Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 13

Nea Yɛsua Fi Yesu Sɔhwɛ Mu

Nea Yɛsua Fi Yesu Sɔhwɛ Mu

MATEO 4:1-11 MARKO 1:12, 13 LUKA 4:1-13

  • SATAN SƆƆ YESU HWƐE

Yohane bɔɔ Yesu asu wiei no, Onyankopɔn honhom de Yesu kɔɔ Yudea sare so, efisɛ na ɔwɔ nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ ɔdwendwene ho. Wɔbɔɔ Yesu asu no, “ɔsoro bueeɛ.” (Mateo 3:​16) Enti ɔkaee nneɛma a ɔsuaa wɔ soro no. Wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ ɔdwendwene ho ampa!

Yesu dii sare no so adaduanan awia ne anadwo. Adaduanan no nyinaa, aduane anka n’ano, enti na ɛkɔm bɛde no paa. Saa bere no na Satan Ɔbonsam yii ne ti bɛsɔɔ no hwɛe. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ aboɔ yi ma no nnane paanoo.” (Mateo 4:3) Ná Yesu nim sɛ ɛnyɛ ne kwan so sɛ ɔde ne tumi bɛyɛ anwonwade ama ne ho, enti wanyɛ nea Ɔbonsam kae no.

Ɔbonsam amfa anso hɔ. Ɔfaa kwan foforo so sɔɔ Yesu hwɛe. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyaa ne ho mfi asɔrefie no atifi mmra fam. Yesu antie Ɔbonsam. Ná ɔmpɛ yɛ-ma-yɛnhwɛ biara. Yesu kaa asɛm bi fii Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn hwɛ saa.

Ná Ɔbonsam nte gyae, enti ɔde sɔhwɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa bae. Ɔfaa kwan bi so de “wiase ahe­nnie nyinaa ne emu animuonyam,” kyerɛɛ Yesu. Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase som me a, mede yeinom nyinaa bɛma wo.” Ɛno nso Yesu anyɛ, na mmom ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan!” (Mateo 4:​8-​10) Yesu annyaagyaa ne ho amma saa sɔhwɛ no, efisɛ na ɔnim sɛ Yehowa nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom no. Enti ɔdii Onyankopɔn nokware.

Yɛhwɛ sɔhwɛ a ɛbaa Yesu so ne nea ɔyɛɛ wɔ ho no a, yɛbɛtumi asua biribi afi mu. Yesu sɔhwɛ no yɛ biribi a ɛsii paa. Wei kyerɛ sɛ Ɔbonsam nso yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɛnyɛ bɔne a ɛwɔ nnipa mu sɛnea ebinom ka no; mmom ɔyɛ honhom abɔde a yɛntumi mfa yɛn ani nhu no. Yesu ne Ɔbonsam asɛm yi san ma yɛhu sɛ wiase ahenni nyinaa yɛ Ɔbonsam dea, na ɔno na ne nyinaa hyɛ ne nsa. Ɛnyɛ saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na watumi de asɔ Kristo ahwɛ?

Afei nso, Ɔbonsam kaa sɛ, sɛ Yesu bɔ ne mu ase som no a, ɔsom baako pɛ no nti, ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no. Yɛn nso Ɔbonsam bɛtumi afa saa kwan no so asɔ yɛn ahwɛ. Ɔbɛtumi abue biribi so akyerɛ yɛn ama yɛn kɔn adɔ wiase ahonyade, tumi anaa anuonyam. Sɛnea sɔhwɛ no te biara, nyansa wom paa sɛ yɛbɛsuasua Yesu na yɛadi Onyankopɔn nokware! Nanso kae sɛ Ɔbonsam gyaa Yesu hɔ “kɔsii berɛ foforɔ.” (Luka 4:​13) Yɛn nso ɔremfa sɔhwɛ baako pɛ mma yɛn so na ɔnyaa yɛn, enti ɛnsɛ sɛ yɛgyaagyaa yɛn ho koraa.