Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 94

Nneɛma Mmienu a Ɛhia Paa​—Mpaebɔ ne Ahobrɛase

Nneɛma Mmienu a Ɛhia Paa​—Mpaebɔ ne Ahobrɛase

LUKA 18:1-14

  • MFATOHO A ƐFA OKUNAFO NE ƆTEMMUFO HO NO

  • FARISINI NE TOWGYENI ASƐM NO

Ná Yesu adi kan aka mfatoho bi a ɛfa mpaebɔ ho akyerɛ n’asuafo no. (Luka 11:5-13) Ɛbɛyɛ sɛ afei deɛ na wadu Samaria anaa Galilea, na ɛha nso ɔsan kyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ mpaebɔ. Ɔde mfatoho foforo sii so dua sɛ:

“Ná ɔtemmufoɔ bi wɔ kuro bi mu a ɔnsuro Nyankopɔn na ɔmmu onipa biara, na na okunafoɔ bi wɔ saa kuro no mu a ɔtaa kɔ ne nkyɛn kɔka sɛ, ‘Hwɛ sɛ wobɛbu atɛntenenee ama me wɔ me nkurobɔfoɔ ho.’ Ɔtwentwɛn ne nan ase kakra, nanso akyire yi ɔkaa no ne tirim sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Nyankopɔn na memmu onipa deɛ, nanso, sɛdeɛ okunafoɔ yi kɔ so ha me nti, mɛhwɛ ama wanya atɛntenenee, na wamma ammɛdwan me ho koraa.’”—Luka 18:2-5.

Yesu kyerɛɛ mfatoho no mu sɛ: “Montie deɛ ɔtemmufoɔ a ɔntene no mpo kaeɛ! Nokwasɛm nie, ɛwom sɛ Onyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre ma wɔn deɛ, nanso ɔremmu atɛntenenee mma wɔn a wɔayi wɔn a wɔteam frɛ no awia ne anadwo no anaa?” (Luka 18:6, 7) Dɛn na na Yesu de mfatoho no rekyerɛ yɛn wɔ n’Agya ho?

Yesu asɛm no nkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn te sɛ ɔtemmufo a ɔntene no. Nea na ɔrepɛ akyerɛ ni: Sɛ Ɔtemmufo a ɔntene no mpo yɛɛ ɔbaa no abisade maa no a, na ɛnte sɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn deɛ ɔtene, enti sɛ ne nkurɔfo bɔ mpae de wɔn abisade to n’anim na wɔampa aba a, ɔbɛyɛ dodo. Asɛm a Yesu ka toaa so no ma yɛhu saa. Ɔkaa sɛ: “Mese mo sɛ, [Onyankopɔn bɛbu] atɛntenenee ama wɔn ntɛm so.”—Luka 18:8.

Ɛba atemmu a, ɛtaa kɔ yie ma wɔn a wɔwɔ sika ne tumi no; ahiafo ne mmɔborɔwafo deɛ, wɔtaa sisi wɔn paa. Nanso Onyankopɔn mmu atɛn saa. Bere bi reba a, Onyankopɔn bɛbu atɛn atwe abɔnefo aso, na ɔbɛma n’asomfo daa nkwa.

Nnipa sɛn na wɔn gyidi te sɛ okunafo no? Nnipa dodow sɛn na wɔgye di paa sɛ Onyankopɔn bɛbu “atɛntenenee ama wɔn ntɛm so”? Okunafo mfatoho a Yesu kae no ma yɛhu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ mpaebɔ. Ná Yesu pɛ sɛ ɔsi so dua sɛ ɛhia gyidi na obi ahu sɛ mpaebɔ wɔ hɔ yi, ɛtumi yɛ adwuma, enti ɔbisaa sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba a, ɔbɛhunu gyidie paa wɔ asase so?” (Luka 18:8) Asɛm yi kyerɛ sɛ, sɛ Kristo ba a, nnipa kakraa bi na ɔbɛhu sɛ wɔwɔ saa gyidi no bi.

Nnipa a wɔretie Yesu no, na ebinom gye wɔn ho di paa sɛ wɔwɔ gyidi. Ɛno nti wɔbuu wɔn ho atreneefo sen nnipa a aka no. Yesu yɛɛ mfatoho bi a ɛkɔ ma wɔn. Ɔkaa sɛ:

“Mmarima mmienu kɔɔ asɔrefie kɔbɔɔ mpaeɛ, baako yɛ Farisini na deɛ ɔka ne ho no yɛ togyeni. Farisini no sɔre gyinaeɛ na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, apoobɔfoɔ, wɔn a wɔntene, awaresɛefoɔ, anaasɛ togyeni yi mpo. Medi mmuada mprenu nnawɔtwe, meyi deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du.’”—Luka 18:10-12.

Ná Farisifo no pɛ sɛ obiara hu sɛ wɔyɛ atreneefo, enti na wɔtaa bɔ mpae wɔ nnipa mu. Dwoda ne Yawda na na ɛyɛ dwa da, enti wɔtwɛn ara, ɛdu saa da no a nnipa abɛgu hɔ no a, na wɔde mmuada anaa akɔnkyen ahyehyɛ so. Afei nso, na wɔhwɛ yi nneɛma nketenkete nyinaa so ntotoso dudu. (Luka 11:42) Bere bi wɔkasa tiaa ɔmanfo no sɛ: “Nnipakuo a wɔnnim Mmara yi yɛ wɔn a wɔadome wɔn [wɔ Farisifo no ani so].”—Yohane 7:49.

Yesu toaa ne mfatoho no so sɛ: “Togyeni no a ɔgyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne tiri so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko ara kaa sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfoɔ yi mmɔbɔ.’” Enti towgyeni no gye toom sɛ ampa ɔyɛ ɔbɔnefo. Afei Yesu kaa sɛ: “Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔteneneeni senee ɔbarima baako no; ɛfiri sɛ obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma no so.”—Luka 18:13, 14.

Enti Yesu maa emu daa hɔ sɛ ahobrɛase ho hia paa. Yesu asuafo no, na asɛm no yɛ asuade kɛse ma wɔn, efisɛ Farisifo a wɔpɛ tumidi na wɔbu wɔn ho atreneefo no, na wɔne wɔn ara na ɛte. Ɛsan yɛ asuade ma Yesu akyidifo nyinaa.