Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 64

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛde Bɔne Firi

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛde Bɔne Firi

MATEO 18:21-35

  • ƐSƐ SƐ YƐDE BƆNE FIRI MPƐN NSON ANAA?

  • AKOA TIRIMƆDENFO NO

Bere a Yesu kaa sɛ, sɛ obi ne ne nua nya asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔn mmienu nko ara siesie no, na Petro wɔ hɔ bi. Nanso na Petro pɛ sɛ ɔhu mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ ɔde ne nua bɔne kyɛ no.

Petro bisaa sɛ: “Awurade, mprɛ ahe na sɛ me nua yɛ me bɔne a, ɛsɛ sɛ mede firi no? Ɛnkɔsi mprɛ nson anaa?” Saa bere no, na nyamesom mpanimfoɔ bi kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obi yɛ wo bɔne a, ɛsɛ sɛ wode kyɛ no mprɛnsa. Enti ɛbɛyɛ sɛ na Petro te nka sɛ, sɛ ɔde obi bɔne kyɛ no “mprɛ nson” a, wayɛ ade paa.—Mateo 18:21.

Nanso, Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ yɛnkan bɔne dodow a obi ayɛ yɛn. Enti ɔtenee Petro adwene sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mprɛ nson, na mmom ɛnkɔsi mprɛ aduɔson nson.” (Mateo 18:22) Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde kyɛ koraa. Enti na ɛnsɛ sɛ Petro kan mpɛn dodow a ɔde ne nua bɔne bɛkyɛ no.

Afei Yesu maa mfatoho bi a ɛbɛma Petro ne asomafo nkae no ahu sɛ ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔde bɔne bɛkyɛ. Mfatoho no fa akoa bi ho; saa akoa no, ne wura huu no mmɔbɔ nso wansua biribiara amfiri mu. Ɔhene no frɛfrɛɛ ne nkoa sɛ ɔne wɔn rebɛbu akonta. Saa akoa no, na ɔde ne wura ka dwetikɛseɛ 10,000 [denare 60,000,000], na wɔde no baa ne wura anim. Ɛka a na akoa no de no, na ɔtwe ne mu tann a, ɔrentumi ntua. Enti ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔnkɔtɔn akoa no ne ne yere ne ne mma nyinaa mfa ntua ka. Ɛbaa saa no, akoa no kɔhwee ne wura nan ase srɛɛ sɛ: “Nya aboterɛ ma me na mɛtua ne nyinaa ama wo.”—Mateo 18:26.

Akoa no asɛm yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ ma ɔtwaa ka no mu. Bere a akoa no wura de ne ka kyɛɛ no no, ɔfirii hɔ ara na ɔkɔhyiaa ne yɔnko akoa bi a ɔno nso de no ka denare 100. Ɛhɔ ara na ɔsɔɔ ne menem kaa sɛ: “Tua ɛka a wodeɛ nyinaa.” Ɛnna ne yɔnko no hwee ne nan ase srɛɛ no sɛ: “Nya aboterɛ ma me na mɛtua wo ka.” (Mateo 18:28, 29) Nanso akoa a ne wura de ne ka kyɛɛ no no ansuasua ne wura. Ná ɛka a ne yɔnko no de no no sua, nanso ɔno deɛ ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase, na ɔkaa sɛ ɔbɛda hɔ akɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka no nyinaa.

Yesu toaa asɛm no so sɛ nkoa no bi huu nea akoa tirimɔdenfo no ayɛ no, na wɔkɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ɔhene no. Bere a ɔhene no tee no, ne bo fui, na ɔfrɛɛ akoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Akoa bɔne, berɛ a wosrɛɛ me no mede ka no nyinaa kyɛɛ wo. Ɛnsɛ sɛ anka wo nso wohunu wo yɔnko akoa mmɔbɔ sɛdeɛ mehunuu wo mmɔbɔ no?” Ɔhene no ani beree paa, na ɔde akoa tirimɔdenfo no maa afiasehwɛfo sɛ ɔno nso nkɔda mu nkɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka biara a ɔde. Yesu wiee n’asɛm no sɛ: “Saa ara na mo nso sɛ moamfiri mo akomam amfa amfiri mo nuanom a, me soro Agya ne mo bɛdie.”—Mateo 18:32-35.

Nea yɛsua fi mu ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛde bɔne firi. Yɛde Onyankopɔn bɔne ho ka bebree, nanso ɔde ne nyinaa akyɛ yɛn. Sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ yɛn bɔne sɛ dɛn ara mpo a, ɛnto nea yɛde ayɛ Onyankopɔn no baabiara. Yehowa nso, ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔmmrɛ. Enti sɛ yɛne yɛn nua nya asɛm na sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ mpo a, yɛrentumi mfa nkyɛ no anaa? Yesu kaa wɔ ne Bepɔ so Asɛnka no mu sɛ Onyankopɔn de “yɛn aka firi yɛn, sɛdeɛ yɛn nso yɛde afiri wɔn a wɔde yɛn aka no.”—Mateo 6:12.