Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 76

Ɔne Farisini Bi Didii

Ɔne Farisini Bi Didii

LUKA 11:37-54

  • YESU KAA FARISIFO NYAATWOMFO NO ANIM

Yesu kɔɔ Yudea no, Farisini bi too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie mmɛdidi. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ awiabere. (Luka 11:37, 38) Farisifo no, na wɔn amammerɛ kyerɛ sɛ wɔrebedidi a, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa bɛsi wɔn abatwɛ, nanso Yesu deɛ na ɔnyɛ saa. (Mateo 15:1, 2) Sɛ obi hohoro ne nsa saa a, ɔntoo Onyankopɔn Mmara, nanso na Onyankopɔn nhyɛɛ mmara biara wɔ ho.

Ɛyɛɛ Farisifo no nwonwa sɛ Yesu anhohoro ne nsa ankɔdu n’abatwɛ. Yesu huu saa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo Farisifoɔ, mohohoro kuruwa ne ayowa akyi, na mo mu deɛ, afomdeɛ ne amumuyɔ ayɛ mã. Nnipa a monni adwene! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no ara na ɔyɛɛ emu no?”—Luka 11:39, 40.

Nea na ɛho asɛm asɔre no nyɛ obi nsa a ɔbɛhohoro ansa na wadidi. Mmom nyamesom mu nhwehwɛanimu a na Farisifo no reyɛ ne asɛm no. Ná Farisifo no ne ebinom hohoro wɔn nsa kɔka wɔn abatwɛ, nanso wɔn komam deɛ, bɔne nko ara. Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa deɛ ɛwɔ emu no nyɛ adɔeɛ, na hwɛ! nneɛma a aka nyinaa ho ate wɔ mo fam.” (Luka 11:41) Yesu afotuo no yɛ nokware paa. Sɛ obi rekyɛ ade a, ɛsɛ sɛ ɔfiri ne komam; ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nyaatwom anaa nhwehwɛanimu sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛkamfo no.

Farisifo no, na wɔkyɛ ade, nanso ɛnyɛ adekyɛ kɛkɛ ne asɛm no. Yesu kaa sɛ: “Moyi ɛme ne nunum ne ɛfan foforɔ biara so ntotosoɔ du du, nanso mosian atɛntenenee ne Nyankopɔn dɔ ho! Saa nneɛma yi na ɛsɛ sɛ anka moyɛ, na deɛ aka no nso ɛnsɛ sɛ moyi firi mu.” (Luka 11:42) Ná Onyankopɔn Mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo no yi wɔn nnɔbae so ntotoso du du. (Deuteronomium 14:22) Nneɛma a wɔyii so ntotoso du du no bi ne ɛme, nunum ne ɛfan foforo biara a wɔde to aduane mu. Nhahamma nketenkete yi nyinaa, na Farisifo no hwɛ yi so ntotoso du du. Nanso na nneɛma bi wɔ Mmara no mu a ɛho hia paa; ebi ne atɛntrenee ne ahobrɛase a wɔde bɛsom Onyankopɔn. Ɛno nso dɛn na wɔyɛɛ wɔ ho?—Mika 6:8.

Yesu toaa n’asɛm no so sɛ: “Monnue mo Farisifoɔ, ɛfiri sɛ mopɛ animu nkonnwa wɔ hyiadan mu ne dwa so nkyea! Monnue, ɛfiri sɛ mote sɛ ada a wɔnhunu na nnipa nante soɔ a wɔnnim!” (Luka 11:43, 44) Saa bere no, na nkurɔfo tumi fom kɔfa awufo ada so ma wɔn ho gu fĩ. Ná Farisifo no te sɛ ada; wɔnam hɔ a, obiara nhu sɛ wɔn ho agu fĩ.—Mateo 23:27

Obi a ɔnim Onyankopɔn Mmara no yie kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a yɛn nso woadidi yɛn atɛm.” Wɔn a wɔnim mmara no, na ɛsɛ sɛ wɔhu sɛ nea wɔreyɛ no mfa mfaso biara mmrɛ nkurɔfo no. Enti Yesu kaa sɛ: “Mo nso monnue, mo a monim mmara no, ɛfiri sɛ mode nnesoa a emu yɛ duro soa nnipa, nanso mo ara momfa mo nsateaa baako mpo nka nnesoa no! Monnue, ɛfiri sɛ moto adiyifoɔ no ada, nanso mo agyanom na wɔkum wɔn!”—Luka 11:45-47.

Ná Farisifo no wɔ atetesɛm pii, na na wɔde nneɛma bebree akeka Mmara no ho. Ɛno na Yesu frɛɛ no nnesoa no. Mmara a wɔhyehyɛe no bɛyɛɛ adesoa maa nkurɔfo no, na na wɔn kɔn mu rebu. Ɛfiri Habel so no, Farisifo no nananom kunkum Onyankopɔn adiyifo. Ɛnna wɔn nso, wɔreyeyɛ ada ama adiyifo no te sɛ nea wɔredi wɔn ni. Enti wɔn agyanom suban no bi na na wɔresuasua. Farisifo no koraa deɛ, na wɔrepɛ akum Onyankopɔn Diyifo a ɔsen odiyifo biara no. Enti Yesu kaa sɛ saa awo ntoatoaso no wɔ asɛm wɔ Onyankopɔn anim; wɔbɛbu wɔn nneyɛe ho akonta. Ampa-ne-ampa ara, afe 70, bɛyɛ mfe 38 akyi no, asɛm too wɔn.

Yesu toaa so sɛ: “Monnue, mo a monim Mmara no, ɛfiri sɛ mogyee nimdeɛ safoa no; mo ara moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso mosii wɔn kwan!” (Luka 11:52) Farisifo no, wɔn na anka ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn Asɛm, nanso wɔn mmom sii nkurɔfo no kwan, na wɔamma wɔante Onyankopɔn Asɛm no ase.

Bere a Farisifo ne akyerɛwfo no tee Yesu asɛm no, dɛn na wɔyɛe? Bere a Yesu yɛɛ sɛ ɔrefiri hɔ akɔ no, wɔde abufuo kɔɔ ne so, na wɔde nsɛmmisa puapuaa no. Ná ɛnyɛ sɛ wɔrepɛ biribi asua, mmom na wɔpɛ sɛ wɔgyegye no ara ma n’ano pa na wɔnya no kyere no.