Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 57

Yesu Saa Abayewa Bi ne Ɔsotifo Bi Yareɛ

Yesu Saa Abayewa Bi ne Ɔsotifo Bi Yareɛ

MATEO 15:21-31 MARKO 7:24-37

  • YESU SAA ƆBAA BI A ƆFIRI FOINIKE BABAA YAREƐ

  • ƆSAA MUM BI YAREƐ

Bere a Yesu kaa Farisifo no anim wɔ wɔn atetesɛm ho no, ɔne n’asuafo no fii hɔ de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam; wɔkɔɔ Tiro ne Foinike kuro Sidon mpɔtam hɔ baabi.

Yesu hwehwɛɛ baabi soeɛe, na na ɔmpɛ sɛ nkurɔfo bɛhu baabi a ɔwɔ, nanso anyɛ yie. Ɔbaa bi a n’awofo yɛ Helafo nso wɔwoo no baabi a Yesu wɔ no de n’abisade bɛtoo Yesu anim sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ. Adaemone reha me babaa dodo.”—Mateo 15:22; Marko 7:26.

Ɔbaa no srɛɛ Yesu ara nso wammua no. Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ma no nkɔ, na ɔteateam di yɛn akyi.” Yesu kyerɛɛ ɔbaa no nea enti a wammua no. Ɔkaa sɛ: “Wɔansoma me nnipa biara nkyɛn sɛ Israel fie nnwan a wɔayera no.” Nanso ɔbaa no ampa abaw. Ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ: “Awurade, boa me!”—Mateo 15:23-25.

Saa bere no, na Yudafo nni aman foforo mufo ho adwempa. Yesu kɔfaa ɛno ho asɛm bae; ɛbɛyɛ sɛ na ɔde resɔ ɔbaa no ahwɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmɔfra paanoo ato ama nkraman mma.” (Mateo 15:26) Yesu anka sɛ “nkraman”; mmom ɔkaa sɛ “nkraman mma.” Ɛno kyerɛ sɛ na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nnipa a wɔnyɛ Yudafo. Yɛbɛtumi aka sɛ ɛnne a ɔde kasae ne n’anim yɛbea mpo kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ahummɔborɔ ampa.

Ɔbaa no bo amfu, na mmom ɔno nso faa asɛm koro no ara danee mu sɛ: “Ɛyɛ ampa, Awurade; nanso nokwasɛm ne sɛ nkraman mma no di mporoporowaa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no.” Yesu huu sɛ ɔwɔ koma pa, enti ɔkaa sɛ: “O ɔbaa, wo gyidie sõ; ɛnyɛ sɛdeɛ wopɛ.” (Mateo 15:27, 28) Ná ne babaa no mmɛn hɔ baabiara, nanso ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara. Bere a ɔbaa no kɔduu fie no, na ne ba no da mpa so, na na “adaemone no afiri” ne so ama wate apɔw.—Marko 7:30.

Yesu ne n’asuafo no fii Foinike mantam mu no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yordan Asubɔnten no atifi fam. Ɛbɛyɛ sɛ wɔtwaa Yordan no wɔ Galilea Po no atifi kɔɔ Dekapoli mantam mu. Wɔduu hɔ no, wɔkɔɔ bepɔ bi so, nanso nkurɔfo huu wɔn. Enti wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifuraefo ne mum baa Yesu nkyɛn. Wɔde wɔn bɛguu Yesu nan ase, na ɔsaa wɔn yareɛ. Nkurɔfo no ho dwirii wɔn ma wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn no anuonyam.

Yesu de n’adwene sii ayarefo no baako so; ná n’aso asi na na ɔntumi nkasa nso. Nnipa a wɔte saa deɛ sɛ wɔba nnipa mu a, ɛnyɛ mmerɛ mma wɔn koraa. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu huu sɛ wayɛ basaa, enti ɔde no kɔɔ nkyɛn. Afei ɛkaa wɔn mmienu nko ara no, Yesu kyerɛɛ ɔbarima no nea ɔrebɛyɛ ama no. Ɔde ne nsateaa hyehyɛɛ ɔbarima no asom, na ɔtee ntasu de ne nsa kaa ɔbarima no tɛkrɛma. Afei Yesu hwɛɛ soro kaa sɛ: “Hefata” a ɛkyerɛ “Bue.” Ɛhɔ ara na ɔbarima no asom buebuei, na ɔtumi kasae. Yesu ampɛ sɛ ɔbarima no de asɛm no bɛkyin. Ná ɔpɛ sɛ nea nkurɔfo ate afiri ne hɔ ne nea wɔde wɔn ani ahu mmom ka wɔn ma wɔgye no di.—Marko 7:32-36.

Anwonwade a Yesu tumi yɛe no kaa nnipa a wɔhui no koma, na “wɔn ho dwirii wɔn yie.” Asɛm a wɔkae ne sɛ: “Wayɛ biribiara yie. Ɔma asotifoɔ mpo te asɛm na mum kasa.”—Marko 7:37.