Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 79

Nea Enti a Ɔsɛe Da Hɔ Retwɛn Wɔn

Nea Enti a Ɔsɛe Da Hɔ Retwɛn Wɔn

LUKA 13:1-21

  • YESU DE ASIANE MMIENU BI YƐƐ MFATOHO

  • YESU SAA ƆBAA A NE MU AKONTONO YAREƐ HOMEDA

Yesu faa akwannuasa nyinaa so sɛ ɔbɛboa nkurɔfo no ama wɔahu nea wɔyɛ a wɔne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa. Afei bere a ɔne ebinom rekasa wɔ Farisini no fie abɔnten no, asɛm no de ne ho baa bio.

Wɔn mu bi kɔfaa asiane bi a ɛsii ho asɛm bae. Wɔkaa “sɛdeɛ [Roma Amrado Pontio] Pilato de Galileafoɔ bi mogya fraa wɔn afɔrebɔ mu no ho asɛm kyerɛɛ no.” (Luka 13:1) Dɛn nti na wɔde saa asɛm no bae?

Ɛbɛyɛ sɛ asɛm bi a asi atwam na na ɛwɔ wɔn adwenem. Bere bi, Pilato de asɔrefie ntoboa twaa nsuka maa nsuo faa mu baa Yerusalem, na ebia asɔrefie mpanimfoɔ no na wɔmaa no kwan. Anyɛ Yudafo no abodwo, enti wɔn mu bebree tee Pilato so atua, na Pilato nso maa wɔkunkum Yudafo no pii. Ɛbɛtumi aba sɛ wɔn a wɔwuwui no, na Galileafo na ɛdɔɔso. Ɛbɛyɛ sɛ nea enti a nkurɔfo no kɔfaa asɛm no bae ne sɛ, na ɛyɛ wɔn sɛ Galileafo a asɛm too wɔn no, gyama ɛyɛ wɔn bɔne so akatua. Nanso Yesu ne wɔn anyɛ adwene.

Ɔbisaa wɔn sɛ: “Mosusu sɛ na saa Galileafoɔ yi yɛ abɔnefoɔ sene Galileafoɔ a aka nyinaa ɛsiane amane a wɔhunuiɛ yi nti?” Yesu kaa sɛ ɛnte saa. Nanso ɔde asɛm no yɛɛ kɔkɔbɔ maa Yudafo no sɛ: “Sɛ moansakra a, saa ara na wɔbɛsɛe mo nyinaa.” (Luka 13:2, 3) Afei ɔtwee adwene sii asiane foforo bi a ebia na ɛsii nkyɛe so; ɛbɛtumi aba sɛ bere a wɔreyɛ nsuka no ho adwuma na saa asɛm no sii. Ɔbisaa wɔn sɛ:

“Nnipa dunwɔtwe a Siloa aban no bu guu wɔn so kunkum wɔn no, mosusu sɛ na wɔyɛ abɔnefoɔ sene nnipa a wɔtete Yerusalem nyinaa?” (Luka 13:4) Ná ɛyɛ nnipakuw no sɛ saa nkurɔfo no bɔne nti na wɔwuwui. Ɛno nso, Yesu ne wɔn anyɛ adwene. Ná ɔnim sɛ ‘asiane tumi to obiara berɛ a ɔnhwɛ kwan,’ enti nea ɛtoo nkurɔfo no nyɛ ade foforo. (Ɔsɛnkafoɔ 9:11) Nanso na ɛsɛ sɛ nkurɔfo no sua biribi fi asɛm no mu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moansakra a, wɔbɛsɛe mo nyinaa saa ara.” (Luka 13:5) Adɛn nti na saa bere no, Yesu sii asuade yi so dua?

Nea enti a ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ saa ne sɛ, na ɔreyɛ de ne som adwuma no aba awiei. Enti ɔmaa mfatoho bi sɛ: “Ná ɔbarima bi wɔ borɔdɔma si ne bobeturo mu, na ɔba bɛhwehwɛɛ aba wɔ so, nanso wannya bi. Enti ɔka kyerɛɛ bobeturo hwɛfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa nie a maba abɛhwehwɛ aba wɔ borɔdɔma yi soɔ, nanso mannya bi. Twa twene! adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ ɛgye asase no sɛe no?’ Ɔbuaa no sɛ, ‘Owura, gyaa no afe yi nso, kɔsi sɛ mɛtutu aseɛ na mede sumina agu aseɛ; na sɛ ɛso aba daakye a ɛyɛ asɛmpa, na sɛ anso a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wotwa twene.’”—Luka 13:6-9.

Ná Yesu ayɛ adwuma mfe mmiɛnsa wɔ Yudafo mu abɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛboa wɔn ama wɔanya gyidi. Nanso n’adwumaden no anso aba ahe biara; ɛbɛsi saa bere no, nnipa kakraa bi na na wɔabɛyɛ n’asuafo. Esiane sɛ na ne som adwuma no reba awiei nti, ɔmiaa asɛnka adwuma no mu. Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɔyɛɛ wɔ Yudea ne Perea no, na akɔyɛ te sɛ nea ɔretutu borɔdɔma a ɛgyina hɔ ma Yudafo no ase de sumina agu ase. Dɛn na ɛfirii mu bae? Yudafo kakraa bi na wɔyɛɛ ho biribi. Ɔman mu no deɛ, wɔansakra, enti na ɔsɛe da hɔ retwɛn wɔn.

Akyiri yi, biribi sii Homeda bi a ɛma yɛhu sɛ ampa na nkurɔfo no abu nnua agu wɔn asom. Ná Yesu wɔ hyiadan mu rekyerɛkyerɛ na ɔhuu ɔbaa bi a honhommɔne reteetee no. Ná honhommɔne no ama ɔbaa no mu akontono mfe 18. Ɔbaa no asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, wɔayi wo afiri wo mmerɛyɛ mu.” (Luka 13:12) Afei Yesu de ne nsa guu ɔbaa no so; ɛhɔ ara na ɔtenee ne mu fii ase yii Onyankopɔn ayɛ.

Asɛm no hyɛɛ hyiadan mu panin no abufuo, na ɔkaa sɛ: “Nnansia na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma, ɛno mu na mommra mma wɔnsa mo yareɛ, na ɛnyɛ homeda.” (Luka 13:14) Hyiadan mu panin no anka sɛ Yesu nni tumi a ɔde bɛsa nkurɔfo yareɛ. Mmom ɔkasa tiaa nkurɔfo sɛ wɔbaa hɔ Homeda bɛgyee ayaresa. Yesu maa mmuaeɛ a nyansa wom sɛ: “Nyaatwomfoɔ, mo mu biara nsane ne nantwie anaa afunumu mfiri buo mu homeda nkɔma no nsuo nnom? Ɛnneɛ ɛmfata sɛ ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfeɛ dunwɔtwe no, wɔsane no firi mpokyerɛ yi mu homeda?”—Luka 13:15, 16.

Yesu atamfo ani wui, nanso nnipakuw no deɛ wɔn ani gyee nea Yesu yɛe no ho. Yudea ha nso, Yesu san kaa Ahenni no ho mfatoho mmienu bi a ɔkaa ho asɛm bere a na ɔte korow mu wɔ Galilea Po so no; ná mfatoho no san yɛ nkɔmhyɛ.—Mateo 13:31-33; Luka 13:18-21.