Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 98

Asomafo no Hwehwɛɛ Mpaninie

Asomafo no Hwehwɛɛ Mpaninie

MATEO 20:17-28 MARKO 10:32-45 LUKA 18:31-34

  • YESU SAN KAA NE WUO HO ASƐM

  • YESU KYERƐƐ ASUAFO NO AHOBRƐASE

Bere a Yesu ne n’asuafo no faa Perea kɔpuee Yerusalem anafo fam no, wɔkɔtwaa Yordan Asubɔnten no kɔɔ Yeriko. Ná nnipa bi ka wɔn ho a wɔn nso rekɔdi afe 33 Twam afahyɛ no bi.

Ná Yesu di asuafo no anim, na na wayɛ n’adwene sɛ sɛnea ɛte biara ɔbɛdu hɔ ansa na Twam no ahyɛ ase. Nanso, na ehu aka asuafo no. Bere bi a Lasaro wui a Yesu reyɛ ahoboa afiri Perea akɔ Yudea no, Toma ka kyerɛɛ asuafo a aka no sɛ: “Momma yɛn nso yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu.” (Yohane 11:16, 47-53) Enti sɛ asuafo no bɔɔ hu sɛ wɔrekɔ Yerusalem a, ɛnyɛ nwonwa.

Ná Yesu pɛ sɛ asuafo no hu nea ɛbɛsi, enti ɔde wɔn kɔɔ nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, na wɔbɛbu no kumfɔ, na wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ ama wɔadi ne ho agorɔ na wɔaka no mpire abɔ no asɛndua mu, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.”—Mateo 20:18, 19.

Wei ne mprɛnsa so a Yesu kaa ne wuo ne ne wusɔre ho asɛm kyerɛɛ asuafo no. (Mateo 16:21; 17:22, 23) Nanso, afei deɛ, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛkum no asɛndua so. Wɔtee nea Yesu kae no, nanso wɔante ase. Ɛbɛtumi aba sɛ na wɔsusu sɛ Israel ahemman no bɛsan agyina ne nan so, na wɔne Kristo bɛdi hene wɔ asase so ama wɔanya nidi ne anuonyam.

Ná Salome ka akwantufo no ho, na ɛbɛyɛ sɛ ne mma ne asomafo Yakobo ne Yohane. Sɛnea na asomafo mmienu no suban te nti, Yesu maa wɔn din bi a ɛkyerɛ “Aprannaa Mma.” (Marko 3:17; Luka 9:54) Ná asuafo mmienu no pɛ dibea kɛse wɔ Kristo Ahenni no mu, na na wɔn maame nim. Enti ɔkɔbuu nkotodwe wɔ Yesu anim sɛ ɔde ho adesrɛ rekɔto n’anim. Yesu bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ?” Ɔbaa no nso yii n’ano sɛ: “Hyɛ ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa na baako nso ntena wo benkum wɔ w’ahennie mu.”—Mateo 20:20, 21.

Wohwɛ mu a, wotumi hu sɛ Yakobo ne Yohane na wɔyii wɔn anim hyɛɛ wɔn maame. Ná Yesu adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ ɔbɛfa animguase mu, enti afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom deɛ merebɛnom no?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛbɛtumi.” (Mateo 20:22) Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no nyinaa, na wɔnnya ntee Yesu asɛm no ase.

Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nom deɛ mobɛnom, na me nifa ne me benkum so tena no deɛ, ɛnyɛ me dea na mede ama, na mmom ɛyɛ wɔn a m’Agya asiesie ama wɔn no dea.”—Mateo 20:23.

Bere a asomafo du a aka no tee nea Yakobo ne Yohane akɔbisa Yesu no, wɔn bo fuu paa. Yɛnim sɛ na asomafo no agye akyinnye wɔ nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho. Bere a saa asɛm no sii no, wohwɛ mu a, gyama Yakobo ne Yohane na na wɔn ano yɛ den wom. (Luka 9:46-48) Yɛrentumi nsi no pi, nanso wohwɛ nea ɛkɔɔ so no a, wohu sɛ asomafo 12 no amfa ahobrɛase ho afotuo a Yesu de maa wɔn no anyɛ adwuma. Ná mpaninie adi wɔn tirim dɛm.

Yesu huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔtene wɔn adwene ma wɔgyae suban a ɛde akameakame ba wɔn ntam no. Ná Yesu dɔ asomafo 12 no, enti ɔfrɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ: “Monim sɛ wɔn a wɔbu wɔn sɛ amanaman sodifoɔ no di wɔn so bakoma na wɔn mu atitire no di wɔn so tumi. Nanso ɛnte saa mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ ɔsomfoɔ, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo nyinaa akoa.”—Marko 10:42-44.

Afei ɔde ɔno ara ne ho yɛɛ asuade maa wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔrebɛsom de ne kra ayɛ agyedeɛ de agye nnipa bebree.” (Mateo 20:28) Ná Yesu de mfe mmiɛnsa asom nkurɔfo, nanso na ɔnwiei. Afei koraa na na ɔrebɛyɛ ne kɛse, efisɛ na ɔrebɛwu mpo ama adasamma. Ná Yesu wɔ ahobrɛase, enti wantena hɔ amma nkurɔfo ansom no. Ɔbrɛɛ ne ho ase som sɛ akoa. Saa suban no na ɛsɛ sɛ n’asuafo nya; ɛnsɛ sɛ wɔpere mpaninie.