Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛn Na Yehowa Adansefo Ne Nkurɔfo Sua Bible?

Sɛn Na Yehowa Adansefo Ne Nkurɔfo Sua Bible?

 Yɛne obi sua Bible a, yɛyɛ no sɛn?

 Obi bɛboa wo ama woahu Bible mu. Ɔne wo bɛfa asɛm baako na moasua, muwie a, na moakɔ foforo so. Yɛwɔ nhoma bi a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! Ɔne wo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ nkakrankakra wɔ saa nhoma no mu. Ɛbɛma woahu nea Bible kyerɛkyerɛ ne sɛnea ɛbɛboa wo. Wopɛ sɛ wuhu pii ka ho a, hwɛ saa video yi.

 Mo ne me sua ade a, metua sika anaa?

 Daabi. Akwankyerɛ a Yesu de maa n’asuafo no, ɛno na yedi akyi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:8) Wɔn a wɔne wo besua ade no, yentua wɔn ka. Sɛ yɛma wo Bible ne Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no bi nso a, yɛrentɔn mma wo.

 Adesua no nyinaa bedi nna sɛn?

 Nhoma a yɛde besua Bible no, ɛyɛ adesua mmaako mmaako 60. Bere a yɛde besua nhoma no awie deɛ, egyina wo so. Wɔn a yɛne wɔn sua ade no, bebree wɔ hɔ a, nnawɔtwe biara, wotumi sua adesua baako anaa nea ɛboro saa.

 Mɛyɛ dɛn afi ase?

  1.  1. Hyehyɛ fɔɔm a ɛwɔ intanɛt so yi. Wo ho nsɛm a wobɛkyerɛw wɔ hɔ no, ɛno na yebegyina so ama obi ne wo abɛyɛ adesua no. Ɛno akyi no, yɛremfa nyɛ biribi foforo biara bio.

  2.  2. Obi ne wo bɛba abesua ade. Ɔbɛkyerɛkyerɛ mu ama woahu sɛnea Bible mu nkɔmmɔ no bɛkɔ, na sɛ wowɔ nsɛmmisa bi nso a, obeyi ano ama wo.

  3.  3. Wo ne nea ɔne wo besua ade no nyinaa na ɛbɛyɛ adesua no ho nhyehyɛe. Obetumi aba wo nkyɛn ama moayɛ adesua no. Mubetumi nso afa tɛlefon, video kɔɔl, email, anaa krataakyerɛw so ayɛ adesua no. Yɛtaa yɛ adesua no dɔnhwerew baako, nanso ebetumi ayɛ tiawa asen saa anaa aboro dɔnhwerew baako; ne nyinaa wo bere na ɛbɛkyerɛ.

 Metumi adi kan asɔ adesua no ahwɛ anaa?

 Aane. Wopɛ sɛ wosɔ hwɛ a, hyehyɛ fɔɔm a ɛwɔ intanɛt so yi. Sɛ nea ɔne wo bɛba abesua ade no ba a, ma no nhu sɛ wopɛ sɛ wudi kan sɔ hwɛ sɛ wopɛ a. Ɔne wo besua nhomawa a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! Ɛno deɛ, adesua mmiɛnsa na ɛwom. Ɛno bɛma woahu sɛ w’ani begye adesua no ho anaa.

 Sɛ mepene so ne mo sua Bible a, mobɛhyɛ me ama mabɛyɛ Yehowa Danseni?

 Daabi. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔne nkurɔfo besua Bible, nanso yɛnhyɛ obiara sɛ ɔmmra yɛn som mu. Nea yɛyɛ ne sɛ, yɛma nkurɔfo hu nea Bible ka, na yɛagyaw ama wɔn. Yegye tom sɛ obiara ne nea ɔpɛ sɛ ogye di.—1 Petro 3:15.

 Metumi de me ara me Bible ayɛ adesua no anaa?

 Aane, wubetumi de Bible nkyerɛase biara a wopɛ ayɛ adesua no. Esiane sɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no mu da hɔ na nkyerɛase no yɛ pɛpɛɛpɛ nti, yɛn ani gye ho sɛ yɛde ɛno bɛyɛ adesua no. Nanso yegye tom sɛ nnipa dodow no ara pɛ sɛ wɔde Bible a wɔn ani gye ho yɛ adesua no.

 Metumi ama ebinom abɛka me ho ama yɛasua ade no?

 Aane. Wopɛ a, wubetumi ama w’abusuafo nyinaa ne wo nnamfo abesua bi.

 Sɛ me ne Yehowa Adansefo asua ade pɛn a, metumi asan ne wɔn asua ade bio?

 Aane. Nea ɛwom ne sɛ, Bible adesua a yɛne nkurɔfo yɛ no seesei no, w’ani begye ho mpo asen nea wudii kan suae no, efisɛ yɛasesa mu sɛnea ebetumi aboa nkurɔfo paa nnɛ. Afei nso, mfoni ne video pii wom sen Bible adesua a na yɛyɛ no kan no. Bio nso, ɛma yetumi ne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ kyɛn kan no.

 Sɛ mempɛ sɛ me ne obiara sua Bible no a, mubetumi ama me nko ara masua?

 Aane. Nnipa dodow no ara, sɛ wɔne obi sua Bible no a na ɛboa wɔn paa. Ebinom nso wɔ hɔ a, ahyɛase no, wɔpɛ sɛ wɔn nko ara sua. Sɛ wokɔ Nneɛma a Yɛde Sua Bible afã hɔ a, wubenya nneɛma bi a ɛbɛboa wo ama woasua Bible no a yɛrennye wo sika. Nneɛma a ebetumi aboa wo no, ebi ni:

  •   Online Bible Study Lessons. Saa ɔfã yi, wutumi kyerɛ w’adwene, na ɛboa ma wunya nsɛmmisa pii a ehia paa ho mmuae. Ebi ne sɛ: Hena ne Onyankopɔn? Adɛn nti na amanehunu ne amumɔyɛsɛm abu so saa? Wohwɛ a, Onyankopɔn bɛba abeyi amanehunu afi hɔ?

  •   Bible Ho Video. Saa video ntiantiaa yi bɛma woate Bible nkyerɛkyerɛ a ɛho hia paa no ase.

  •   Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae. Nsɛm a ɛwɔ ha no bua Bible mu nsɛmmisa bebree.

  •   Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu. Bible mu nsɛm a nkurɔfo nim no yiye paa no, ɛbɛma woahu nea ɛkyerɛ.