Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Paradise

Paradise

Dɛn ne Paradise?

NEA NKURƆFO KA

Ebinom susuw sɛ nsɛm a wɔka fa Paradise ho no yɛ anansesɛm ara kwa. Afoforo nso gye di sɛ ɛyɛ beae bi a ɛte sɛ turo a wɔka ho asɛm wɔ ayɛsɛm mu a nnipa pa te hɔ daa a wɔwɔ anigye na wɔyɛ nneɛma a ɛma akomatɔyam.

NEA BIBLE KA

Wɔde asɛmfua “paradise” no kyerɛ nnipa fie a edi kan a ɛne Eden turo. (Genesis 2:7-15) Bible ka sɛ saa turo no yɛ beae bi ankasa a nnipa baanu a wodi kan no tenae a na ɔyare ne owu nni hɔ. (Genesis 1:27, 28) Esiane sɛ nnipa baanu a wodi kan yi antie Onyankopɔn asɛm nti, wɔn paradise fie no fii wɔn nsa. Nanso, Bible nkɔmhyɛ pii ka daakye bi a nnipa bɛsan anya Paradise ho asɛm.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WOMA EYI HO HIA WO?

Sɛ Onyankopɔn wɔ ɔdɔ a, ɛnde ntease wom sɛ ɔbɛma n’asomfo a wodi no nokware no anya asetena pa wɔ beae bi te sɛ Paradise. Ntease wom nso sɛ ɔka nea ehia sɛ nnipa yɛ na ama wɔatumi anya Onyankopɔn anim dom kyerɛ wɔn. Bible ka sɛ, sɛ wusua Onyankopɔn ho ade na wudi ne mmara nsɛm so a, wubetumi anya n’anim dom.—Yohane 17:3; 1 Yohane 5:3.

“Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden, . . . na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee no no kɔtenae.”Genesis 2:8.

 Ɛhefa na Paradise wɔ?

NEA NKURƆFO KA

Ebinom gye di sɛ Paradise wɔ soro, na afoforo nso kyerɛ sɛ ɛbɛba asase so daakye.

NEA BIBLE KA

Ná Paradise a edi kan a na nnipa te hɔ no wɔ asase so. Onyankopɔn bɔɔ asase no sɛ ofie a nnipa bɛtena mu daa. Bible ka sɛ, Onyankopɔn bɔɔ asase a yɛte so yi sɛ ɛntena hɔ daa. (Dwom 104:5) Ɛsan ka sɛ: “Ɔsoro yɛ Yehowa soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.”—Dwom 115:16.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no hyɛ bɔ sɛ asase no bɛdan Paradise. Onyankopɔn bɛma nnipa atena ase daa wɔ so. Biakoyɛ ne asomdwoe bɛtena wɔn ntam. Ɛyaw ne amanehunu befi hɔ. Na nnipa betumi anya asase so nneɛma a ɛyɛ nwonwa no so mfaso bere nyinaa.—Yesaia 65:21-23.

“Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, . . . na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Henanom na wɔbɛtena Paradise?

NEA NKURƆFO KA

Ɔsom ahorow pii kyerɛkyerɛ sɛ nnipa pa nkutoo na wɔbɛtena Paradise. Nanso, nnipa pii adwene nhyia wɔ nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na wɔabu no sɛ ɔyɛ onipa “pa” no ho. Ebinom susuw sɛ nneɛma a wɔyɛ wɔ ɔsom mu a wobɛyɛ bi ne mpae ahorow bi a wubetĩ mu abɔ mpɛn pii no nkutoo bɛma wɔabu wo sɛ woyɛ onipa pa.

NEA BIBLE KA

Bible ka sɛ “treneefo” bɛtena Paradise. Nanso hena na Onyankopɔn bu no treneeni? Ɛnyɛ obi a ɔyɛ ne som mu nneɛma ahorow nanso ɔnyɛ Onyankopɔn apɛde. Bible ka sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyew afɔre ne ayɛyɛde sen osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa anaa? Hwɛ! Osetie ye sen afɔre.” (1 Samuel 15:22) Sɛ yɛbɛka no tiawa a, “treneefo” a wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise no ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara nsɛm a ɛwɔ Bible mu no so.

NEA WUBETUMI AYƐ

Onyankopɔn mmara nsɛm a wubedi so no nkyerɛ sɛ wobɛyɛ ɔsom mu nneɛma ahorow bi kɛkɛ. Wonam sɛnea wobɔ wo bra da biara da no so betumi asɔ Onyankopɔn ani anaa woayɛ nea ɔmpɛ. Wubetumi ahu sɛnea wobɛsɔ Onyankopɔn ani bere a wotɔ wo bo ase sua Bible no yiye no. Ɛnyɛ den sɛ wobɛsɔ n’ani. Bible ka sɛ, “n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Onyankopɔn pɛ paa sɛ ɔbɛma woakɔ Paradise de atua osetie a woyɛ ma no no so ka.

“Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dwom 37:29.