Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 48

Ɔyɛɛ Anwonwade Wɔ Nasaret Nanso Wɔpoo No

Ɔyɛɛ Anwonwade Wɔ Nasaret Nanso Wɔpoo No

MATEO 9:27-34; 13:54-58 MARKO 6:1-6

  • YESU SAA ANIFURAEFO NE MUM BI YAREƐ

  • NASARETFO POO YESU

Bere a Yesu de korow fi Dekapoli bɛdui no, wannye n’ahome. Ɔsaa ɔbaa a mogya retu no no yareɛ na ɔnyanee Yairo babaa no fii owuo mu. Nanso na n’adwuma nsae. Ɔfiri Yairo fie hɔ rekɔ no, anifuraefo mmienu dii n’akyi teateaam sɛ: “Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ.”—Mateo 9:27.

Anifuraefo no frɛɛ Yesu “Dawid Ba.” Ɛno kyerɛ sɛ na wɔgye di sɛ Yesu na ɔbɛtena Dawid ahengua so, na ɔno ne Mesia no. Yesu yɛɛ sɛ nea wante; ɛbɛyɛ sɛ na ɔrehwɛ sɛ wɔbɛkɔ so ara asrɛ no anaa. Ampa-ne-ampa ara, wɔannyae. Bere a Yesu wuraa fie bi mu no, mmarima mmienu no dii n’akyi. Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mowɔ gyidie sɛ mɛtumi ayɛ yei?” Wɔde ahotoso yii ano sɛ: “Aane, Awurade.” Afei Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ: “Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no saa ara na ɛnyɛ mma mo.”—Mateo 9:28, 29.

Ɛhɔ ara na wɔn ani buei. Sɛnea Yesu taa yɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wɔnnka ho asɛm nnkyerɛ obiara. Nanso anigye nti, akyiri yi wɔkaa ho asɛm kɔɔ akyirikyiri.

Mmarima mmienu no refiri fie hɔ no, nkurɔfo bi nso de ɔbarima bi a honhommɔne ama wɔayɛ mum bae. Yesu tuu honhommɔne no; ɛhɔ ara na ɔbarima no kasae. Ɛyɛɛ nnipakuw no nwonwa, na wɔkaa sɛ: “Wɔnhunuu ɛso bi da wɔ Israel.” Ná Farisifo no nso wɔ hɔ, na wɔhuu anwonwade no. Anwonwade no ankasa deɛ, wɔannya biribiara anka wɔ ho, na mmom sobo dada no ara na wɔsan de bɔɔ Yesu sɛ: “Ɔnam adaemone panin so na ɛtu adaemone.”—Mateo 9:33, 34.

Ɛno akyi no, Yesu de n’ani kyerɛɛ Nasaret a ɔtenaa nyinii no, na na n’asuafo no ka ne ho. Bere bi a ɛtwaam no, Yesu kɔɔ ɛhɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Mfiase no nea ɔkae no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa, nanso ɔkaa asɛm foforo ma ɛhyɛɛ wɔn abufuo, enti anka wɔrekum no nso anyɛ yie. Akyiri yi, Yesu san kɔe sɛ ɔrekɔboa ne kuromfo no.

Homeda dui no, ɔsan kɔɔ hyiadan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛe. Ɛyɛɛ nnipa dodow no ara nwonwa ma wɔbisaa sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa ne ahoɔdenneɛ yi firiiɛ?” Wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Ɛnyɛ ne maame na wɔfrɛ no Maria, na ne nua mmarima nso wɔmfrɛ wɔn Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? Na ne nua mmaa nso, ɛnyɛ yɛne wɔn ara na ɛwɔ ha? Ɛnneɛ ɛhe na onipa yi nyaa yeinom nyinaa firiiɛ?”—Mateo 13:54-56.

Nkurɔfo no tee nka sɛ Yesu deɛ ɔnyɛ hɔho wɔ hɔ. Ebia adwene a wɔnyae ne sɛ, ‘Onipa a yɛn ani tua ne nkwadaaberem deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ Mesia?’ Enti Yesu nyansa oo, anwonwade a ɔyɛe oo, na ne nyinaa nka hwee mma wɔn; wɔannye no ani. Yesu abusuafo nso, esiane sɛ wɔhu no daa nti, wɔamfa n’asɛm anyɛ asɛm. Wei maa Yesu kaa sɛ: “Sɛ anidie bɛbɔ odiyifoɔ a, na ɛyɛ ɔno ara ne kurom ne ne fie.”—Mateo 13:57.

Gyidi a na wɔnni no yɛɛ Yesu nwonwa paa. Enti Yesu anyɛ anwonwade biara wɔ hɔ gye “ne nsa a ɔde guu ayarefoɔ kakraa bi so saa wɔn yareɛ.”—Marko 6:5, 6.