Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛrebɛkae Yesu Wu No

Memeneda, April 12, 2025

Afe biara, Yehowa Adansefo hyiam kae Yesu wu no. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”—Luka 22:19.

Yɛreto nsa afrɛ wo sɛ bra bi.

Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa

Bere tenten sɛn na mode bɛyɛ dwumadi no?

Bɛyɛ dɔnhwerew baako.

Mobɛyɛ no wɔ he?

Bisa Yehowa Danseni biara, na ɔbɛma woahu baabi a yɛbɛyɛ bi wɔ mo mpɔtam hɔ.

Ɛsɛ sɛ mitua sika bi ansa na maba?

Daabi.

Mugye kɔlɛhyen?

Daabi. Yehowa Adansefo de, yennyigye kɔlɛhyen wɔ yɛn nhyiam ase.

Ataade pɔtee bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ obiara hyɛ ba dwumadi no ase anaa?

Daabi. Yenni ataade pɔtee bi a yɛde kɔ, nanso Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ yɛde Bible afotu a ɛfa ahosiesie ho no bɛyɛ adwuma. Enti yɛhyɛ ntaade a ɛfata na nidi wom. (1 Timoteo 2:9) Enhia sɛ wokɔpɛ ataade aboɔden biara, na enhia sɛ w’ahosiesie yɛ kuntann.

Sɛ morekae Yesu wu no a, mobɛyɛ no sɛn?

Sɛ yɛrebefi ase a, yɛbɛto dwom. Yɛto dwom no wie a, na Yehowa Adansefo mpanyimfo no baako abɔ mpae. Afei yebetie ɔkasa a egyina Bible so. Ɛbɛma yɛahu nea enti a na ehia sɛ Yesu wu ma yɛn. Ɛbɛsan ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no so mfaso. Yewie a, yɛbɛsan ato dwom ama Yehowa Adansefo mpanyimfo no baako abɔ mpae de apɔn yɛn.

Mfe kakra a edi yɛn anim yi, bere bɛn na yɛbɛkae Yesu wu no?

2025: Memeneda, April 12

2026: Yawda, April 2