Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 35

Bepɔ So Asɛnka A Agye Din

Bepɔ So Asɛnka A Agye Din

MATEO 5:1–7:29 LUKA 6:17-49

  • BEPƆ SO ASƐNKA

Yɛhwɛ sɛnea Yesu bɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa na ade kyee nso ɔyii asomafo 12 no a, ɛbɛyɛ sɛ ɛma ɔbrɛɛ paa. Nanso wantena ase annwodwo ne ho; ná ɔda so gyina ne nan so reboa nkurɔfo. Ɔyɛɛ saa adwuma no wɔ Galilea bepɔ bi so, na ɛbɛyɛ sɛ ɛfiri hɔ rekɔ Kapernaum nware.

Nkurɔfo fi akyirikyiri baa ne nkyɛn. Ebinom fi Yerusalem ne anafo fam nkuro foforo a ɛwɔ Yudea mantam mu na ɛbae. Ebinom nso fi Tiro ne Sidon a ɛwɔ atifi fam nohoa. Dɛn na ɛde wɔn baa Yesu nkyɛn? Wɔbaa sɛ “wɔrebɛtie no na wasa wɔn yareɛ.” Ampa-ne-ampa ara Yesu saa “wɔn nyinaa yareɛ.” Hwɛ asɛm! Ayarefo no mu baako koraa nni hɔ a wannya ayaresa. Wɔn a “ahonhom fĩ ha wɔn” nso, ɔtu maa wɔn. Ahonhom fĩ no yɛ Satan abɔfo bɔne a wɔtu wɔn ani si nkurɔfo so teetee wɔn.—Luka 6:17-19.

Afei Yesu pɛɛ asasetamaa bi so tenaa wɔ bepɔ no so, na nnipadɔm no bɛtwaa ne ho hyiae. Ɛbɛyɛ sɛ n’asuafo no na na wɔbɛn no; asomafo 12 no mpo deɛ, ebia na wɔte ne nkyɛn pɛɛ. Ná Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔtumi yɛ anwonwade, na obiara yɛɛ aso tiee no. Nsɛm a Yesu kaa saa da no, ɛda adi pefee sɛ ɛboaa nnipa a wɔtiee no no. Ɛfiri saa bere no nso, aboa nnipa mpempem pii. Yesu nsɛm no mu dɔ, nanso na emu da hɔ, enti yɛn nso yɛbɛtumi anya mfaso afiri so. Nsɛm a ɛtaa sisi ne nneɛma a obiara ani tua na Yesu de kyerɛkyerɛɛ ne nsɛm mu. Wei maa wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn kyerɛ wɔn kwan no nyinaa tee ne nkyerɛkyerɛ no ase. Dɛn na na ɛwɔ Yesu asɛm no mu a ɛmaa nkurɔfo nyaa so mfaso saa?

HWANNOM PAA NA WƆWƆ ANIGYE?

Obiara pɛ anigye. Ná Yesu nso nim saa, enti ɔrefiri n’asɛm no ase no, ɔkyerɛɛ n’atiefo nea ɛma obi ani gye. Wo deɛ hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ atiefo no ani gyee saa asɛm no ho. Nanso nsɛm bi wɔ hɔ a, ebia wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn naa kakra.

Ɔkaa sɛ: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔnim wɔn honhom mu ahiadeɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. Anigyeɛ ne wɔn a wɔdi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛkyekyere wɔn werɛ. . . . Anigyeɛ ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, ɛfiri sɛ wɔbɛmee. . . . Anigyeɛ ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, ɛfiri sɛ ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. Anigyeɛ ne mo sɛ me nti nkurɔfoɔ bɔ mo ahohora na wɔtaa mo . . . Momma mo ani nnye na monni ahurisie.”—Mateo 5:3-12.

“Anigyeɛ” a Yesu kae no kyerɛ sɛn? Ɛnkyerɛ obi a n’ani gye ne ho anaa obi a daa na ne sẽ gu so. Yɛwɔ anigye na yɛwɔ anigye. Yɛka sɛ obi wɔ anigye a, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ saa nipa no wɔ akomatɔyam.

