Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 75

Yesu Kyerɛɛ Nea Ɛde Anigye Ba

Yesu Kyerɛɛ Nea Ɛde Anigye Ba

LUKA 11:14-36

  • ƆDE “ONYANKOPƆN NSATEAA” TUU AHONHOMMƆNE

  • NEA ƐMA YƐN ANI GYE ANKASA

Ná Yesu san kaa mpaebɔ ho asɛm nkyɛe. Nanso ɔreyɛ asɛnka adwuma no, ɛnyɛ mpaebɔ nko araa ne biribi a ɛho asɛm san sɔree. Bere a Yesu wɔ Galilea no, wɔkasa tiaa no sɛ anwonwade a ɔyɛe nyinaa, ɔde ahonhommɔne tumi na ɛyɛe. Ɔbaa Yudea nso, wɔsan de saa sobo no bɔɔ no.

Ná honhommɔne wɔ ɔbarima bi so a ɛmma ɔntumi nkasa. Enti bere a Yesu tuu honhommɔne no, nnipakuw no ho dwirii wɔn. Nanso n’atamfo deɛ, ɛyɛɛ wɔn ahi. Enti wɔde sobo bɔɔ Yesu sɛ: “Ɔnam adaemone panin Beelsebub so na ɛtu adaemone.” (Luka 11:15) Ebinom nso deɛ, na wɔpɛ sɛ wɔhu onipa ko a Yesu yɛ, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma wɔn sɛnkyerɛnne bi mfiri soro.

Yesu huu sɛ na nkurɔfo no pɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ, enti ɔkaa asɛm a ɔkaa wɔ Galilea no bi kyerɛɛ wɔn. Ɔmaa wɔhuu sɛ, sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ɛbɛhwe ase. Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ Satan nso ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina?” Afei ɔde sii wɔn anim sɛ: “Sɛ menam Onyankopɔn nsateaa so na ɛtu adaemone a, ɛnneɛ Onyankopɔn ahennie anya ato mo.”—Luka 11:18-20.

Yesu kaa “Onyankopɔn nsateaa” ho asɛm. Ná saa asɛm no bɛma wɔn a wɔretie Yesu no akae asɛm bi a ɛsii bere a Israelfo wɔ Egypt no. Saa bere no, Mose yɛɛ anwonwade wɔ Farao ahemfie, na wɔn a wɔhui no kaa sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn nsateaa.” Mmara Nsɛm Du no nso, “Onyankopɔn nsateaa” na ɔde kyerɛw guu abopon so. (Exodus 8:19; 31:18) Enti “Onyankopɔn nsateaa,” kyerɛ sɛ, ne honhom kronkron, anaa tumi a ɔde yɛ ade no na ɛboaa Yesu maa ɔsaa nkurɔfo yareɛ na ɔtuu ahonhommɔne. Sɛ saa na ɛte de a, ɛnde na Onyankopɔn Ahenni anya ato wɔn a wɔkasa tiaa Yesu no, efisɛ Yesu a ɔbɛyɛ ɔhene wɔ Ahenni no so no, na ɔgyina wɔn anim reyɛ anwonwade.

Ahonhommɔne a Yesu tui no kyerɛ sɛ ɔwɔ Satan so tumi. Akɔyɛ sɛ ɔwɛmfo bi a ɔkura n’akode rewɛn ahemfie. Sɛ obi a ne ho yɛ den sen no tow hyɛ ne so a, ɔbɛtumi adi ne so nkonim. Afei Yesu san kɔfaa mfatoho bi a ɛfa ahonhommɔne ho bae. Ɔkaa sɛ wɔtu honhommɔne fi obi mu na sɛ wamfa nneɛma pa anhyɛ anan a, honhommɔne no san kɔfa ahonhom nson foforo ba, na tebea a na onipa no wom no sɛe koraa sen kan de no. (Mateo 12:22, 25-29, 43-45) Yɛhwɛ Israel man a, yɛbɛtumi aka sɛ saa ara na na wɔn tebea reyɛ akɔyɛ.

Ɔbaa bi a na ɔretie Yesu teaam sɛ: “Anigyeɛ ne yafunu a ɛnyinsɛnee woɔ ne nufoɔ a wonomeeɛ!” Saa bere no, na Yudani baa biara yam a, anka ne ba yɛ odiyifo, na ɔkɔyɛ Mesia no de a, na wawie. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɔbaa no nyaa adwene sɛ, Maria deɛ wanya paa sɛ wawo ɔkyerɛkyerɛfo a ɔte saa. Nanso Yesu tenee ɔbaa no adwene maa ɔhuu nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛn ani agye ankasa. Ɔkaa sɛ: “Dabi, mmom, anigyeɛ ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!” (Luka 11:27, 28) Yesu anka da sɛ yɛmfa nidi soronko mma Maria. Ɔkaa sɛ obi bɛnya anigye paa a, ɛnnyina n’abusuafo anaa nea watumi ayɛ wɔ abrabɔ mu so, na mmom gye sɛ ɔyi ne yam som Onyankopɔn kɔsi awiei.

Bere a nkurɔfo no kaa sɛ Yesu mma wɔn sɛnkyerɛnne a ɛfiri soro no, ɔkaa wɔn anim sɛnea bere bi nso ɔkaa Galileafo anim no. Ɔkaa sɛ ɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara sɛ “Yona sɛnkyerɛnne” no. Nea enti a na Yona yɛ sɛnkyerɛnne ma wɔn ne sɛ, ɔkɔdii nnansa wɔ apataa yam, na ɔde akokoduru kasa kyerɛɛ Niniwefo maa wɔsakrae. Yesu kaa sɛ: “Nanso, hwɛ! deɛ ɛsene Yona wɔ ha.” (Luka 11:29-32) Afei nso, na Yesu nyansa mu dɔ sen Solomon mpo a Saba hemmaa bɛtiee ne nyansa no.

Yesu kaa bio sɛ: “Sɛ obi sɔ kanea a, ɔmfa nsi akoraeɛ anaa ɔmfa nhyɛ kɛntɛn ase, na mmom ɔde si kaneadua so.” (Luka 11:33) Gyama na ɔrepɛ akyerɛ sɛ, sɛ ɔkyerɛkyerɛ na ɔyɛ anwonwade wɔ saa nkurɔfo no anim a, ɛbɛyɛ sɛ nea wasɔ kanea de asie. Ná wɔn ani nhwɛ tee. Enti wɔante adwuma a Yesu bɛyɛe no ase.

Yɛrekasa yi na Yesu atu honhommɔne afiri ɔbarima bi mu ma afei watumi akasa. Ɛsɛ sɛ anka ɛma obiara hyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam na ɔka nea ɔreyɛ no ho asɛm kyerɛ afoforo. Nanso n’atamfo no anyɛ saa. Ɛmaa Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Momma mo ani nna hɔ. Ebia hann a ɛwɔ mo mu no yɛ sum. Enti, sɛ wo nipadua nyinaa hyerɛn na baabiara nyɛ sum a, ne nyinaa bɛhyerɛn sɛ deɛ kanea hyerɛn ma wonya hann no.”—Luka 11:35, 36.