Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 56

Dɛn Paa na Ɛgu Onipa Ho Fi?

Dɛn Paa na Ɛgu Onipa Ho Fi?

MATEO 15:1-20 MARKO 7:1-23 YOHANE 7:1

  • YESU KASA TIAA NNIPA ATETESƐM

Bere a Twam afahyɛ no reyɛ adu so wɔ afe 32 no, na Yesu ani abere denneennen rekyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ Galilea. Ɔfirii hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ ɔde n’ani kyerɛɛ Yerusalem sɛ ɔrekɔdi Twam afahyɛ sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no. Ná Yesu nim sɛ Yudafo no repɛ no akum no, enti ɔkɔɔ hɔ no, wannyi n’anim. (Yohane 7:1) Ɔfirii hɔ no, ɔsan kɔɔ Galilea.

Farisifo ne akyerɛwfo fii Yerusalem baa Yesu nkyɛn. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ Kapernaum. Dɛn na ɛde wɔn baa hɔ? Ná wɔrebɛpɛ biribi agyina so aka sɛ Yesu ato Yudasom mmara. Wɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na w’asuafoɔ no bu mpanimfoɔ atetesɛm soɔ? Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ wɔrebɛdidi a wɔnhohoro wɔn nsa.” (Mateo 15:2) Ná Onyankopɔn nkaa wɔ baabiara sɛ ne nkurɔfo ‘nhohoro wɔn nsa mmɛsi wɔn abatwɛ.’ (Marko 7:3) Nanso Farisifo no deɛ sɛ obi anyɛ saa a, wabɔ mmusu.

Yesu anyi wɔn asɛm no ano, na mmom ɔma wɔhuu sɛ, wɔn mpo deɛ, ɛyɛ a wɔhyɛ da bu Onyankopɔn Mmara so. Ɔbisaa wɔn sɛ: “Mo nso adɛn nti na mo atetesɛm nti mobu Onyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ? Sɛ nhwɛsoɔ no, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’; afei ‘Ma deɛ ɔsopa ne papa anaa ne maame no nwu.’ Nanso mo deɛ moka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka akyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a anka wobɛnya ho mfasoɔ afiri me nkyɛn no yɛ akyɛdeɛ a wɔahyira so ama Onyankopɔn” no, ɛnsɛ sɛ ɔdi ne papa anaa ne maame ni koraa.’”—Mateo 15:3-6; Exodus 20:12; 21:17.

Farisifo no kaa sɛ sika, agyapade anaa biribi foforo biara a obi bɛhyira so ama Onyankopɔn no yɛ asɔrefie no dea, enti wɔrentumi mfa nni dwuma foforo biara. Yɛreka yi nso na dekode no da so wɔ onii no hɔ. Ná obi tumi ka sɛ ne sika anaa n’agyapade yɛ “korban” anaasɛ akyɛde a wahyira so ama Onyankopɔn anaa asɔrefie no. Ɛyɛ saa a na akɔyɛ te sɛ nea akyɛde no abɛdi asɔrefie no nsam. Ɛwom, sika anaa agyapade no da so wɔ onii no nkyɛn, nanso ɔkyerɛ sɛ ɔrentumi mfa mmoa n’awofo a wɔanyinyin anaa wɔnni bi no. Ɛno kyerɛ sɛ n’awofo hwɛ ho asɛde biara nna ne so bio.—Marko 7:11.

Hwɛ sɛnea na nkurɔfo no akyinkyim Onyankopɔn Mmara. Ɛdi sɛ Yesu bo fui ma ɔkaa sɛ: “Mode mo atetesɛm asɛe Onyankopɔn asɛm. Nyaatwomfoɔ, ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ, ‘Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri. Wɔsom me kwa, ɛfiri sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛdeɛ.’” Bere a Yesu kasa tiaa Farisifo no, wɔantumi anka hwee. Afei ɔfrɛɛ nnipakuw no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montie na monte aseɛ: Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ onipa anom na ɛgu ne ho fĩ, na mmom deɛ ɛfiri onipa anom ba na ɛgu ne ho fĩ.”—Mateo 15:6-11; Yesaia 29:13.

Akyiri yi Yesu ne n’asuafo wɔ fie no, wɔbisaa no sɛ: “Wonim sɛ Farisifoɔ no tee deɛ wokaeɛ no, ɛtoo wɔn suntidua?” Ɔbuaa wɔn sɛ: “Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu. Monnyaa wɔn. Wɔyɛ akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ. Na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn mmienu nyinaa bɛhwe amena mu.”—Mateo 15:12-14.

Petro kasa maa asuafo no, na ɔkaa sɛ Yesu nkyerɛ wɔn dekode a ɛtumi gu onipa ho fĩ. Nea Petro kae no ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Yesu nwonwa kakra. Enti Yesu kaa sɛ: “Monnim sɛ biribiara a ɛkɔ anomu no kɔ nsono mu na ɛfiri nipadua no mu kɔ? Nanso deɛ ɛfiri anomu ba no firi akoma no mu, na saa nneɛma no na ɛgu onipa ho fĩ. Sɛ nhwɛsoɔ no, akoma no mu na nsusuiɛ bɔne, awudie, awaresɛeɛ, adwamammɔ, korɔno, adansekunumu, ne abususɛm firi ba. Yeinom ne nneɛma a ɛgu onipa ho fĩ, na sɛ obi anhohoro ne nsa na ɔdidi a, ɛngu ne ho fĩ.”—Mateo 15:17-20.

Yesu asɛm no nkyerɛ sɛ ahotew ho nhia, anaasɛ ɛnhia sɛ obi hohoro ne nsa ansa na wayɛ aduane anaa wadidi. Mmom, na nyamesom mpanimfoɔ no yɛ nyaatwom, efisɛ na wɔde Onyankopɔn trenee mmara no ato nkyɛn na wɔde nnipa atetesɛm asi anan. Ɛno na na ɔrekasa atia. Nea ɛwom ara ne sɛ, nneɛma bɔne a ɛfiri komam na ɛgu obi ho fĩ.