Timoteo Nhoma a Edi Kan 2:1-15

  • Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae ma nnipa ahorow nyinaa (1-7)

    • Onyankopɔn baako, ntamgyinafo baako (5)

    • Agyede a ɛfata ma obiara (6)

  • Akwankyerɛ a ɛwɔ hɔ ma mmea ne mmarima (8-15)

    • Momfa ahobrɛase nsiesie mo ho (9, 10)

2  Enti nea edi kan koraa no, m’afotu ne sɛ momfa nkotosrɛ, mpaebɔ, srɛ a wɔsrɛ ma afoforo, ne aseda nni mma nnipa ahorow nyinaa,  ahemfo ne wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn* nyinaa,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so de onyamesom pa ne anidahɔ a edi mu abɔ yɛn bra wɔ asomdwoe ne kommyɛ mu.+  Ɛno na eye na ɛfata wɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn+ anim;  ɔno na ɔpɛ sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa+ na wonya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.  Na Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ,+ ne afei Onyankopɔn ne nnipa+ ntamgyinafo baako.+ Ɔno ne onipa Kristo Yesu.+  Ɔno na ɔde ne ho mae sɛ agyede a ɛfata maa obiara*+ no. Eyi na wobedi ho adanse wɔ ɛno ara ne bere mu.  Adanse yi nti+ na wɔpaw me sɛ ɔsɛnkafo ne ɔsomafo,+ ne obi a ɔkyerɛkyerɛ gyidi ne nokware no kyerɛ amanaman no.+ Nokware na mereka, ɛnyɛ atoro na meredi.  Enti mepɛ sɛ mmarima na wɔbɔ mpae daa* wɔ baabiara, na wɔma nsa a ɛho tew so+ a abufuw+ ne akyinnyegye nni mu.+  Saa ara na ɛsɛ sɛ mmea hyɛ ntaade a ɛfata, na wɔde ahobrɛase ne adwene a emu da hɔ siesie wɔn ho. Ɛnyɛ nea ehia ne sɛ wɔbɛbɔ wɔn ti kuntann,* na wɔde sika kɔkɔɔ anaa nhene pa anaa ntaade a ne bo yɛ den paa asiesie wɔn ho,+ 10  na mmom nea ehia ne sɛ wɔbɛyɛ nnwuma pa a ɛfata mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.+ 11  Ɔbea nyɛ komm, na omfi ahobrɛase nyinaa mu nsua ade.+ 12  Memma ɔbea kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so tumi, na mmom ɔnyɛ komm.*+ 13  Efisɛ wodii kan bɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa.+ 14  Afei nso, wɔannaadaa Adam, na mmom ɔbea no na wɔdaadaa no koraa+ ma ɔtoo mmara. 15  Nanso sɛ ɔkɔ so* tena gyidi ne ɔdɔ ne kronkronyɛ mu, na ɔma n’adwene mu da hɔ+ a, ɔnam abawo so+ benya ahobammɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn a wodi tumi.”
Anaa “nnipa ahorow nyinaa.”
Anaa “na wokura mpaebɔ mu.”
Anaa “kyenkyenenn.”
Anaa “ɔnyɛ dinn; ɔnka n’ano ntom.”
Nt., “wɔkɔ so.”