Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ Nkurɔfo Nnye Me Ntom a, Menyɛ Dɛn?

Sɛ Nkurɔfo Nnye Me Ntom a, Menyɛ Dɛn?

 “Sɛ wo ne nkurɔfo anhwe ammom a, worennya nnamfo da, wobɛyɛ ankonam. Obiara beyi wo baako ahyɛ wo nsa.”—Carl.

 Ɛyɛ wo sɛ Carl rehããhãã n’ani anaa? Ebia. Nanso, ebinom de, wɔbɛyɛ biribiara na ama nkurɔfo agye wɔn atom no. Wo nso ɛ? Asɛm yi bɛboa wo ama woahu sɛnea wubenya nnamfo pa.

 Adɛn nti na ebinom pɛ sɛ afoforo gye wɔn tom?

  •   Wɔmpɛ sɛ wɔn nnamfo beyi wɔn baako ahyɛ wɔn nsa. “Ɛtɔ da a, me nnamfonom tumi kogye wɔn ani nanso wɔmfrɛ me. Sɛ mihu sɛ mfoni a wotwae a egu sohyial media so no, menka ho a, na biribi reyɛ ayɛ me. Mitumi bisa me ho sɛ, Bɔne bɛn paa na mayɛ a enti wɔayi me baako ahyɛ me nsa yi?”—Natalie.

     BIRIBI A ƐSƐ SƐ WUSUSUW HO: Woate nka sɛ wo nnamfo ayi wo baako ahyɛ wo nsa pɛn? Woyɛɛ biribi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wo atom anaa? Woyɛɛ dɛn?

  •   Wɔmpɛ sɛ wɔbɛtɔ mu. “M’awofo mpɛ sɛ mede mobal fon bedi dwuma, enti sɛ me sukuufo bisa me sɛ memfa me nɔma mma wɔn a, ɛyɛ a, meka kyerɛ wɔn sɛ minni fon. Ɛba saa a, wobisa me sɛ, ‘Ah, woadi mfe sɛn?’ Sɛ meka sɛ madi mfe 13 a, na wɔreserew me.”—Mary.

     BIRIBI A ƐSƐ SƐ WUSUSUW HO: Mmara bɛn na w’awofo ahyɛ a ebetumi ama woate nka sɛ woatɔ mu? Wobɛyɛ dɛn adi saa mmara no so?

  •   Wɔmpɛ sɛ nkurɔfo besisi wɔn. “Me sukuufo pii mpɛ sɛ wɔne obi a ɛsono sɛnea ɔyɛ n’ade ne sɛnea ɔkasa bɛbɔ. Ɛtɔ da mpo a, wohu sɛ ɛsono wo som a, wɔmpɛ sɛ wɔne wo bɛbɔ. Enti sɛ wohu sɛ ɛsono sɛnea woyɛ w’ade a, wɔte nka sɛ wobetumi asisi wo.”—Olivia.

     BIRIBI A ƐSƐ SƐ WUSUSUW HO: Esiane sɛ ɛsono sɛnea woyɛ w’ade nti, nkurɔfo asisi wo pɛn anaa? Dɛn na woyɛe?

  •   Wɔmpɛ sɛ wɔbɛhwere wɔn nnamfo. “Nea na m’atipɛnfo yɛ no, na mebɔ mmɔden biara sɛ mɛyɛ bi, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye me atom. Misuasuaa sɛnea wɔkasa mpo. Asɛm a ɛnyɛ serew koraa, na mereserew. Ɛtɔ da na mihu sɛ wɔredi afoforo ho fɛw a, mitumi hu sɛ nea wɔreyɛ no nye, nanso ɛyɛ a na makɔka wɔn ho.”—Rachel.

     BIRIBI A ƐSƐ SƐ WUSUSUW HO: W’atipɛnfo a wobegye wo atom no ho hia wo anaa? Wopɛ sɛ wogye wo tom ara nti, woasesa sɛnea wokasa anaa sɛnea woyɛ w’ade anaa?

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  •   Sɛ wusuasua nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wo atom a, ebetumi akɔ atia wo. Adɛn ntia? Efisɛ ebinom wɔ hɔ a, sɛnea woyɛ w’ade no, wotumi hu sɛ ɛnyɛ saa na wote ankasa. Brian adi mfe 20. Ɔka sɛ, “Sɛ me ne me sukuufo wɔ hɔ na mesesa sɛnea meyɛ m’ade a, mihu sɛ wɔn ani nnye nea mereyɛ no ho. Enti masua sɛ, sɛ woansesa sɛnea wote a, eye paa. Efisɛ, sɛ woyɛ nyaatwom a, nkurɔfo hu.”

