Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 38

Yohane Pɛe Sɛ Ɔte Yesu Anom Asɛm

Yohane Pɛe Sɛ Ɔte Yesu Anom Asɛm

MATEO 11:2-15 LUKA 7:18-30

  • YOHANE SUBONI SOMA KƆBISAA YESU ONIPA KO A ƆYƐ

  • YESU KAMFOO YOHANE

Bere a Yohane Suboni daa afiase bɛyɛ afe baako no, na ɔda so ara te sɛ Yesu reyɛ nnwuma akɛse. Enti sɛ Yohane asuafo no bɛka kyerɛ no sɛ Yesu anyane Nain okunafo no ba a, hwɛ sɛnea Yohane ho bɛdwiri no. Ne nyinaa akyi no, na Yohane pɛ sɛ ɔte Yesu ankasa anom asɛm. Enti Yohane somaa n’asuafo mmienu. Ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ dɛn? Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔbisa Yesu sɛ: “Wone Deɛ Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?”—Luka 7:19.

Wohwɛ saa asɛmmisa no a, wobɛka sɛ ntease nnim. Nanso na Yohane yɛ ɔbarima a ɔmfa ne som nni agorɔ. Yɛbɛkae a, ɔno na ɔbɔɔ Yesu asu, na ɔhuu sɛ Onyankopɔn honhom aba Yesu so. Afei nso ɔtee Onyankopɔn nne sɛ ɛredi Yesu ho adanse. Enti biribiara nkyerɛ sɛ afei deɛ na Yohane gyidi ayɛ mmerɛw. Ɛnte saa a, anka Yesu renka ne ho asɛmpa sɛnea ɔyɛɛ saa bere no. Sɛ ɛnyɛ Yohane adwenem na na ɛyɛ no naa deɛ a, adɛn na ɔkɔbisaa Yesu saa asɛm no?

Ebia na Yohane pɛ sɛ Yesu ankasa bue n’anom ton ka sɛ ɔno ne Mesia no. Saa bere no, na Yohane da afiase. Enti sɛ ɔte saa asɛm no a, ɛbɛma ne gyidi mu ayɛ den paa. Afei nso, yɛbɛtumi aka sɛ na Yohane asɛmmisa no mu dɔ paa. Ná ɔnim Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ Nea Onyankopɔn asra no no bɛyɛ ɔhene ne ogyefo nso. Enti na Yohane nhu nea enti a Yesu abɔ asu dadaada nso ɔno Yohane da so da afiase. Ná ɔpɛ sɛ ɔhu sɛ obi bɛba wɔ Yesu akyi a ɔbɛma Mesia ho nkɔmhyɛ a aka no aba mu anaa.

Yesu anka ankyerɛ Yohane asuafo no sɛ, ‘Me ne Nea wɔkaa ne ho asɛm sɛ ɔbɛba no,’ na mmom ɔyɛɛ biribi a ɛbɛma wɔahu sɛ Onyankopɔn taa n’akyi; ɔsaa nnipa a wɔyare nyinaa yareɛ. Afei ɔka kyerɛɛ Yohane asuafo no sɛ: “Monkɔ nkɔka deɛ moteɛ na mohunu no nkyerɛ Yohane sɛ: Anifirafoɔ hunu adeɛ bio, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi na asotifoɔ te asɛm, wɔnyane awufoɔ na wɔka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ.”—Mateo 11:4, 5.

Ebia asɛm a Yohane bisae no kyerɛ sɛ na ɔrehwɛ kwan sɛ Yesu bɛdi dwuma foforo na wayi no mpo afiri afiase. Nanso asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Yohane no kyerɛ sɛ nea ɔbɛhu ara ne anwonwade a ɔreyɛ no.

Bere a Yohane asuafo no kɔe no, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ, Yohane sen odiyifo koraa. Ɔkaa sɛ Yohane ne Yehowa “bɔfoɔ” a wɔahyɛ ne ho nkɔm wɔ Malaki 3:1 no. Ɔtoaa so sɛ ɔno ne Elia a wɔaka ne ho asɛm wɔ Malaki 4:5, 6 no. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn mu no, obiara nsɔreeɛ a ɔyɛ kɛseɛ sene Yohane Suboni; nanso deɛ ɔsua wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.”—Mateo 11:11.

Yesu kaa sɛ nea ɔsua wɔ ɔsoro Ahenni no mu no yɛ kɛse sen Yohane. Saa asɛm no kyerɛ sɛ Yohane renkɔ ɔsoro Ahenni no mu bi. Yohane wui ansa na Yesu rebue ɔsorokɔ ho kwan. Ɔno deɛ adwuma a ɔbɛyɛe ne sɛ ɔbɛsiesiee kwan mu maa Kristo. (Hebrifoɔ 10:19, 20) Nanso Yohane yɛ Onyankopɔn diyifo nokwafo, na ɔbɛtena asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.