Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 73

Samariani Bi Kyerɛɛ sɛ Ɔyɛ Yɔnko Pa

Samariani Bi Kyerɛɛ sɛ Ɔyɛ Yɔnko Pa

LUKA 10:25-37

  • NEA YƐYƐ A YƐBƐNYA DAA NKWA

  • SAMARIANI BI A ƆYƐƐ NE YƆNKO YIE

Bere a Yesu da so wɔ Yerusalem mpɔtam hɔ no, Yudafo pii baa ne nkyɛn. Ebinom baa hɔ bɛtiee no, na ebinom nso bɛsɔɔ no hwɛe. Wɔn mu baako a ɔnim Mmara no bisaa Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na sɛ meyɛ a mɛnya daa nkwa?”—Luka 10:25.

Yesu huu sɛ ɛnyɛ biribi na ɔbarima no repɛ ahu. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ Yesu ka asɛm bi a ɛbɛhyɛ Yudafo no abufuo. Ná ɔbarima no kura adwene bi dada, na Yesu huu akyire. Enti Yesu nso bisaa no biribi maa ɛkɔyii ne nsusuiɛ no puei.

Yesu bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ no Mmara no mu? Wokenkan no sɛn?” Ná ɔbarima no asua Onyankopɔn Mmara, enti ɔfaa emu asɛm de maa mmuaeɛ. Ɔfa fii Deuteronomium 6:5 ne Leviticus 19:18. Ɔkaa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,’ ne ‘wo yɔnko sɛ wo ho.’” (Luka 10:26, 27) Ɔbarima no asɛmmisa no ho mmuaeɛ ne no anaa?

Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Woabua no yie; ‘kɔ so yɛ yei na wobɛnya nkwa.’” Asɛm no anso hɔ ara. Mmuaeɛ a Yesu mae no, ɛnyɛ ɛno na na ɔbarima no rehwehwɛ, efisɛ ‘ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem.’ Ná ɔbarima no pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ adwene a ɔkura no yɛ adwempa, na sɛnea ɔbu afoforo no nso, bɔne biara nni ho. Enti ɔbisaa Yesu sɛ: “Hwan paa ne me yɔnko?” (Luka 10:28, 29) Wohwɛ asɛmmisa no a, wobɛka sɛ ɛnyɛ asɛm biara, nanso na ɛyɛ asɛm paa. Adɛn ntia?

Yudafo no deɛ, sɛ obi mfa Yudafo atetesɛm nyɛ adwuma a, wɔmmu no sɛ wɔn “yɔnko.” Sɛ wohwɛ asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:18 no a, wobɛka sɛ ɛfoa wɔn adwene no so. Ɛtɔ da a na Yudafo tumi nya adwene sɛ “mmara mma kwan” mpo sɛ wɔne obi a ɔnyɛ Yudani bɛbɔ. (Asomafoɔ Nnwuma 10:28) Enti na ɔbarima no ne Yesu asuafo no bi gye di sɛ, sɛ wɔyɛ wɔn mfɛfo Yudafo yie a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo. Nanso sɛ obi nyɛ Yudani de a, ebia wɔne no renni no yie, efisɛ wɔmmu no sɛ wɔn “yɔnko.”

Ɔbarima no ne Yudafo a wɔwɔ hɔ no, na Yesu bɛyɛ dɛn atene wɔn adwene a ɛrenhyɛ wɔn abufuo? Ɔkaa asɛm bi kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ná ɔbarima bi firi Yerusalem resiane akɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ adwotwafoɔ mu maa wɔworɔɔ ne ho ntadeɛ bobɔɔ no, gyaa no hɔ kɔeɛ a na watɔ bera.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɛbaa sɛ na ɔsɔfoɔ bi retwam saa kwan no so, nanso berɛ a ɔhunuu no no, ɔfaa ɛkwan no fã baabi kɔeɛ. Saa ara na berɛ a Lewini bi nso duruu hɔ a ɔhunuu no no, ɔfaa ɛkwan no fã baabi kɔeɛ. Afei Samariani bi a ɔnam kwan no so retu kwan bɛtoo no, na ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.”—Luka 10:30-33.

Ɔbarima a na Yesu ne no rekasa no, na ɔnim sɛ asɔfo no ne Lewifo a wɔne wɔn yɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ no mu pii te Yeriko. Ná wɔtwa kilomita 23 fi Yeriko kɔ asɔrefie hɔ. Ná kwan no so yɛ hu paa, efisɛ na adwowtwafo anaa nnipabɔnefo wɔ so. Sɛ Yudani bi kɔfa hɔ na ne ho ka adwaa mu a, hwannom na na wɔbɛtumi aboa no? Ɛnyɛ ne nuanom asɔfo ne Lewifo no ara? Nanso Yesu asɛm no mu deɛ, wɔammoa wɔn nua no. Samariani bi na ɔboaa no. Samariafo nso, na Yudafo mfa wɔn nyɛ hwee.—Yohane 8:48.

Dɛn na Samariani no yɛ de boaa Yudani a wapirapira no? Yesu toaa so sɛ: “Ɔbɛn no kyekyeree n’akuro no hwiee ngo ne nsã guu so. Afei ɔde no tenaa ɔno ara n’aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no. Na adeɛ kyeeɛ no ɔyii denare mmienu de maa ahɔhodan sohwɛfoɔ no kaa sɛ, ‘Hwɛ no, na ɛka biara a wobɛbɔ wɔ yei akyi no, mesan ba a mɛtua ama wo.’”—Luka 10:34, 35.

Yesu ano sii no, ɔbisaa ɔbarima no asɛm bi a emu dɔ, na ɛma yɛhu sɛ Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a waben paa. Ɔbisaa no sɛ: “Mmiɛnsa yi mu hwan na wosusu sɛ wada ne ho adi sɛ ɔbarima a ɔkɔtɔɔ adwotwafoɔ mu no yɔnko?” Ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima no ampɛ koraa sɛ ɔbɛbue n’ano aka sɛ ɛyɛ “Samariani no,” enti ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhunuu no mmɔbɔ no.” Afei Yesu yii asɛm no anim ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Kɔ na wo nso kɔyɛ saa ara.”—Luka 10:36, 37.

Ɛkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no yɛ paa. Anka Yesu bɛtumi aka akyerɛ ɔbarima no sɛ yɛka yɔnko a, wɔn a wɔnyɛ Yudafo nso ka ho bi. Nanso wohwɛ a, anka ɔbarima no ne Yudafo a wɔwɔ hɔ no ani bɛgye ho anaa? Ebia anka ɛrenyɛ wɔn dɛ. Ne saa nti, ɔbarima no asɛm a ɔbisaa sɛ, “Hwan paa ne me yɔnko?” no, Yesu faa kwan bi so maa ɔbarima no ne wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa nyaa ho mmuaeɛ. Enti yɛka yɔnko a, ɔne obi a ɔda ɔdɔ ne ayamye adi sɛnea Bible kyerɛ yɛn no.