     ƆKWAN PA A WUBETUMI AFA SO: Nneɛma a ehia wo paa no, dwinnwen ho. Bible no ka sɛ: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filipifo 1:10) Enti bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma mmienu yi mu nea ɛwɔ he paa na ehia me: Sɛ́ mesuasua wɔn a ɛsono wɔn abrabɔ na wɔagye me atom, anaa sɛ́ mɛma wɔahu sɛnea mete ankasa?’

     “Sɛ wusuasua sɛnea afoforo yɛ wɔn ade na ama wɔagye wo atom a, worennya mfaso biara. Ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma nkurɔfo apɛ w’asɛm anaa ɛbɛma woayɛ nipa papa.”—James.

  •   Sɛ woyɛ nea ɛbɛma obiara agye wo atom a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛma afoforo ahu sɛnea wote ankasa. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ ade de sɔ nkurɔfo ani a, wobɛyɛ te sɛ “abaduaba”; nea nkurɔfo pɛ nko ara na wɔde wo bɛyɛ. Aberante bi wɔfrɛ no Jeremy ka sɛ, “Ná mepɛ sɛ m’atipɛnfo gye me tom, enti nea na meyɛ biara mfa me ho; sɛ ɛbɛsɛe me din mpo a, na ɛnhaw me. Eduu baabi no, na nea wɔpɛ nko ara na wɔde me yɛ. Ná mete sɛ abaduaba bi wɔ wɔn ani so.”

     ƆKWAN PA A WUBETUMI AFA SO: Nneɛma a woasua a wunim sɛ ɛyɛ papa no, fa bɔ wo bra. Nyɛ wo ho te sɛ ɔbosomaketew a ɔdannan ne ho. Edi sɛ Bible ka sɛ: “Nni nkurɔfo akyi nyɛ nea wɔreyɛ no bi.”—Exodus 23:2, Holy Bible—Easy-to-Read Version.

     “Biribiara a na me sukuufo pɛ no, na me nso mepɛ; nnwom a wotie, agorɔ a wodi, ntaade a wɔhyɛ, sɛnea wosiesie wɔn ho, kyerɛ sɛ, na mepɛ sɛ meyɛ te sɛ wɔn pɛpɛɛpɛ. Ɛyɛ me sɛ, wohuu sɛ ɛnyɛ saa na mete ankasa. Me koraa mihui sɛ masesa. Me werɛ howee na mebɛyɛɛ ankonam. Ná masesa abɛyɛ onipa foforo koraa. Ná minnim sɛnea mete koraa bio, nea na mepɛ ne nneɛma a m’ani gye ho nyinaa, na minhu baabi a afa. Mibehui sɛ, ɛnyɛ obiara na ɔbɛpɛ w’asɛm anaa obegye wo atom. Wei nso nkyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ wofa nnamfo. Kae sɛ, egye bere na woanya nnamfo pa, na woanyin abɛyɛ panyin pa.”—Melinda.

  •   Sɛ woyɛ ade a ɛbɛma obiara agye wo atom a, ebetumi asɛe w’abrabɔ. Aberante bi a wɔfrɛ no Chris wɔ nuabarima bi. Chris kaa sɛ, asɛm bi a ɛtoo ne nuabarima no ma ohui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Chris kaa sɛ, “Esiane sɛ na me nua no pɛ sɛ nkurɔfo gye no tom nti, ofii ase yɛɛ nneɛma bi a anka ɔrenyɛ da. Ofii ase nom nnubɔne. Ɔnom nnubɔne araa ma ɛkaa ne hɔ. Ɛkaa dɛ, anka nnubɔne reyɛ akum no.”

     ƆKWAN PA A WUBETUMI AFA SO: Nkurɔfo a wunim sɛ wɔn kasa ne wɔn abrabɔ nye no, twe wo ho fi wɔn ho. Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.”—Mmebusɛm 13:20.

     “Ɛtɔ da a, eye sɛ wobɛhwehwɛ nnamfo, na woayere wo ho sɛ wobɛma wɔagye wo atom. Nanso ɛnsɛ sɛ nnamfo a wopɛ sɛ wosɔ wɔn ani araa nti, woyɛ biribi a wunim sɛ enye. Nkurɔfo a wɔwɔ suban pa de, nea wote biara no, wɔpɛ wo saa ara.”—Melanie.

     Nyansahyɛ: Sɛ worepɛ adamfo a, nka sɛ ‘esiane sɛ nea mepɛ no, ɛno ara na asomasi pɛ nti, mɛfa no adamfo.’ Mmom, hwehwɛ obi a ɔwɔ suban pa, ɔbɔ bra pa, na ɔmfa ne som nni agorɔ.

    Ntaade bi wɔ hɔ a, wohyɛ a, ɛremfata wo da. Saa ara nso na nkurɔfo bi wɔ hɔ a, wɔrentumi mmoa wo ma wunnya suban pa