Yesu asɛm no kyerɛ sɛ nnipa a wɔhu wɔn honhom mu ahiade, na wɔdi wɔn bɔne ho awerɛhoɔ no, wɔn na sɛ wɔhu Onyankopɔn na wɔsom no a, wɔnya anigye a ɛdi mu. Sɛ mpo Onyankopɔn apɛde a wɔyɛ nti nkurɔfo tan wɔn ani a, wɔn ani gye efisɛ wɔnim sɛ nea wɔreyɛ no sɔ Onyankopɔn ani, enti ɔbɛma wɔn daa nkwa.

Nanso nnipa bebree te nka sɛ, sɛ obi wɔ sika pii na ɔtumi gye n’ani sɛnea ɔpɛ biara a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ anigye. Yesu anka saa. Nea ɔka toaa so no, gye sɛ obi dwene ho kakra ansa na wahu nea ɛkyerɛ. Ɔkaa sɛ: “Mo adefoɔ monnue, ɛfiri sɛ morenya mo awerɛkyekyerɛ nyinaa dada. Monnue, mo a seesei wɔama moamee, ɛfiri sɛ ɛkɔm bɛde mo. Monnue, mo a seesei moresereɛ, ɛfiri sɛ mo werɛ bɛho na moasu. Sɛ nnipa nyinaa ka mo ho asɛmpa a, monnue, ɛfiri sɛ saa ara na wɔn agyanom yɛɛ atorɔ adiyifoɔ no.”—Luka 6:24-26.

Adɛn nti na ɔkaa sɛ adefo ne wɔn a wɔresere ne nnipa a nkurɔfo ka wɔn ho asɛmpa nnue? Efisɛ obi nya saa nneɛma no, na ɛdi ne ti a, ɛma ɔbu n’ani gu Onyankopɔn som so ma anigye a ɛdi mu bɔ no. Yesu asɛm no nkyerɛ sɛ obi yɛ ohiani anaa ɔdi kɔm a, ɛno bɛma n’ani agye. Nanso, wɔn a wɔnni bi no, wɔn paa na na wɔtie Yesu nkyerɛkyerɛ no, enti wɔn na wɔnyaa anigye a ɛdi mu.

Yesu kaa asɛm bi a na ɛkɔ ma n’asuafo no sɛ: “Mone asase so nkyene.” (Mateo 5:13) Ɛnyɛ nkyene a yɛde to aduane mu na na ɔreka ho asɛm. Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, wohyɛ biribi nkyene a, ɛma dekode no kyɛ. Saa bere no, sɛ wokɔ Onyankopɔn asɔrefie hɔ a, na wɔwɔ nkyene bebree wɔ afɔremuka no nkyɛn a wɔde hyɛ afɔrebɔde. Afei nso, na nkyene gyina hɔ ma biribi a ɛnsɛe anaa ɛmporɔ. (Leviticus 2:13; Hesekiel 43:23, 24) Sɛ Yesu ka sɛ n’asuafo no yɛ “asase so nkyene” a, ɛkyerɛ sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ bɛtumi aboa nkurɔfo ama wɔn abrabɔ ne wɔn som ho atew. Enti obiara a ɔbɛtie wɔn asɛm no agu aso pa mu no bɛnya nkwa.

Yesu san ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mone wiase hann.” Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kɛntɛn ase, na mmom ɔde si kaneadua so na ahyerɛn baabiara. Ɛno nti Yesu kaa sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nnwuma pa na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.”—Mateo 5:14-16.

ƆKYERƐƐ N’ASUAFO NO ABRABƆ PA

Bere bi Yudafo nyamesom mpanimfoɔ no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛku Yesu efisɛ na wɔte nka sɛ wabu Onyankopɔn Mmara so. Enti Yesu kaa no pen sɛ: “Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe Mmara anaa Adiyifo no. Mamma sɛ merebɛsɛe no, na mmom sɛ merebɛma no aba mu.”—Mateo 5:17.

