Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?

 Sɛ nea edidi so yi bi to wo a, dɛn na anka wobɛyɛ?

  1.   Fa no sɛ, na woreyɛ asoɔden wɔ sukuu mu, ɛnna wo tikya twee w’aso.

     Wobɛpa no kyɛw? Sɛ mpo wote nka sɛ nea woyɛe no, na ɛho nhia sɛ ɔtwe w’aso wɔ ho a, wobɛpa no kyɛw anaa?

  2.   Fa no sɛ, w’adamfo bi ate sɛ, woakɔka ne ho asɛmmɔne bi.

     Wobɛpa no kyɛw? Sɛ mpo wote nka sɛ, edi sɛ wokaa saa asɛm no faa ne ho a, wobɛpa no kyɛw anaa?

  3.   Fa no sɛ, wo papa ne wo rekasa, ɛnna wo bo fuwii. Woantumi anhyɛ wo ho so nti, wokekaa bi kyerɛɛ no.

     Wobɛpa no kyɛw? Sɛ mpo wote nka sɛ ɔno na ɔhyɛɛ wo abufuw ɛ?

 Sɛ nea yɛaka ho asɛm yi bi to wo a, ɛbɛyɛ papa sɛ wopa kyɛw. Nanso, sɛ wote nka sɛ mfomso nhyɛ da nni nea woyɛe no ho mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka “mepa wo kyɛw?”

 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wopa kyɛw?

  •   Sɛ wopa kyɛw a, ɛkyerɛ sɛ worenyin. Sɛ wudi mfomso na wugye tom a, ɛkyerɛ sɛ woresua suban ahorow a ɛbɛboa wo ama woabɛyɛ panyin pa daakye.

     “Sɛ wowɔ abotare na wobrɛ wo ho ase a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛpa kyɛw. Afei, sɛ nea woafom no no reka sɛnea ɔte nka a, wubenya abotare atie no.”—Rachel.

  •   Sɛ wopa kyɛw a, ɛma wutumi siesie wo ne afoforo ntam. Sɛ obi taa ka “Mepa wo kyɛw” a, ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ asomdwoe. Obi a ɔte saa no, ɛnyɛ nea ehia no ne sɛ ɔbɛma nkurɔfo ahu sɛ, ɔno na n’asɛm yɛ dɛ.

     “Sɛ w’asɛm yɛ dɛ mpo a, ɛsɛ sɛ woma asomdwoe ho hia wo. Sɛ woka ‘mepa wo kyɛw’ a, wuntua hwee, nanso ɛbɛboa wo ama wo ne wo nnamfo ntam ayɛ kama.”—Miriam.

  •   Sɛ wopa kyɛw a, ɛma wo ho tɔ wo. Sɛ woka asɛm bi anaa woyɛ biribi ma ɛhaw obi, na akyiri yi, wuhu sɛ na anka ɛnsɛ sɛ woyɛ saa a, ebetumi agyaw wo kɔdaanna. Nanso sɛ wunya pa kyɛw pɛ, wutumi hu sɛ adesoa bi afi wo so. a

     “Ɛtɔ da a, mitumi teatea me maame anaa me papa. Ɛba saa a, na mayɛ basaa, nanso ɛyɛ a ɛyɛ me den sɛ mɛpa wɔn kyɛw. Sɛ mimia m’ani pa wɔn kyɛw na mihu sɛ asomdwoe aba fie a, na me ho atɔ me.”—Nia.

    Sɛ woka asɛm bi anaa woyɛ biribi ma ɛhaw obi, na akyiri yi, wuhu sɛ anka ɛnsɛ sɛ woyɛ saa a, ebetumi agyaw wo kɔdaanna; nanso sɛ wunya pa kyɛw pɛ, wutumi hu sɛ adesoa bi afi wo so

 Egye mmɔdenbɔ na ama obi atumi apa kyɛw anaa? Yiw! Ná ababaa bi a ne din de Dena taa yɛ ne maame so asoɔden, enti na ɔtaa pa kyɛw. Ɔka sɛ: “Ɛnna fam sɛ mɛka ‘mepa wo kyɛw.’ Wobɛka sɛ gyama biribi hyɛ me menem a asiw saa asɛm no kwan!”

 Wobɛyɛ dɛn aka “mepa wo kyɛw”?

  •   Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ara kɔ onipa no hɔ kɔpa no kyɛw. Sɛ wo ara wokɔ onipa a woafom no no anim kɔpa ne kyɛw a, ɛbɛma wahu sɛ, woanu wo ho ampa. Sɛ wokyerɛw text message kɔpa ne kyɛw a, anhwɛ onnye nni sɛ nea woreka no fi wo komam. Sɛ wode emoji anaa mfoni a ɛkyerɛ sɛ wo werɛ ahow mpo ka ho a, ebia ɔremfa w’asɛm no aniberesɛm anaa onnye nni sɛ woanu wo ho ankasa.

     Afotu: Sɛ worentumi nkɔ onipa no anim nkɔpa ne kyɛw a, wubetumi akyerɛw biribi agu kaad so akɔma no, wopɛ nso a, wubetumi afrɛ no fon so. Sɛ kaad na wode bɛkɔ akɔma no oo, sɛ wobɛfrɛ no fon so oo, ɛyɛ a dwen asɛm a wobɛka no ho yiye.

     Bible mu afotusɛm: “Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae.”—Mmebusɛm 15:28.

  •   Pa kyɛw ntɛm ara. Sɛ woyɛ obi bɔne, na woampa no kyɛw ansiesie asɛm no ntɛm a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa. Wuhyia no mpo a, na wo yam ahye wo. Ɛba saa a, w’ani rennye.

     Afotu: Fa si w’ani so sɛ, ebia ‘Ɛnnɛ wobɛkɔ akɔpa no kyɛw.’ Pɛ da ne bere bi a wubetumi akɔpa no kyɛw, na bɔ mmɔden sɛ wubedi so.

     Bible mu afotusɛm: “Wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm.”—Mateo 5:25.

  •   Fi wo koma mu pa kyɛw. Obi wɔ hɔ na ɔfom obi a, nea ɔka ne sɛ, “Nea meyɛe no, sɛ manyɛ no yiye a, mepa wo kyɛw.” Saa asɛm no nyɛ kyɛwpa! Ababaa bi ne din de Janelle ka sɛ, “Sɛ wofom obi na wugye tom sɛ woanyɛ no yiye, na nea woayɛ no bɔne no hu a, ɛma onya obu ma wo.”

     Afotu: Nhwɛ kwan sɛ nea wo ne no anya asɛm no begye ne mfomso atom ansa na woapa no kyɛw. Ɛnsɛ sɛ woma no yɛ te sɛ, ‘Sɛ mɛpa kyɛw a, gye sɛ wugye tom sɛ wo nso woanyɛ no yiye.’

     Bible mu afotusɛm: ‘Momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba akyi.’—Romafo 14:19

a Sɛ obi biribi bedi wo nsam na woyera no anaa wosɛe no a, ɛnyɛ kyɛwpa nko ara na ɛsɛ sɛ wode ma no, mmom ɛsɛ sɛ wusiesie ade a asɛe no anaa wotɔ n’ade ma no.