Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 93

Onipa Ba no Bɛba

Onipa Ba no Bɛba

LUKA 17:20-37

  • AHENNI NO WƆ MO MFINIMFINI

  • SƐ ONIPA BA NO BA A, DƐN NA ƐBƐSI?

Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu da so ara wɔ Samaria anaa Galilea. Ná Farisifo no pɛ sɛ wɔhu sɛnea Ahenni no reba a, ɛbɛyɛ, enti wɔkɔbisaa Yesu. Wɔn deɛ, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Ahenni no reba a, obiara bɛhu. Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onyankopɔn ahennie no remma mma wɔnhunu no pefee, na wɔrenka nso sɛ ‘Hwɛ ha!’ anaasɛ ‘Ɛhɔ!’ Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ahennie no wɔ mo mfimfini.”—Luka 17:20, 21.

Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ asɛm a Yesu kae no, na ɛkyerɛ sɛ Ahenni no wɔ Onyankopɔn asomfo koma mu. Nanso, yɛka no saa a ɛnyɛ yie, efisɛ Farisifo a na Yesu ne wɔn rekasa no, na Onyankopɔn Ahenni nni wɔn koma mu. Mmom sɛ ɔka sɛ ɛwɔ wɔn mfimfini a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yesu a Onyankopɔn ayi no sɛ Ahenni no so Hene no, na ɔwɔ wɔn ntam.—Mateo 21:5.

Ɛbɛyɛ sɛ Farisifo no kɔe no, Yesu kaa Ahenni no mmae ho nsɛm pii kyerɛɛ n’asuafo no. Nea ɛdi kan, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ ma wɔhuu nea ɛbɛkɔ so bere a waba n’Ahenni mu no. Ɔkaa sɛ: “Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mohunu onipa Ba no nna no mu baako nanso morenhunu.” (Luka 17:22) Nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ, ɛnyɛ anim-anim yi ara na onipa Ba no bɛba n’Ahenni mu; ɛyɛ daakye asɛm. Ebia ɛbɛyɛ asuafo no bi sɛ onipa Ba no akyɛ, nanso twɛn ara na ɛsɛ sɛ wɔtwɛn kɔsi sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ no bɛso.

Yesu toaa asɛm no so sɛ: “Nnipa bɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monhwɛ hɔ!’ anaasɛ ‘Monhwɛ ha!’ Monnkɔ na monnni wɔn akyi. Na sɛdeɛ anyinam ma ne hann hyerɛn firi ɔsoro ase fã bi kɔ ɔsoro ase fã foforɔ no, saa ara na onipa Ba no bɛyɛ.” (Luka 17:23, 24) Dɛn na ɛbɛboa Yesu asuafo no na sɛ obi bɛka sɛ ɔyɛ Mesia a, wɔankɔdi n’akyi? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ Mesia mmae no bɛyɛ sɛ anyinam. Sɛnea anyinam pa a, yɛtumi hu wɔ akyirikyiri no, saa ara nso na sɛ onipa Ba no ba Ahenni no mu a, sɛnkyerɛnne bɛda adi ama obiara a n’ani da fam ahu.

Sɛnea nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade saa bere no, Yesu de totoo nsɛm bi a na asisi ho kaa sɛ: “Sɛdeɛ ɛyɛɛ Noa nna no mu no, saa ara na ɛbɛyɛ onipa Ba no nna no nso mu . . . Saa ara na ɛyɛɛ wɔ Lot nna no mu: wɔdidiiɛ, wɔnomeeɛ, wɔtɔeɛ, wɔtɔneeɛ, wɔduaeɛ, wɔsisii adan. Na da a Lot firii Sodom no, egya ne sɔfe tɔ firii soro bɛsɛee wɔn nyinaa. Saa ara na ɛbɛyɛ da a wɔbɛyi onipa Ba no adie no.”—Luka 17:26-30.

Anhwɛ a obi bɛka sɛ Yesu asɛm no kyerɛ sɛ nneɛma a yɛyɛ no daa te sɛ adidi, ɔnom, adwadie, kuayɛ, ne adansi nti na wɔsɛee nnipa a na wɔwɔ Noa ne Lot bere so, nanso ɛnte saa, efisɛ na Noa ne Lot ne wɔn mmusua nso yɛ saa nneɛma no bi. Nanso nnipa a aka no deɛ, wɔde wɔn adwene nyinaa sii saa nneɛma no so. Wɔankae mpo sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔsom no, na wɔanhu sɛ asɛnkɛse bi reba. Enti Yesu asɛm no yɛ afotusɛm ma n’asuafo no sɛ wɔnhwɛ ntie Onyankopɔn asɛm na wɔnyɛ n’apɛde. Ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔbɛyɛ na sɛ Onyankopɔn de ɔsɛe ba daakye a, wɔanya wɔn ti adidi mu.

Ná ɛhia sɛ asuafo no hwɛ wɔn anim tee na wiase no anaa “nneɛma a ɛwɔ akyire” no antwetwe wɔn. Yesu kaa sɛ: “Saa da no, mma onipa a ɔwɔ ɛdan atifi a ne nneɛma wɔ fie hɔ no nnsi fam mmmɛfa, na onipa a ɔwɔ afuo mu no, mma ɔno nso nnsan mmmɛfa nneɛma a ɛwɔ akyire no. Monkae Lot yere no.” (Luka 17:31, 32) Lot yere danee nkyene sie.

Yesu toaa so kyerɛɛ nea ɛbɛkɔ so bere a onipa Ba no abɛyɛ Ɔhene no. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Saa anadwo no mmarima mmienu bɛda mpa baako so; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya deɛ ɔka ne ho no.” (Luka 17:34) Enti ebinom bɛnya nkwa, na ebinom nso bɛhwere wɔn nkwa.

Asuafo no bisaa no sɛ: “Awurade, ɛhe?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ afunu wɔ no, ɛhɔ ara nso na akɔdeɛ bɛboa wɔn ho ano.” (Luka 17:37) Ɛno kyerɛ sɛ asuafo no bi bɛhu ade akɔ akyiri te sɛ akɔdeɛ. Saa asuafo no bɛboa wɔn ano aba Kristo no nkyɛn, kyerɛ sɛ, onipa Ba no. Saa bere no, Yesu bɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔwɔ gyidi no ama wɔahu nokware a ɛkɔ daa nkwa mu no.