Enti yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopɔn Mmara no, Yesu antoto no ase koraa, na ɔtuu nkurɔfo fo sɛ wɔn nso nnya obuo mma Mmara no. Ɔkaa mpo sɛ: “Obiara a ɔbu mmara nketewa yi mu baako so na ɔkyerɛkyerɛ nnipa sɛ wɔnyɛ saa no, wɔbɛfrɛ no ‘ketewa’ ɔsoro ahennie no mu.” Ná ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ obi yɛ saa a, ɔrennya Ahenni no mu nkɔ. Ɔde toaa so sɛ: “Obiara a ɔdi [Mmara no] soɔ na ɔkyerɛkyerɛ no, wɔbɛfrɛ onii no ‘ɔkɛseɛ’ ɔsoro ahennie no mu.”—Mateo 5:19.

Nneɛma bi a ɛbɛtumi ama obi abu Onyankopɔn Mmara so mpo, Yesu kasa tiae. Yesu twee adwene sii Mmara no baako a ɛka sɛ “nni awu” no so, na afei ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔkɔ so ma ne bo fu ne nua no bɛdi fɔ wɔ asɛnniiɛ.” (Mateo 5:21, 22) Sɛ obi kɔ so ma ne bo fu ne yɔnko a, ɛyɛ hu, na ɛbɛtumi mpo ama wadi awu. Enti Yesu kaa biribi de kyerɛɛ sɛ, obi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho paa siesie wɔn ntam. Ɔkaa sɛ: “Afei sɛ wode w’akyɛdeɛ reba afɔrebukyia ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gya w’akyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkɔsiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔdeɛ.”—Mateo 5:23, 24.

Ade foforo a ɛtia Mmara no ne awaresɛe. Yesu kaa ho asɛm sɛ: “Motee sɛ wɔkaa sɛ, ‘Nsɛe awareɛ.’ Nanso mese mo sɛ obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbaa anya akɔnnɔ ama no no asɛe awareɛ dada n’akoma mu.” (Mateo 5:27, 28) Yesu asɛm no nkyerɛ adwemmɔne a ɛba obi tirim na ɛtwam kɔ, na mmom na ɔreka biribi a obi ‘bɛkɔ so ahwɛ’; ɔsii so dua sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Sɛ onii no kɔ so hwɛ a, ɛbɛtumi atwetwe akɔnnɔ bɔne, na sɛ hokwan no bue a, ɛbɛtumi ama wasɛe aware. Dɛn na obi bɛtumi ayɛ de asi ano? Dua a ɛnya wo a ɛbɛwɔ wo no, yɛtu ase. Enti, Yesu kaa sɛ: “Sɛ w’ani nifa reto wo suntidua a, tu na to twene. . . . Sɛ wo nsa nifa reto wo suntidua a, twa na to twene.”—Mateo 5:29, 30.

Yareɛ nti ebinom apene so ma wɔatwa wɔn nan anaa wɔn nsa na ama wɔatumi atena nkwa mu. Enti asɛm a Yesu kae no, ntease wom paa; biribi a ɛhia yɛn paa te sɛ yɛn ani anaa yɛn nsa mpo, ɛbɛyɛ papa sɛ ‘yɛto twene’ na akɔnnɔ bɔne amma yɛn tirim amma yɛankɔdi bɔne. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sene sɛ wɔbɛto wo nipadua mũ no nyinaa ato Gehenna.” Gehenna yɛ baabi a na wɔhyew wura wɔ Yerusalem afasu no akyi, na wɔde gyinaa hɔ maa ɔsɛe a anidaso biara nnim.

Sɛ obi de ntɔkwa bɛforo yɛn a, Yesu kyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɔkaa sɛ: “Mo ne ɔbɔnefoɔ nnni asie; mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no.” (Mateo 5:39) Saa asɛm no nkyerɛ sɛ obi bɛtow hyɛ wo ne w’abusua so a, montumi ntete mo ho. Asombɔ na Yesu kaa ho asɛm, na asombɔ nso deɛ ɛnkum, na ɛrentumi nni obi nso dɛm. Mmom wɔde gu nnipa anim ase. Yesu asɛm no kyerɛ sɛ, sɛ obi bɛka wo ntɔkwa a, sɛ w’asom na ɔbɛbɔ oo, sɛ didi na ɔbɛdidi watɛm oo, nyɛ bi ntua ka.

