Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 17

Ɔkyerɛkyerɛɛ Nikodemo Anadwo

Ɔkyerɛkyerɛɛ Nikodemo Anadwo

YOHANE 2:23–3:21

  • YESU NE NIKODEMO BƆƆ NKƆMMƆ

  • YƐKA SƐ ‘WƆAWO OBI BIO’ A NEA ƐKYERƐ

Bere a Yesu kɔɔ Yerusalem sɛ ɔrekɔdi afe 30 Twam afahyɛ no, ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade pii. Wei maa nnipa bebree nyaa ne mu gyidi. Onipa baako a ɔno nso ani bɛgyee Yesu ho ne Nikodemo. Ná Nikodemo yɛ Farisini, na na ɔka Yudafo Sanhedrin no ho. Ná ɔpɛ sɛ ɔsua nneɛma pii fi Yesu hɔ, enti ɔkɔɔ ne nkyɛn anadwo. Sɛ Yudafo mpanimfoɔ no hu sɛ wagye Yesu adi a, anhwɛ a n’anuonyam bɛbɔ no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na ɔkɔɔ Yesu hɔ anadwo no.

Nikodemo bisaa Yesu sɛ: “Rabi, yɛnim sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” Yesu yii Nikodemo ano sɛ “wɔansan anwo obi bio” a, ­ɔntumi nkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.​—Yohane 3:​2, 3.

Ɛbɛyɛ dɛn na wɔasan awo obi bio? Nikodemo ante saa asɛm no ase, enti ɔbisaa sɛ, obi bɛtumi “asan akɔ ne maame yafunu mu bio ama no awo no anaa?”​—Yohane 3:4.

Dabi, sɛ yɛka sɛ wɔasan awo obi bio a, ɛnkyerɛ sɛ ɔsan kɔhyɛ ne maame yam ma ɔwo no bio. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, sɛ wɔamfa nsuo ne honhom anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahennie mu.” (Yohane 3:5) Wɔbɔɔ Yesu asu no, honhom siane baa ne so. Saa bere no na wɔde “nsuo ne honhom” woo no. Afei ɛnne bi fi soro kaa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no na magye no atom.” (Mateo 3:​16, 17) Enti Onyankopɔn nam saa kwan no so de too dwa sɛ Yesu yɛ ne ba a ɔde honhom awo no. Afei, na Yesu anya hokwan sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni no mu. Akyiri yi, wɔhwiee honhom kronkron guu Yesu asuafo a na wɔabɔ asu no so maa wɔn nso bɛyɛɛ Onyankopɔn mma a ɔde honhom awo wɔn; ɛno sii Pentekoste afe 33.​—Asomafoɔ Nnwuma 2:​1-4.

Ahenni no ho nkyerɛkyerɛmu a Yesu de maa Nikodemo no, wante ase. Enti dwuma titiriw a na Onyankopɔn asoma Yesu aba asase so sɛ ɔmmɛdi no, Yesu kyerɛkyerɛɛ ne mu kɔɔ akyiri. Yesu kaa sɛ: “Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ serɛ no soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma onipa Ba no soɔ na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa.”​—Yohane 3:​14, 15.

Nea ɛte ne sɛ, mfe pii ansa na Yesu reba no, awɔ bi a wɔn ho yɛ hu kekaa Israelfo, na saa bere no sɛ Israelni bi bɛnya ne ti adidi mu a, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ɔwɔ bi a wɔde kɔbere ayɛ na wanya nkwa. (Numeri 21:9) Ɛnnɛ nso, owuo sɛn amansan kɔn mu, enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya Onyankopɔn Ba no mu gyidi na ama yɛatumi anya daa nkwa. Saa nhyehyɛe yi kyerɛ Onyankopɔn dɔ, na Yesu sii so dua kyerɛɛ Nikodemo sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no mae, na obiara a ɔkyerɛ ne mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” ( Yohane 3:​16) Enti bere a Yesu fii ne som adwuma ase no, abosome nsia akyi na ɔkaa wɔ Yerusalem sɛ, ɔno na adasamma nam ne so bɛnya nkwa.

Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo sɛ: “Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase nkwa.” Wei kyerɛ sɛ wɔansoma Yesu sɛ ɔmmɛbu nnipa nyinaa kumfɔ. Mmom no, ɔkaa sɛ wɔsomaa no baa sɛ ‘wɔmfa ne so nnye wiase nkwa.’​—Yohane 3:​17.

Ehu nti na Nikodemo kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo. Enti yɛhwɛ asɛm a ɛtwa to a Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo no a, yɛhu sɛ na ɔreka asi asɛm so. Yesu kaa sɛ: “Deɛ enti a wɔbu atɛn ne sɛ hann [Yesu de ne nkyerɛkyerɛ ne ne suban kyerɛɛ sɛ ɔno ne hann no.] no aba wiase, nanso nnipa dɔ sum sene hann, a ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. Na obiara a ɔyɛ akyiwadeɛ no tan hann, na ɔmma hann ho na wɔanyi ne nnwuma ho ntɛn. Na deɛ ɔdi nokorɛ no ba hann ho na ama ne nnwuma ada adi sɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani.”​—Yohane 3:​19-​21.

Yɛnim sɛ na Nikodemo yɛ Farisini ne ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Israel. Enti afei a Yesu akyerɛkyerɛ no dwuma a ɔdi wɔ Onyankopɔn atirimpɔ mu no, na aka sɛ Nikodemo bɛdwene ho ahu nea ɔbɛyɛ.

a Yesu de ne nkyerɛkyerɛ ne ne suban kyerɛɛ sɛ ɔno ne hann no.