Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo 15:1-58

  • Kristo wusɔre (1-11)

  • Owusɔre no ma yenya gyidi (12-19)

  • Kristo wusɔre no yɛ nnyinaso (20-34)

  • Honam nipadua ne honhom nipadua (35-49)

  • Nea enwu ne nea ɛmporɔw (50-57)

  • Monyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu (58)

15  Afei anuanom, merekae mo asɛmpa a meka kyerɛɛ mo,+ a mo nso mugye toom, na mukura mu no.  Sɛ mukura asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no mu denneennen a, ɛnde na wɔnam so regye mo nkwa. Anyɛ saa a, ɛnde na mobɛyɛɛ gyidifo kwa.  Na nneɛma a edi kan a me nso minyae a mede maa mo no, ebi ne sɛ, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no.+  Wosiee no,+ yiw, na da a ɛto so abiɛsa+ no, wonyan no,+ sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no;+  na oyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa,*+ ɛnna afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Dumien no.+  Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro 500 bere koro mu.+ Ɛwom, wɔn mu binom awuwu,* nanso wɔn mu dodow no ara da so ne yɛn wɔ hɔ.  Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo,+ ne afei asomafo no nyinaa.+  Nea etwa to koraa no, oyii ne ho adi kyerɛɛ me+ a mete sɛ obi a ne bere anso na wɔwoo no no.  Na mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu, na memfata sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metan Onyankopɔn asafo no ani.+ 10  Nanso Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi. Na adom a ɔde adom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛɛ adwuma pii sen wɔn a aka nyinaa. Nanso ɛnyɛ me na meyɛe; mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no ntia. 11  Nso sɛ ɛyɛ me oo, sɛ ɛyɛ wɔn oo, saa na yɛka asɛm no, na saa na moagye adi. 12  Afei, sɛ yɛreka sɛ wɔanyan Kristo afi awufo mu+ a, ɛnde adɛn nti na mo mu bi ka sɛ awufo rennya owusɔre? 13  Na sɛ awufo rennya owusɔre a, ɛnde na wɔannyan Kristo nso. 14  Na sɛ wɔannyan Kristo a, ɛnde yɛn asɛnka yɛ kwa, na mo gyidi nso yɛ kwa. 15  Bio nso, sɛ ɛyɛ ampa sɛ wɔrennyan awufo, ɛnna yɛreka sɛ Onyankopɔn anyan Kristo a, ɛnde na yɛadi adanse atia Onyankopɔn,+ na wobebu yɛn sɛ yedi Onyankopɔn ho adanse a ɛnyɛ nokware.+ 16  Na sɛ wɔrennyan awufo a, na ɛkyerɛ sɛ wɔannyan Kristo nso. 17  Bio nso, sɛ wɔannyan Kristo a, ɛnde na mo gyidi so nni mfaso, na moda so ara wɔ mo bɔne mu.+ 18  Ɛbɛkyerɛ nso sɛ, wɔn a wɔawuwu* wɔ Kristo mu no ayera korakora.+ 19  Sɛ asetena yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidaso a, ɛnde na yɛn na yɛyɛ mmɔbɔ paa wɔ nnipa nyinaa mu. 20  Nanso afei wɔanyan Kristo afi awufo mu. Ɔno na ɔyɛ wɔn a wɔawuwu* no aba a edi kan.+ 21  Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae+ no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bɛba.+ 22  Na sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu+ no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.+ 23  Nanso obiara ne ne bere: Kristo ne aba a edi kan+ no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.+ 24  Ɛno akyi na awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no bɛhyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa, bere a watu aban nyinaa ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu no.+ 25  Na ɛsɛ sɛ odi hene kosi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa begu ne nan ase.+ 26  Na ɔtamfo a otwa to a obetu n’ase ne owu.+ 27  Na Onyankopɔn “de nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Na sɛ ɔka sɛ ‘wɔde nneɛma nyinaa agu ne nan ase’+ a, emu da hɔ pefee sɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no nka ho bi.+ 28  Na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase,+ na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.