Saa afotuo no, na ɛne Onyankopɔn mmara a ɛse dɔ wo yɔnko sɛ wo ho no hyia. Enti Yesu tuu atiefo no fo sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo.” Ɔkaa nea enti a saa asɛm no ho hia. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma, ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.”—Mateo 5:44, 45.

Yesu bɔɔ saa asɛm no mua sɛ: “Sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no, mo nso monyɛ pɛ saa ara.” (Mateo 5:48) Ɛno nkyerɛ sɛ nnipa bɛtumi ayɛ sɛ Onyankopɔn a bɔne biara nni ne ho no. Nanso sɛ yɛsuasua Onyankopɔn a, yɛbɛtumi adɔ yɛn atamfo mpo. Yesu asɛm yi pue baabi foforo wɔ Bible mu sɛ: “Monkɔ so nhu mmɔbɔ sɛdeɛ mo Agya hunu mmɔbɔ no.”—Luka 6:36.

MPAEBƆ NE ONYANKOPƆN MU AHOTOSO HO HIA

Yesu toaa asɛm no so sɛ: “Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee wɔ nnipa anim sɛdeɛ wɔbɛhu mo.” Yesu kasa tiaa nyaatwomyɛ, na ɔka too so sɛ: “Sɛ worekɔyɛ adɔeɛ a, nhyɛne totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ.” (Mateo 6:1, 2) Sɛ obi rekyɛ ade a, ne papa mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no kokoam.

Afei Yesu kaa sɛ: “Sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; ɛfiri sɛ wɔpɛ sɛ wɔgyina hyiadan mu ne mmɔnten ntwea so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn.” Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ worebɔ mpaeɛ a, kɔ wo pia mu na to wo pono mu bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ; ɛno na w’Agya a ɔhwɛ kokoam no bɛtua wo ka.” (Mateo 6:5, 6) Yesu asɛm no nkyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛbɔ mpae wɔ nnipa mu, efisɛ ɔno mpo, ɛtɔ da a na ɔbɔ mpae wɔ nnipa mu. Mmom nea na ɔrekasa tia ne nhwehwɛanimu mpae a nkurɔfo bɔ de hwehwɛ nkamfo.

Ɔka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Ntĩ nsɛm korɔ no ara mu nka no mprɛ pii sɛdeɛ amanaman mufoɔ yɛ no; wɔsusu sɛ wɔn nsɛm dodoɔ nti wɔbɛtie wɔn.” (Mateo 6:7) Yesu anka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛbɔ asɛm bi ho mpae mpɛn pii. Mmom ɔmpɛ sɛ yɛbɛkyere nsɛm agu yɛn tirim na sɛ yɛrebɔ mpae a yɛaka nsɛm koro no ara “mprɛ pii.” Afei ɔde nhwɛso bi kyerɛɛ kwan a yɛbɛfa so abɔ mpae; ɔkyerɛɛ nneɛma nson a yɛbɛtumi asrɛ wɔ mpaebɔ mu. Ɔkaa sɛ yɛnsrɛ sɛ Onyankopɔn din ho nte, n’Ahenni mmra, na nea ɔpɛ nyɛ hɔ. Enti mmiɛnsa a ɛdi kan no ma yɛhu sɛ Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ ɔdi yɛn so, na ɛma yɛhu nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛka saa nneɛma mmiɛnsa no ho asɛm wie ansa na yɛabisa nea ɛhia yɛn. Nneɛma a ɛhia yɛn a yɛbɛtumi asrɛ no bi ne nea yɛbɛdi ne bɔne fafiri; yɛbɛtumi nso asrɛ sɛ ɔmmma wɔnnsɔ yɛn nnhwɛ mmmoro yɛn ahoɔden so, na mmom ɔnnye yɛn mfiri ɔbɔnefo no nsam.

Ahonyade nso, ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn sɛn? Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Monnyae ademudeɛ a mohyehyɛ no asase soɔ no, baabi a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na akorɔmfoɔ bubu kɔwia.” Yesu ka saa a, ɔdi ka! Efisɛ ademudeɛ anaa ahonyade tumi sɛe. Afei sɛ yɛwɔ bi oo, yɛnni bio oo, ɛnyɛ ɛno na Onyankopɔn hwɛ. Enti Yesu toaa so sɛ: “Monhyehyɛ mo ademudeɛ ɔsoro.” Yɛbɛtumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛma Onyankopɔn som hia yɛn sen biribiara. Gyinabea pa a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne daa nkwa a yɛbɛnya daakye no deɛ, onipa biara ntumi nnye mfiri yɛn nsam. Wei ma yɛhu sɛ Yesu asɛm a ɛdi so yi yɛ nokware: “Baabi a w’ademudeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ.”—Mateo 6:19-21.

