Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Misiesie Me Ne Me Nuanom Ntam?

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Misiesie Me Ne Me Nuanom Ntam?

 “Wo ne wo nuanom ayɛ sɛ ɛsẽ ne tɛkrɛma”

 Ɛsẽ ne tɛkrɛma wɔ hɔ yi, wɔyɛ adwuma bom, nanso ɛtɔ da a, ɛsẽ tumi ka tɛkrɛma. Saa ara na wo ne wo nuanom te, wɔdɔ wo, wo nso wodɔ wɔn, nanso ɛtɔ da a, monsen so koraa. Helena a wadi mfe 18 ka sɛ, “Me nua ketewa no taa hyɛ me abufuw paa. Onim asɛm a ɔka a, ɛbɛhyɛ me abufuw ne bere a ɔka saa asɛm no a ɛbɛma me koko apae!”

 Nsɛm a ɛsɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam no bi wɔ hɔ a, nkɔmmɔ kɛkɛ mpo tumi ma ɛto twa. Sɛ nhwɛso no:

  •   Akasakasa betumi asɔre wɔ mmarima mmienu a wɔyɛ anuanom a wɔda dan baako mu ntam. Ebia baako mpɛ sɛ ne nua no behu ne nsɛm mu. Ɛba saa a, dɛn na wobetumi ayɛ? Ɛsɛ sɛ wosua sɛ wobegyaa nsɛm mu, na obiara gyaa ne yɔnko ma ɔyɛ nea ɔpɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde Bible afotusɛm a ɛwɔ Luka 6:31 no yɛ adwuma.

  •   Anuanom mmaa mmienu nso te dan baako mu. Baako tumi hyɛ baako ataade a ɔmmɔ no amanneɛ. Ɛba saa a, dɛn na wobetumi ayɛ? Ɛsɛ sɛ wɔtena ase ka ho asɛm. Afei ɛsɛ sɛ obiara ma ne yɔnko hu nneɛma a obetumi de ne nsa aka, ne nea ɛnsɛ sɛ ɔde ne nsa ka. Ɛsɛ sɛ wɔde Bible afotusɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 2:24 no yɛ adwuma.

 Nanso nsɛmnsɛm a ɛkɔ so wɔ anuanom ntam no bi yɛ aniberesɛm, na etumi kɔfa ɔhaw pii ba. Momma yɛnhwɛ Bible mu nhwɛso mmienu bi:

  •   Ahoɔyaw maa Miriam ne Aaron kasa tiaa wɔn nua Mose. Wei kɔfaa ɔhaw baa wɔn so. Kenkan ho asɛm wɔ Numeri 12:1-15. Wuwie a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ m’ani bere me nua bi a, mɛyɛ dɛn ayi afi me mu?’

  •   Kain bo fuwii araa ma okum ne nua Habel. Kenkan ho asɛm wɔ Genesis 4:1-12. Wuwie a, bisa wo ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn ahyɛ m’abufuw so bere a me ne me nuanom redi nsɛm no?’

 Nneɛma mmienu nti a ɛsɛ sɛ musiesie mo ntam

 Ebetumi ayɛ den sɛ wo ne wo nuanom bɛhwe abom na moatena fɛfɛɛfɛ. Nanso sɛ ɛyɛ den sɛ dɛn mpo a, hwɛ nneɛma mmienu nti a ɛsɛ sɛ woyɛ saa.

  1.   Ɛkyerɛ sɛ worenyin. Aberante bi a ne din de Alex ka sɛ, “Kan no, na me nuanom mmea nketewa no taa hyɛ me abufuw. Nanso seesei, manya wɔn ho abotare, na madwo sɛ nsu nwini. Metumi aka sɛ, merenyin.”

     Bible ka sɛ: “Nea ne bo kyɛ fuw no nhumu dɔɔso, na nea ɔpere ne ho no ani gye nkwaseasɛm ho.”—Mmebusɛm 14:29.

  2.   Ebesiesie wo ama daakye. Sɛ woantumi ne wo nuanom antena ammom, anaa sɛ wɔyɛ biribi na woantumi ammu w’ani angu so seesei a, daakye, wobɛyɛ dɛn ne wo yere, w’adwumamfo, w’adwumam panyin anaa obi foforo atena?

     Nokwasɛm bi ni: Agorɔ bɛsɔ a efi anɔpa, kyerɛ sɛ, sɛ wubetumi ne afoforo atena kama daakye a, egyina sɛnea wo ne nkurɔfo te nnɛ no so. Kae sɛ, w’abusua paa na wobetumi atete wo na wɔasiesie wo ama daakye.

     Bible ka sɛ: ‘Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne obiara ntena asomdwoe mu.’—Romafo 12:18.

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ebetumi aboa wo ama woasiesie wo ne wo ne wo nuanom ntam a, kenkan “Nea w’atipɛnfo ka,” na hwɛ dwumadi a ɛka ho a wɔato din “Sɛnea Wo Ne Wo Nuanom Bɛtena Kama” no.