+ 29  Anyɛ saa a, anka wɔn a wɔbɔ wɔn asu kɔ owu mu no, mfaso bɛn na ɛwɔ so ma wɔn?+ Na sɛ wɔrennyan awufo koraa a, ɛnde adɛn nti na wɔbɔ wɔn asu kɔ owu mu? 30  Adɛn nti nso na bere* biara yɛwɔ asiane mu?+ 31  Da biara, me ne owu bɔ mpunimpu. Anuanom, eyi yɛ nokware turodoo te sɛ ahurusi a midi wɔ mo ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no. 32  Sɛ me ne mmoa* koe wɔ Efeso+ sɛnea ebinom yɛe* no a, mfaso bɛn na ɛwɔ so ma me? Sɛ wɔrennyan awufo a, ɛnde “momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”+ 33  Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.+ 34  Momma mo ani nna hɔ wɔ trenee mu, na monntena bɔne mu, efisɛ ebinom nni Onyankopɔn ho nimdeɛ. Merekasa de ahyɛ mo aniwu. 35  Nanso obi bebisa sɛ: “Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so anyan awufo? Nipadua bɛn mpo na wɔde bɛba?”+ 36  Onipa a wunni adwene! Wudua ade a, ɛrennya nkwa, gye sɛ edi kan wu ansa. 37  Wudua ade a, sɛ ɛyɛ hwiit* oo, sɛ ɛyɛ biribi foforo biara oo, ɛnyɛ dua a ebenyin abɛyɛ no na wudua, na mmom aba kɛkɛ na wudua. 38  Nanso Onyankopɔn ma nea woadua no nyin bɛyɛ dua a ɔpɛ; aba biara ne dua a ɔma enyin bɛyɛ. 39  Ɔhonam nyinaa nyɛ honam koro. Ɛsono nnipa honam, ɛnna ɛsono afieboa* honam; ɛsono nnomaa honam, ɛnna ɛsono mpataa honam. 40  Na ɔsoro nipadua wɔ hɔ,+ ɛnna asaase so nipadua wɔ hɔ;+ ɔsoro nipadua anuonyam nko, ɛnna asaase so nipadua de nko. 41  Owia anuonyam nko, ɔsram anuonyam nko,+ ɛnna nsoromma nso anuonyam nko. Na nsoromma mpo, emu biara ne n’anuonyam. 42  Saa ara na owusɔre a awufo benya no te. Wodua no nea ɛporɔw mu; wonyan no nea ɛmporɔw mu.+ 43  Wodua no animguase mu; wonyan no anuonyam mu.+ Wodua no mmerɛwyɛ mu; wonyan no tumi mu.+ 44  Wodua no honam nipadua; wonyan no honhom nipadua. Sɛ honam nipadua wɔ hɔ a, ɛnde honhom nipadua nso wɔ hɔ. 45  Saa ara nso na wɔakyerɛw sɛ: “Onipa a odi kan, Adam, bɛyɛɛ ɔteasefo.”*+ Adam a odi akyiri no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.+ 46  Nanso, ɛnyɛ honhom mu de no na edi kan. Mmom honam mu de no na edi kan, na ɛno akyi no, honhom mu de no adi hɔ. 47  Onipa a odi kan no fi asaase so, na wɔde dɔte na ɛyɛɛ no;+ onipa a ɔto so abien no fi soro.+ 48  Wɔn a wɔde dɔte yɛɛ wɔn no, wɔte sɛ nea wɔde dɔte yɛɛ no no. Na wɔn a wɔwɔ soro no, wɔte sɛ nea ofi soro bae no.+ 49  Na sɛnea yɛayɛ te sɛ nea wɔde dɔte yɛɛ no no,+ saa ara nso na yɛbɛyɛ sɛ nea ofi soro no.+ 50  Nanso anuanom, nea mereka akyerɛ mo ne sɛ, honam ne mogya rentumi nnya Onyankopɔn Ahenni, na saa ara na nea ɛporɔw rentumi nnya nea ɛmporɔw. 51  Hwɛ! Mereka ahintasɛm kronkron bi akyerɛ mo: Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebewuwu,* na mmom yɛn nyinaa bɛsesa,+ 52  ntɛm so, anibu mu, torobɛnto a etwa to no mu. Na torobɛnto no bɛbɔ,+ na wobenyan awufo sɛ wɔn a wɔmporɔw, na yɛbɛsesa. 53  Na ɛsɛ sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw,+ na nea ewu yi hyɛ nea entumi nwu da.+ 54  Na sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw, na nea ewu yi hyɛ nea entumi nwu da no a, ɛno na asɛm a wɔakyerɛw no bɛba mu sɛ: “Wɔamene owu afebɔɔ.”+ 55  “Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?”+ 56  Ade a ɛwowɔ a ɛde owu ba ne bɔne,+ na Mmara no na ɛma bɔne nya tumi.+ 57  Nanso aseda nka Onyankopɔn, efisɛ ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yedi nkonim!+ 58  Enti me nuanom adɔfo, muntintim,+ munnhinhim, monyɛ pii+ wɔ Awurade adwuma no mu daa, na munim sɛ mo brɛ renyɛ ɔkwa+ Awurade mu.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Nt., “adeda.”
Nt., “wɔadeda.”
Nt., “wɔadeda.”
Anaa “dɔn.”
Anaa “nkekaboa; mmoa a wɔn ho yɛ hu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “sɛnea ɛte wɔ nnipa ani so.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “mmoa a wɔn nan yɛ anan.”
Anaa “ɔkra teasefo.”
Nt., “yɛbɛdeda.”