Yesu maa nhwɛso bi de sii asɛm no so dua. Ɔkaa sɛ: “Nipadua kanea ne ani. Enti sɛ w’ani hwɛ tẽẽ a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn; nanso sɛ w’ani di bɔne akyi a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ sum.” (Mateo 6:22, 23) Sɛ obi ani yɛ paa a, ɛbɛtumi ayɛ kanea ama nipadua no, nanso gye sɛ ɔhwɛ tee. Anyɛ saa na ɔde n’ani mmienu hwɛ toa mu a, ɛbɛyɛ asɛm; ɔrenhu sɛnea ɔbɛbɔ ne bra yie. Enti sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi Onyankopɔn som so, na yɛde si ahonyade so a, yɛn “nipadua nyinaa bɛyɛ sum,” kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ sum ase nnwuma.

Afei Yesu maa nhwɛso bi a ɛka koma paa sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom mmienu; ɛfiri sɛ sɛ wantan baako na wannɔ ɔfoforɔ no a, ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyadeɛ.”—Mateo 6:24.

Wɔn a na wɔretie Yesu asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu binom adwenem yɛ wɔn naa wɔ ahonyade ho. Enti ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ, sɛ wɔdi kan yɛ Onyankopɔn apɛde a, nea wɔhia remmɔ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ ewiem nnomaa; wɔngu aba na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduane.”—Mateo 6:26.

Wuram sukooko a na ebi wɔ bepɔ no so no, dɛn na Yesu kaa wɔ ho? Ɔkaa sɛ: “Solomon animuonyam nyinaa akyi mpo no, wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako.” Asɛm yi kyerɛ sɛn? “Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifideɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu egya mu no atadeɛ a, ɔrenhyɛ mo atadeɛ mmoro so anaa?” (Mateo 6:29, 30) Afei Yesu de afotuo maa sɛ: “Enti monnnwennwene nnka sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛdie?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛhyɛ?’ . . . Mo soro Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi nyinaa. Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahennie no ne Onyankopɔn tenenee kane, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—Mateo 6:31-33.

NEA ƐBƐMA NNIPA ANYA NKWA

Asomafo no ne nnipa a wɔwɔ koma pa no, na wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ, nanso na ɛnna fam. Ade baako a ɛmaa ɛyɛɛ den maa wɔn ne nnipa a na wɔte wɔn mu no. Yɛfa Farisifo no sei a, na wɔtaa kasa tia nkurɔfo, na biribiara a obi bɛyɛ no, wɔnya ho asɛm ka. Enti Yesu tuu n’atiefo no fo sɛ: “Monnyae atɛn a mobu nkurɔfoɔ no na wɔammu mo atɛn; atɛn a mobuo no, ɛno ara na wɔbɛbu mo; susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, wɔde bɛsusu ama mo.”—Mateo 7:1, 2.

Yesu maa mfatoho bi a ɛma yɛhu sɛ, sɛ obi di Farisifo no akyi a, ɛyɛ hu paa. Ɔkaa sɛ: “Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani kwan anaa? Anka wɔn mmienu nyinaa nkɔtɔ amena mu?” Ɛnde sɛn na na ɛsɛ sɛ Yesu atiefo no nso bu nkurɔfo? Ɛnsɛ sɛ wɔbu wɔn yɔnko nnipa atɛn, efisɛ wɔyɛ saa a, ɛyɛ bɔne kɛse. Ɔbisaa wɔn sɛ: “Wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ: ‘Me nua, ma menyi ntɛtɛ a ɛda w’ani soɔ yi mma wo,’ berɛ a wonhunu mpuna a ɛda wo ara w’ani soɔ? Nyaatwomni! Di kan yi wo ara w’ani so mpuna no, na wobɛhunu sɛdeɛ wobɛyi ntɛtɛ a ɛda wo nua ani soɔ no.”—Luka 6:39-42.

