no? Ná wɔbu wɔn animtiaa frɛ wɔn ʽam ha·ʼaʹrets anaa famfamfo. Afei nso na wɔka sɛ saafo no nnim Mmara no na wɔmfata mpo sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn. (Yohane 7:49) Ná wɔn tebea akɔyɛ sɛ ‘ɔdesrɛfoɔ a wɔfrɛ no Lasaro no.’ Ná ne kɔn dɔ “nneɛma a ɛfiri ɔdefoɔ no didipono so gu fam no” mpo. Sɛnea na Lasaro ho atutu akuro no, saa ara na ahobrɛasefo no nso, na nkurɔfo mmu wɔn; ná ayɛ sɛ nea wɔn som mpo yɛ Onyankopɔn tan.

Ná saa tebea bɔne no akɔ so akyɛ, nanso na Yesu nim sɛ nsakrae kɛse bi nam kwan so reba; saa nsakrae no bɛba wɔn a wɔte sɛ ɔdefo no ne wɔn a wɔte sɛ Lasaro no asetenam.

NSRAKRAE BAA ƆDEFO NO NE LASARO ASETENAM

Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ nsakrae kɛse a ɛbae no mu sɛ: “Ɔdesrɛfoɔ no wuiɛ na abɔfoɔ faa no kɔɔ Abraham kokom. Ɔdefoɔ no nso wu maa wɔsiee no. Na ɔmaa n’ani so wɔ Adamena mu no, na ɔwɔ ahoyera mu, na ɔhunuu Abraham wɔ akyirikyiri a Lasaro wɔ ne kokom.”—Luka 16:22, 23.

Wɔn a wɔretie Yesu no, na wɔnim sɛ Abraham awu dadaada ma wɔasie no wɔ Adamena mu. Kyerɛwnsɛm no nso ka sɛ obiara nni Adamena mu anaa “Sheol” a ɔbɛtumi akasa, enti Abraham nso, na ɔrentumi nkasa. (Ɔsɛnkafoɔ 9:5, 10) Bere a Yesu maa saa mfatoho yi no, na nyamesom mpanimfoɔ no bɛte ase sɛn? Ahobrɛasefo no, na asɛm no fa wɔn ho sɛn? Nyamesom mpanimfoɔ sikaniberefo no nso ɛ?

Ansa na Yesu rebɛka saa asɛm no, na wadi kan aka sɛ: “Mmara no ne Adiyifoɔ no tenaa hɔ bɛsii Yohane [Suboni] so. Ɛfiri hɔ no, wɔreka Onyankopɔn ahennie no ho asɛm sɛ asɛmpa.” Enti wu a Lasaro ne ɔdefo no wui no kyerɛ nsakrae a Yohane ne Yesu Kristo asɛnka adwuma no kɔfa bae; ɛmaa Lasaro ne ɔdefo no tebea sesae maa wɔnyaa gyinabea foforo koraa wɔ Onyankopɔn anim.

Ahiafo ne mmɔborɔwafo no, na wɔadi kɔm akyɛ, efisɛ na wɔnni Onyankopɔn ho nimdeɛ papa biara. Nanso Ahenni no ho asɛm a Yohane Suboni ne Yesu kae no, wɔtiei na wɔn nimdeɛ dɔɔso. Ahyɛase no, mporoporowa a ɛfiri nyamesom mpanimfoɔ no ‘honhom fam didipono so gu fam’ no, ɛno nko ara na na wɔnya. Nkyerɛkyerɛ papa a na Yesu de rema wɔn no maa wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase yie, na ɛmaa wɔn ho tɔɔ wɔn. Enti, na akɔyɛ sɛ nea afei wɔanya gyinabea pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.

Adefo ne nyamesom mpanimfoɔ no deɛ, Ahenni no ho asɛm a Yohane bɛkae ne nea Yesu kaa wɔ mmaa nyinaa no, wɔannye antom. (Mateo 3:1, 2; 4:17) Ná asɛm no fa Onyankopɔn atemmu a ano yɛ hye a ɛreba ho, enti ɛhyɛɛ wɔn abufuo na ɛmaa wɔn ho yeraa wɔn. (Mateo 3:7-12) Nyamesom mpanimfoɔ sikaniberefo no, ɛkaa wɔn nko a, anka Yesu ne n’asuafo no agyae Onyankopɔn ho asɛm a wɔreka no. Mpanimfoɔ no te sɛ ɔdefo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ mfatoho no mu no. Ɔdefo no kaa sɛ: “Agya Abraham, hu me mmɔbɔ na soma Lasaro ma ɔmfa ne nsateaa ano mmɔ nsuo mu na ɔmfa mmɛdwodwo me kɛtrɛma, ɛfiri sɛ me ho yera me wɔ gyaframa yi mu.”—Luka 16:24.

Nanso amma saa. Nyamesom mpanimfoɔ dodow no ara, na wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsesa. “Wɔantie Mose ne Adiyifoɔ no.” Sɛ nyamesom mpanimfoɔ no de nsɛm a adiyifo no kyerɛwee no yɛɛ adwuma a, anka wɔbɛgye Yesu atom sɛ ɔno ne Mesia ne Ɔhene a Onyankopɔn apaw no. (Luka 16:29, 31; Galatifoɔ 3:24) Afei nso, ahiafo a wɔgyee Yesu toom, na wɔnyaa gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim no, nyamesom mpanimfoɔ no ammrɛ wɔn ho ase antie wɔn. Yesu asuafo no nso, na ɛnyɛ ade a wɔbɛtumi agyae nokware no ho asɛm ka anaa wɔbɛgogo mu ama mpanimfoɔ no ho atɔ wɔn. Yesu maa saa asɛm no mu daa hɔ wɔ mfatoho no mu. Ɔkaa sɛ “Agya Abraham” ka kyerɛɛ ɔdefo no sɛ:

“Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no wonyaa nneɛma pa a wopɛ nyinaa, na Lasaro deɛ, nneɛma bɔne na ɔnyaeɛ. Nanso afei, ɔrenya awerɛkyekyerɛ na wowɔ ahoyera mu. Na yeinom nyinaa akyi no, wɔde eku [anaa amena] kɛseɛ ato yɛne mo ntam, ma enti wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn no ntumi, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri hɔ ba yɛn nkyɛn no nso ntumi.”—Luka 16:25, 26.

Saa nsakrae kɛse yi fata paa! Efisɛ nyamesom mpanimfoɔ a wɔmomaa wɔn ho so no, wɔbrɛɛ wɔn ase, na ahobrɛasefo a wɔgyee Yesu kɔndua toom no deɛ, wɔnyaa home na wɔbɛtee Kyerɛwnsɛm no ase. (Mateo 11:28-30) Ná aka abosome kakraa bi ama wɔde apam foforo no asi Mmara apam no anan; saa bere no paa na nsakrae no bɛda adi kɛse. (Yeremia 31:31-33; Kolosefoɔ 2:14; Hebrifoɔ 8:7-13) Sɛ Onyankopɔn hwie honhom kronkron gu ne nkurɔfo so Pentekoste afe 33 a, obiara bɛhu sɛ Yesu asuafo no na wɔwɔ gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim na ɛnyɛ Farisifo ne nyamesom mpanimfoɔ a aka no.