Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Sɔhwɛ?

Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Sɔhwɛ?

 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho.” (Romafo 7:21) Woate nka saa pɛn? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi betumi aboa wo ma woako atia sɔhwɛ.

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Atipɛnfo nhyɛso ne sɔhwɛ na ɛnam. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ka sɛ “fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Nhyɛso a efi afoforo hɔ anaa nea yɛte wɔ radio, TV, ne intanɛt so no betumi ama yɛanya akɔnnɔ a ɛmfata wɔ yɛn komam, na ebetumi mpo atwetwe yɛn ama yɛakodi ‘nnipa dodow akyi akɔyɛ bɔne.’—Exodus 23:2.

 “Sɛ wopɛ sɛ nkurɔfo pɛ w’asɛm a, anhwɛ a nea nkurɔfo yɛ biara, wobɛyɛ bi de asɔ wɔn ani.”—Jeremy.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ woma nea nkurɔfo besusuw afa wo ho haw wo dodo a, adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ wobɛko atia sɔhwɛ?—Mmebusɛm 29:25.

 Nea yɛreka akosi: Mma wo nnamfo nhyɛ wo mma wonyɛ ade a wugye di sɛ enye.

 Nea wubetumi ayɛ

 Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea wugye di no ase. Nea wugye di no, sɛ wonte ase a, wubetumi ayɛ sɛ abaduaba bi a nkurɔfo di ho agorɔ. Eye pa ara sɛ wode Bible mu afotu yi bɛyɛ adwuma: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ; munkura nea eye mu pintinn.” (1 Tesalonikafo 5:21) Dodow a worete wo gyidi ase yiye no, dodow no ara na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubesi pi na woako atia sɔhwɛ.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Adɛn nti na wugye di sɛ wode Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo?

 “Mede m’ani ato fam ahu sɛ, bere biara a mede me nan besi fam ayɛ nea minim sɛ eye, na mɛko atia sɔhwɛ no, ebewie ase no na obu a nkurɔfo wɔ ma me no ayɛ kɛse.”—Kimberly.

 Bible mu nipa a wubetumi asuasua no: Daniel. Ɛbɛyɛ sɛ bere a na Daniel da so ara yɛ aberantewaa no, “osuaee ne komam” sɛ obedi Onyankopɔn mmara so.—Daniel 1:8.

Nea wugye di no, sɛ wonte ase a, wubetumi ayɛ sɛ abaduaba bi a nkurɔfo di ho agorɔ

 Hu wo mmerɛwyɛ. Bible ka “mmerantebere mu akɔnnɔ” ho asɛm. Ɛno ne atenka a emu yɛ den a mmabun nya bere a wɔrenyin no. (2 Timoteo 2:22) Ɛnyɛ nna ho akɔnnɔ nko ara na wonya, na mmom ɛyɛ a wɔpɛ sɛ wɔn atipɛnfo gye wɔn tom. Afei nso, ɛyɛ a wɔpɛ sɛ wɔtew wɔn ho bere a wonnyinii.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Bible ka sɛ “nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.” (Yakobo 1:14) Ɛyɛ a, akɔnnɔ bɛn na egyigye wo pa ara?

 “Bisa wo ho sɛ: Sɔhwɛ ahorow bɛn na ɛtaa gyigye me pa ara? Nea wobɛyɛ de ako atia no, yɛ ho nhwehwɛmu na kyerɛw nea wopɛ sɛ wode yɛ adwuma no. Ɛba saa a, bere foforo a wubehyia sɔhwɛ a ɛte saa no, wubehu nea wobɛyɛ de ako atia.”—Sylvia.

 Bible mu nipa a wubetumi asuasua no: Dawid. Ɛtɔ da a, na afoforo hyɛ no ma ɔyɛ nea enye anaa n’akɔnnɔ daadaa no. Nanso Dawid suaa biribi fii nea ɛtoo no no mu, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ, “Bɔ koma a emu tew ma me, na fa honhom foforo a ase atim hyɛ me mu.”—Dwom 51:10.

 Hyɛ wo ho so. Bible ka sɛ: “Mma bɔne nnni wo so nkonim.” (Romafo 12:21) Wei kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ woma sɔhwɛ di wo so nkonim. Wubetumi apaw sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ wuhyia tebea bi a ebetumi asɔ wo ahwɛ a, ‘dɛn na wobɛyɛ na woayɛ nea ɛteɛ,’ na sɔhwɛ no anni wo so nkonim?

 “Ɛyɛ a, midwinnwen sɛnea mɛte nka bere a mama sɔhwɛ bi adi me so nkonim no ho. Mibisa me ho sɛ: M’ani begye anaa? Ebia m’ani begye bere tiaa bi. Nanso sɛ bere kakra twam a, m’ani bɛkɔ so agye anaa? Dabi, ɛbɛhaw me pa ara. Ɛnde, adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema sɔhwɛ no di me so?”—Sophia.

 Bible mu nipa a wubetumi asuasua no: Paulo. Ɛwom, ogye toom sɛ ɔwɔ mmerɛwyɛ, nanso otumi hyɛɛ ne ho so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Midi me nipadua nya, na mehyɛ no sɛ akoa.”—1 Korintofo 9:27.

 Nea yɛreka akosi: Sɔhwɛ ba a, sɛ ebedi wo so oo, sɛ wubedi so oo, egyina wo so.

 Kae sɛ, sɔhwɛ ba a, ɛnkyɛ. Ababaa bi a wadi mfe 20 a ne din de Melissa ka sɛ, “Bere a mewɔ ntoaso sukuu no, nneɛma a na ɛsɔ me hwɛ no pii wɔ hɔ a, seesei mimmu no sɛ ɛyɛ sɔhwɛ mpo. Sɛ midwinnwen wei ho a, ɛma mihu sɛ sɔhwɛ ahorow a seesei merehyia no, daakye sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, mehu pa ara sɛ mammrɛ angu sɛ meko tiae.”