Wei nso nkyerɛ sɛ, sɛ asuafo no reka asɛmpa no na sɛ wɔde wɔn ani to fam hwehwɛ nnipa a wɔwɔ asɛm no ho komapa a, wɔabu atɛn. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfa akronkronneɛ mmma nkraman, na monnto mo nhwenneɛ nngu mprako anim.” (Mateo 7:6) Nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu som bo te sɛ nhwenneɛ. Enti sɛ ebinom yɛ wɔn ade te sɛ mmoa na wɔkyerɛ sɛ wɔmpɛ nokware no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ asuafo no gya wɔn hɔ na wɔkɔhwehwɛ wɔn a wɔbɛtie.

Yesu san baa mpaebɔ so kaa sɛ ɛnsɛ sɛ obiara toto no ase koraa. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo.” Yesu sii so dua sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ; ɔbisaa sɛ: “Mo mu hwan koraa na ne ba bisa no paanoo a ɔde boɔ bɛma no? . . . Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mo Agya a ɔwɔ soro no de nnepa bɛma wɔn a wɔbisa no no!”—Mateo 7:7-11.

Afei Yesu hyɛɛ mmara bi a ɛsɛ sɛ obiara de yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” Yɛn nso, sɛ yɛne afoforo redi a, yɛbɛtumi de Yesu afotuo yi ayɛ adwuma. Nanso ne yɛ nna fam; Yesu asɛm a ɛdi so no ma yɛhu saa. Ɛka sɛ: “Momfa ɛpono teateaa no mu; ɛfiri sɛ ɛkwan a ɛsõ na ɛtrɛ no kɔ ɔsɛeɛ mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; nanso ɛpono teateaa ne ɛkwan hihiaa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wɔhunu.”—Mateo 7:12-14.

Ná ebinom adwene nyinaa ne sɛ wɔbɛtwe asuafo no afiri nkwa kwan no so, enti Yesu bɔɔ asuafo no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho, na wɔhyehyɛ nnwan nwoma ba mo nkyɛn, nanso wɔn mu deɛ wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.” (Mateo 7:15) Yesu kyerɛɛ mu sɛ, yɛde dua aba na ɛhu sɛ ɛyɛ dua pa anaa dua bɔne. Saa na nnipa nso te; sɛ obi yɛ atoro diyifo a, yɛde ne nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe na ɛhu. Yesu toaa so kyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ ano kɛkɛ na yɛde yɛ ne suani, na mmom ɛsɛ sɛ yɛtu ho anammɔn nso. Wɔn a wɔka sɛ Yesu ne wɔn Wura nanso wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde no nso ɛ? Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Mɛpae mu aka akyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da! Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratodeɛ.”—Mateo 7:23.

Asɛm a Yesu de wiee ne Bepɔ so Asɛnka no ne sɛ: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, wɔde no bɛtoto ɔbadwemma bi a ɔsii ne fie sii ɔbotan soɔ ho. Na nsuo tɔeɛ na ɛyiriiɛ, na mframa bɔ bɛbɔɔ fie no, nanso ammu, ɛfiri sɛ na wato asi ɔbotan so.” (Mateo 7:24, 25) Ɛyɛɛ dɛn na dan no ammu? Nea enti a ammu ne sɛ, “ɔtutuu fam kɔɔ akyiri na ɔtoo fapem wɔ botan” so. (Luka 6:48) Enti sɛ yɛtie Yesu nkyerɛkyerɛ a, na ɛnsae. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho de ‘yɛ adwuma.’

Nea ɔtie Yesu “nsɛm” na “ɔnyɛ no” nso ɛ? Ɔno deɛ, “wɔde no bɛtoto ɔkwasea bi a ɔsii ne fie sii anwea soɔ ho.” (Mateo 7:26) Sɛ nsuo tɔ na ɛyiri, na mframa bɔ a, ɛdan no bɛbubu pasaa.

Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔ bepɔ no so no maa nnipakuw no ho dwirii wɔn paa. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ nyamesom mpanimfoɔ no. Wɔn a wɔtiee Yesu no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu pii bɛyɛɛ n’asuafo.