Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma a Yɛde Sua Bible

Nneɛma a yɛde sua Bible wɔ yɛn nhomakorabea hɔ; wubetumi de asua ade a wuntua hwee. Ebetumi aboa wo ama woasua Bible yiye na ama woate Onyankopɔn Asɛm no ase paa. Nneɛma pii wɔ yɛn Bible a ɛwɔ Intanɛt so no mu; wubetumi de asua ade a wuntua hwee. Hwɛ yɛn Bible adesua ho nhyehyɛe a ebetumi aboa wo ama w’ankasa woatumi asua Bible no. Yɛwɔ nneɛma a yɛde sua ade a wubetumi de asua Bible ate ase a wuntua hwee. Ebi yɛ Bible ho video, nhoma a ɛka Bible ho nsɛm pii, Bible map ahorow, nsɛmfua a ɛwɔ Bible mu ne ne nkyerɛase, ne nneɛma foforo a yɛde sua Bible.

Kenkan Bible Wɔ Intanɛt So

Wiase Foforo Nkyerɛase no yɛ Bible a wɔakyerɛ ase yiye na ne kan yɛ mmerɛw, enti bɔ mmɔden hwehwɛ n’afã ahorow mu.

Video Ahorow a Yɛde Yɛ Bible Adesua

Bible Mu Nhoma Nnianim Nsɛm

Bible mu nhoma biara ho nsɛm bi.

Bible Nkyerɛkyerɛ a Ɛho Hia Paa

Video ntiantiaa yi bɛma woanya Bible nsɛmmisa a ɛho hia paa ho mmuae. Ebi ne: Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asaase? Tebea bɛn na awufo wom? ne Adɛn nti na Onyankopɔn ma yehu amane?

Nhoma Ne Nneɛma Foforo a Yɛde Sua Bible

Bible Map Ahorow

Wohwɛ ‘Hwɛ Asase Pa No’ nhoma no mu a, wubehu map ahorow pii a wɔde kɔla ayɛ ne nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛma yehu mmeae bi a Bible ka ho asɛm; titiriw sɛnea na Bɔhyɛ Asaase no te wɔ mmere ahorow mu.

Bible Mu Asɛm a Yebesusuw Ho Da Biara

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhoma no te sɛ nhoma a asɔre ahorow bi de yɛ wɔn anɔpasɔre; wohwɛ mu a wubehu sɛ ɛda biara wɔ Bible mu asɛm tiawa bi ne ɛho nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama.

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nkurɔfo bisa Onyankopɔn, Yesu, abusua, amanehunu, ne nea ɛkeka ho ho nsɛm bebree. Sua nea Bible ka fa ho

Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu

Bible mu nsɛm a nkurɔfo pii nim no, wubenya emu nkyerɛkyerɛmu a edi mu wɔ ha.

Intanɛt So Nhomakorabea (opens new window)

Fa Yehowa Adansefo nhoma yɛ Bible mu nhwehwɛmu wɔ Intanɛt so.

Ma Obi Mmra Wo Nkyɛn Ne Wo Mmesua Bible

Sɛn Na Yehowa Adansefo Ne Nkurɔfo Sua Bible?

Yehowa Adansefo ne nkurɔfo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a wonnye sika. Wubetumi de Bible biara a wopɛ asua ade no. Wopɛ a, wubetumi afrɛ w’abusuafo nyinaa ne wo nnamfo abesua bi.

Ma Obi Ne Wo Mmesua Bible

Hwɛ nea Bible ka fa asɛm bi a ɛkyere w’adwene ho anaa sua Yehowa Adansefo ho nsɛm pii.