Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 81

Ɔne Agya No Yɛ Baako Nso Ɔnyɛ Onyankopɔn

Ɔne Agya No Yɛ Baako Nso Ɔnyɛ Onyankopɔn

YOHANE 10:22-42

  • “ME NE AGYA NO YƐ BAAKO”

  • WƆKAA SƐ YESU YƐ NE HO SƐ NYAME, NANSO ƆBƆƆ WƆN GUI

Yesu baa Yerusalem bɛdii Ahodwira (anaa Hanukkah) Afahyɛ. Ná wɔdi saa afahyɛ no de kae bere a wɔsan hyiraa asɔrefie no so. Nea ɛwom ne sɛ, bɛyɛ mfe ɔha ansa na Yesu reba no, Siria Hene Antiochus IV Epiphanes sii afɔremuka bi wɔ Onyankopɔn asɔrefie hɔ. Wannya baabiara ansi n’afɔremuka no sɛ afɔremuka kɛse no so. Akyiri yi, Yudafo sɔfo bi mma ko gyee Yerusalem, na wɔsiesiee asɔrefie no san hyiraa so maa Yehowa. Ɛfiri saa bere no, afe biara na wɔdi afahyɛ no de kae saa da no. Bosome Kislew da a ɛtɔ so 25 na na wɔdi afahyɛ no; ɛyɛ nnɛ a, anka ɛbɛsi November awiei ne December mfiase hɔ baabi.

Saa bere no yɛ awɔ bere. Yesu kɔɔ Yerusalem no, ɔnenam Solomon abrannaa no so wɔ asɔrefie hɔ ara na Yudafo no baa ne so sɛ: “Ɛnkɔsi da bɛn na wobɛma yɛn kra atwɛn? Sɛ wone Kristo no a, ka no pen kyerɛ yɛn.” (Yohane 10:22-24) Dɛn na Yesu yɛe? Ɔkaa sɛ: “Maka akyerɛ mo, nanso monnye nni.” Ɛwom, na Yesu nka nkyerɛɛ wɔn sɛ ɔne Kristo anaa Mesia no sɛnea ɔka kyerɛɛ Samariani baa a ɔhyiaa no wɔ abura ho no. (Yohane 4:25, 26) Nanso na waka biribi a anka ɛsɛ sɛ ɛma wɔhu saa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ansa na Abraham reba no, na mewɔ hɔ.”—Yohane 8:58.

Ná Yesu pɛ sɛ nkurɔfo de nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo ho no toto nnwuma a ɔreyɛ no ho, na wɔn ankasa hu sɛ ɔno ne Kristo no. Ɛno nti na mpɛn pii no na ɔka kyerɛ n’asuafo no sɛ mma wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔne Mesia no. Nanso saa bere yi deɛ ɔka kyerɛɛ Yudafo a wɔayɛ wɔn asɛm denneennen no pen sɛ: “Nnwuma a meyɛ no Agya no din mu no, ɛno ara na ɛdi me ho adanseɛ. Nanso monnye nni.”—Yohane 10:25, 26.

Adɛn nti na nkurɔfo no annye anni sɛ Yesu ne Kristo no? Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Monnye nni, ɛfiri sɛ monyɛ me nnwan no mu biara. Me nnwan tie me nne na menim wɔn, na wɔdi m’akyi. Na mɛma wɔn daa nkwa, na wɔrensɛe da, na obiara renhwim wɔn mfiri me nsam. Deɛ m’Agya de ama me no sõ sene ade foforɔ biara.” Afei Yesu maa wɔhuu sɛnea ɔne n’Agya ntam yɛ papa fa. Ɔkaa sɛ: “Me ne Agya no yɛ baako.” (Yohane 10:26-30) Saa bere no, na Yesu wɔ asase so ha na n’Agya nso wɔ soro, enti n’asɛm no nkyerɛ sɛ ɔne Agya no bom baako. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔn adwene hyia na koroyɛ wɔ wɔn ntam.

Yesu asɛm no hyɛɛ Yudafo no abufuo paa, enti wɔsan yɛɛ sɛ wɔresi no aboɔ akum no. Yesu ammɔ hu, na mmom ɔkaa sɛ: “Mada nnwuma pa pii adi akyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn. Nnwuma yi mu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?” Wɔn nso kaa sɛ: “Ɛnyɛ adwuma pa bi nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na mmom abususɛm ntira, ɛfiri sɛ . . . woyɛ wo ho nyame.” (Yohane 10:31-33) Yesu anka da sɛ ɔyɛ nyame. Enti saa asɛm no, ɛhe na wɔkɔfa fii?

Nea ɛwom ne sɛ, na Yudafo no se Yesu akɔka sɛ ɔbɛtumi ayɛ nneɛma bi a Onyankopɔn nko ara na ɔbetumi ayɛ. Ebi ne sɛ, Yesu kaa sɛ ɔbɛma ne “nnwan” “daa nkwa,” nanso na wɔte nka sɛ ɛboro nnipa ahoɔden so. (Yohane 10:28) Ná Yudafo no werɛ reyɛ afiri sɛ Yesu aka pɛn sɛ ne tumi no fi n’Agya hɔ.

Bere a Yesu rebɔ Yudafo no asɛm no agu no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Wɔntwerɛɛ no mo Mmara mu [wɔ Dwom 82:6] sɛ, ‘Mekaa sɛ: “Moyɛ anyame”’? Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm bɛkasa tiaa wɔn no ‘anyame,’ . . . a, adɛn nti na moka kyerɛ me a Agya no ate me ho asoma me aba wiase no sɛ, ‘Woka abususɛm’ ɛsiane sɛ meka sɛ meyɛ Onyankopɔn Ba nti.”—Yohane 10:34-36.

Ampa, nnipa atemmufo abɔnefo mpo, Kyerɛwnsɛm no frɛ wɔn “anyame.” Sɛ saa a, adɛn nti na Yesu kaa sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn Ba” no, Yudafo no se waka nea yɛnka? Ɔkaa asɛm foforo a anka ɛsɛ sɛ ɛma wɔsesa wɔn adwene. Ɔkaa sɛ: “Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, monnnye me nnni. Na sɛ nso meyɛ a, ɛnneɛ sɛ me na monnye me nni a, monnye nnwuma no nni na moahunu na moakɔ so ahunu sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ Agya no mu.”—Yohane 10:37, 38.

Yesu asɛm no tuu Yudafo no, enti anka wɔrekyere no, nanso ɔdwanee. Ɔfirii Yerusalem twaa Yordan Asubɔnten no; baabi a ɔkɔe no, ɛhɔ na bɛboro mfe mmiɛnsa a atwam no, Yohane bɔɔ nkurɔfo asu no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛfiri hɔ rekɔ Galilea Po no anafo fam nware.

Nnipa pii baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ: “Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne baako mpo, nanso deɛ Yohane ka faa onipa yi ho no nyinaa yɛ nokorɛ.” (Yohane 10:41) Enti Yudafo bebree gyee Yesu dii.