Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 59

Hwan Ne Onipa Ba no?

Hwan Ne Onipa Ba no?

MATEO 16:13-27 MARKO 8:22-38 LUKA 9:18-26

  • YESU SAA ONIFURAENI BI YAREƐ

  • PETRO BƐNYA AHENNI NSAFOA

  • YESU KAA SƐ ƆBƐWU NA WANYANE

Bere a Yesu ne n’asuafo no kɔduu Betsaida no, nkurɔfo no de onifuraeni bi bae, na wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa nka no nsa no yareɛ.

Yesu sɔɔ ɔbarima no nsa de no kɔɔ kurotia. Afei ɔtee ntasu guu ɔbarima no ani so, na ɔbisaa no sɛ: “Wohunu biribi?” Ɔbarima no buaa sɛ: “Mehunu nnipa, ɛfiri sɛ mehunu biribi te sɛ nnua, nanso ɛredi akɔneaba.” (Marko 8:23, 24) Ɛnna Yesu de ne nsa too ɔbarima no ani so, na afei deɛ ɔtumi huu ade yie. Ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnkɔ fie na mma ɔnnkɔ kuro no mu.

Yesu ne n’asuafo no fii hɔ de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam kɔɔ Kaesarea Filipi. Kuro no wɔ bepɔ bi so, na wowɔ hɔ a wotumi hu Hermon Bepɔ tenteenten a sukyerɛmma akata so no. Ɛfiri baabi a na wɔwɔ no rekɔ Filipi bɛyɛ kilomita 40. Gyama wɔde bɛyɛ nnanu na ɛtwaa saa kwan no.

Wɔduu baabi no, Yesu nko ara tee ne ho kɔbɔɔ mpae. Ná aka bɛyɛ abosome nkron anaa du ama Yesu awu, enti na ɔredwen n’asuafo no ho. Saa bere no, na asuafo no bebree agyae n’akyi di, na na asuafo no bi nso nte nneɛma bi ase. Ebia na wɔnhu nea enti a Yesu amma nkurɔfo no ansi no hene anaa wanyɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛbɛma obiara agye no adi.

Bere a asuafo no baa Yesu nkyɛn wɔ baabi a ɔrebɔ mpae no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Nkurɔfoɔ se onipa Ba no ne hwan?” Wɔkaa sɛ: “Ebinom ka sɛ Yohane Suboni, ebinom nso ka sɛ Elia, na ebinom nso se Yeremia anaasɛ adiyifoɔ no mu baako.” Nkurɔfo susuu sɛ Yesu yɛ saa mmarima no bi na wanyane afiri awufo mu. Ná Yesu pɛ sɛ ɔhu n’asuafo no nso adwene, enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Mo nso mose meyɛ hwan?” Ɛhɔ ara na Petro buaa sɛ: “Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no Ba.”—Mateo 16:13-16.

Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔmma n’ani nnye sɛ Onyankopɔn ayi saa asɛm no adi akyerɛ no. Afei ɔtoaa so sɛ: “Mese wo sɛ, wone Petro, na ɔbotan yi so na mɛsi m’asafo, na Adamena apono renni so nkonim.” Ná saa asɛm no fa Yesu no ara ho. Ɛkyerɛ sɛ Yesu ankasa de asafo no bɛtim hɔ pintinn, na sɛ asafo no mufo di nokware wɔ asase so kɔsi owuo mu a, wɔrenka Adamena mu. Ɔhyɛɛ Petro bɔ sɛ: “Mede ɔsoro ahennie nsafoa bɛma wo.”—Mateo 16:18, 19.

Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro no nkyerɛ sɛ wama no dibea asen asomafo a aka no. Ɛnkyerɛ nso sɛ Yesu de asafo no bɛtim Petro so. Yesu ankasa ne Ɔbotan a ɔde asafo no bɛtim so no. (1 Korintofoɔ 3:11; Efesofoɔ 2:20) Nanso ɔkaa sɛ ɔbɛma Petro nsafoa mmiɛnsa bi. Ɛno kyerɛ sɛ ɔno na wɔde bɛdom no ama wabue kwan ama nkurɔfo akɔ ɔsoro Ahenni no mu.

Safoa a ɛdi kan no, Petro de yɛɛ adwuma afe 33 de buee kwan maa Yudafo ne amanaman mufo a wɔabɛyɛ Yudafo. Saa Pentekoste da no, Petro maa wɔn a wɔanu wɔn ho no huu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔanya nkwa. Ɔde safoa a ɛtɔ so mmienu no buee kwan maa Samariafo nso nyaa Onyankopɔn Ahenni no mu kwan. Afei afe 36 no, Petro de safoa a ɛtɔ so mmiɛnsa no buee kwan maa Amanaman mufo a na wɔntwaa twetia, na wɔn mu baako ne Kornelio.—Asomafoɔ Nnwuma 2:37, 38; 8:14-17; 10:44-48.

Bere a Yesu ne asomafo no rebɔ saa nkɔmmɔ yi, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛkɔ Yerusalem akɔhu amane na wɔaku no. Asɛm no haw asomafo no paa, na esiane sɛ na Petro nnim sɛ wɔbɛnyane Yesu akɔ soro nti, ɔtwee Yesu kɔɔ nkyɛn kɔkaa n’anim sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; yei remma wo so koraa.” Nanso Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”—Mateo 16:22, 23.

Afei Yesu frɛɛ ebinom bɛkaa asomafo no ho na ɔma wɔhuu sɛ obi pɛ sɛ ɔdi n’akyi a, ɛrenyɛ mmerɛ. Ɔkaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na ɔnni m’akyi daa. Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no bɛhwere; nanso obiara a me ne asɛmpa no nti ɔbɛhwere ne kra no bɛkora so.”—Marko 8:34, 35.

Ne tiaatwa mu no, ansa na obi bɛfata sɛ ɔbɛyɛ Yesu suani no, gye sɛ ɔnya akokoduru ne ahofama. Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho wɔ nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu berɛ a waba n’Agya animuonyam mu a abɔfo kronkron ka ne ho no.” (Marko 8:38) Enti sɛ Yesu ba a, “ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.”—Mateo 16:27.