Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 58

Ɔmaa Nnipa Pii Paanoo na Ɔbɔɔ Asuafo no Kɔkɔ

Ɔmaa Nnipa Pii Paanoo na Ɔbɔɔ Asuafo no Kɔkɔ

MATEO 15:32–16:12 MARKO 8:1-21

  • YESU MAA MMARIMA 4,000 ADUANE

  • ƆKAA SƐ N’ASUAFO NO NHWƐ YIE WƆ FARISIFO MMƆREKA HO

Bere a Yesu wɔ Dekapoli mantam mu wɔ Galilea Po no agya no, nnipadɔm bɔɔ twi kɔɔ ne nkyɛn. Ebinom kɔɔ ne nkyɛn kɔtiee no, na ebinom nso kɔhwehwɛɛ ayaresa, na wɔrekɔ nso na wɔkurakura nkɛntɛn a wɔn nneɛma gu mu.

Akyiri yi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ nnansa nie a wɔatena me nkyɛn na wɔnni hwee a wɔbɛdie; na sɛ megya wɔn kwan sɛ wɔmfa yafumpan nkɔ wɔn fie a, wɔbɛtwitwa ahwe kwan so. Na wɔn mu bi firi akyirikyiri.” Asuafo no bisaa sɛ: “Ɛha a ate ne ho yi, ɛhe na obi bɛtumi anya paanoo a ɛbɛsõ nnipa yi?”—Marko 8:2-4.

Yesu bisaa wɔn sɛ: “Paanoo sɛn na mowɔ?” Asuafo no kaa sɛ: “Nson, ne mpataa nketewa kakraa bi.” (Mateo 15:34) Afei Yesu maa wɔtenatenaa fam. Ɔgyee paanoo ne mpataa no, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae de maa n’asuafo no kyekyɛ maa nkurɔfo no. Mmarima 4,000 na na wɔwɔ hɔ, na mmaa ne mmofra no mpo deɛ wɔankan wɔn. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wɔn nyinaa didi mee ma ebi kae; nea ɛkaa ase a wɔsesae nko ara boro nkɛntɛn akɛse nson!

Afei Yesu gyaa nnipakuw no kwan, na ɔne n’asuafo no de korow twa kɔɔ Magadan a ɛwɔ Galilea Po no benkum so. Wɔkɔduu hɔ no, Farisifo ne Sadukifo bi bɛsɔɔ no hwɛe; wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne a ɛfiri soro.

Yesu huu wɔn adwene, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛduru anwummerɛ a, moka sɛ ‘ewiem bɛte, ɛfiri sɛ ɔsoro abere’; anɔpa nso, ‘Ewiem bɛyɛ nwunu ama nsuo atɔ nnɛ, ɛfiri sɛ ewiem abere na ayɛ kusuu.’ Motumi kyerɛ wiem tebea ase, nanso mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnne deɛ montumi nkyerɛ aseɛ.” (Mateo 16:2, 3) Afei ɔka kyerɛɛ Farisifo ne Sadukifo no sɛ ɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara sɛ Yona sɛnkyerɛnne no.

Yesu ne asuafo no tenaa korow mu de wɔn ani kyerɛɛ po no atifi fam kɔɔ Betsaida. Wɔnam kwan so no, asuafo no kaee sɛ wɔamfa paanoo a ɛbɛso wɔn di; baako pɛ na wɔfae. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Herode mmɔreka ho.” Ná biribi akɔ so wɔ Yesu ne Farisifo no ne Sadukifo bi a wɔyɛ Herode akyitaafo ntam, na ɛno ho kɔkɔbɔ na ɔde maa wɔn no. Nanso asuafo no deɛ wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ gyama paanoo a wɔamfa no na ɔreka ho asɛm. Bere a Yesu huu sɛ wɔante ase no, ɔkaa sɛ: “Adɛn nti na paanoo a monnie nti mogye akyinnyeɛ?”—Marko 8:15-17.

Ná Yesu maa nnipa mpempem paanoo dii nkyɛe koraa, enti ɛsɛ sɛ anka asuafo no hu sɛ ɛnyɛ paanoo paa ho asɛm na na ɔreka. Ɔbisaa wɔn sɛ: “Monkae, berɛ a mebubuu paanoo nnum mu maa nnipa mpemnum no, aseɛ mporoporowaa nkɛntɛn dodoɔ sɛn na mosesaeɛ?” Wɔyii ano sɛ: “Dumienu.” Yesu toaa so sɛ: “Berɛ a mebubuu nson mu maa nnipa mpemnan no, aseɛ mporoporowaa nkɛntɛn dodoɔ sɛn na mosesaeɛ?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nson.”—Marko 8:18-20.

Afei Yesu bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na meka kyerɛɛ mo?” Ɔsan kaa sɛ: “Monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.”—Mateo 16:11.

Afei deɛ asuafo no tee ase. Ná wɔnim sɛ mmɔreka ma mmɔre ka na ɛma paanoo tu. Enti na Yesu de mmɔreka reyɛ ntotoho de akyerɛ sɛnea biribi bɛtumi asɛe ntɛm. Ná ɔrebɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yie wɔ “Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ” ho, efisɛ ɛbɛtumi asɛe wɔn.—Mateo 16:12.