Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Midi Mfomso a, Ɛdɛn na Metumi Ayɛ?

Midi Mfomso a, Ɛdɛn na Metumi Ayɛ?

 Ɛdɛn na wobɛyɛ?

 Kenkan nea ɛtoo Karina, na fa no sɛ wo na saa asɛm no ato wo. Sɛ ɛyɛ wo a, anka dɛn na wobɛyɛ?

 Karina: “Bere bi, na merekɔ sukuu. Mede kar tuu mmirikabɔne maa polisifo kyeree me bɔɔ me ka. Asɛm no haw me paa! Mebɔɔ me maame amanneɛ, ɛnna ɔkae sɛ menka nkyerɛ me papa. Paapa nso de, na mempɛ sɛ ɔbɛte ho asɛm koraa.”

  Ɛdɛn na wobɛyɛ?

  1.  1: Wobɛyɛ dinn aka sɛ wunyae a anka wo papa nte ho hwee.

  2.  2: Wobɛka nea esii nyinaa akyerɛ wo papa.

 Anhwɛ a wobɛyɛ nea edi kan no. Ade yi, sɛ́ wo maame aka akyerɛ wo sɛ bɔ wo papa amanneɛ, enti ebia obedwen sɛ woaka akyerɛ no. Nanso, sɛ wode kar tu mmirikabɔne na yɛkyere wo bɔ wo ka oo, sɛ mfomso foforo na woadi oo, nneɛma bi nti, ɛyɛ papa sɛ wubegye wo mfomso atom.

 Nneɛma mmiɛnsa nti a ɛsɛ sɛ wugye wo mfomso tom

  1.  1. Ɛyɛ suban pa. Bible kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ. Ɛka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”​—Hebrifo 13:18.

     “Mebɔ mmɔden paa sɛ mɛka nokware na sɛ biribi ankɔ yiye a, memfa nhyɛ obi. Midi mfomso a, migye tom ntɛm ara.”​—Alexis.

  2.  2. Wugye wo mfomso tom a, nkurɔfo nso de wo mfomso bɛkyɛ wo. Bible ka sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.”​—Mmebusɛm 28:13.

     “Egye akokoduru na obi agye ne mfomso atom. Nanso woyɛ saa a, ɛma nkurɔfo gye wo di. Ɛma wohu sɛ woka nokware. Sɛ wugye wo mfomso tom a, ɛremma yemmu wo nipa bɔne.”​—Richard.

  3.  3. Ne kɛse paa ne sɛ, ɛma Yehowa Nyankopɔn ani gye wo ho. Bible ka sɛ: “Yehowa kyi okontomponi, na teefo na Ɔne wɔn di atirimsɛm.”​—Mmebusɛm 3:32.

     “Bere a midii mfomso kɛse bi no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ miyi m’anim na meka sɛ me na meyɛe. Sɛ manyɛ nea Yehowa pɛ a, ɔrenhyira me da.”​—Rachel.

 Mfomso a Karina dii no, dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Ɔde siee ne papa. Nanso, akyiri yi ne papa huu nea asi. Karina kae sɛ, “Bɛyɛ afe akyi, na me papa rehwehwɛ yɛn nsiakyibaa (insurance) nkrataa mu. Ohui sɛ ɛka a polisifo bɔɔ me no, wɔde aka sika a ɛsɛ sɛ otua no ho. Nea esii de, ɛsɛ w’ani! Me maame mpo bo fuw me paa sɛ ɔkae sɛ menka nkyerɛ me papa no, manka!”

 Nea osua fii mu: Karina kae sɛ: “Wudi mfomso na wode sie a, na woresɛe w’asɛm. Kae hu sɛ, ɛda hɔ retwɛn wo!”

 Nea wubetumi asua afi wo mfomso mu

 Yɛn nyinaa di mfomso. (Romafo 3:23; 1 Yohane 1:8) Nea yɛaka no ma yehu sɛ, wugye wo mfomso tom a, ɛkyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase na w’adwenem abue. Enti wudi mfomso a gye tom ntɛm.

 Nea edi hɔ ne sɛ wubesua biribi afi wo mfomso mu. Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, mmabun binom wɔ hɔ a, sɛ wodi mfomso a, wonsua hwee mfi mu! Ebia wɔte nka te sɛ abaayewa bi a ne din de Priscilla. Ɔkae sɛ: “Kan no, sɛ midi mfomso a, na meyɛ basaa paa. Ná ɛyɛ me sɛ me so nni mfaso, enti na me mfomso no ayɛ sɛ adesoa kɛse bi ama me. Ná ɛhyɛ me so ma mete nka sɛ yɛde me yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye.”

 Wo nso, ɛyɛ a saa na w’adwene yɛ wo? Sɛ saa a, kae asɛm yi: Sɛ wudwen mfomso a woadi atwam ho pii a, ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔreka kar na wahwɛ ahwehwɛ mu rehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ n’akyi. Sɛ wode w’adwene si wo mfomso a atwam no so a, ɛbɛma woanya adwene sɛ wonsɛ hwee. Ɛba saa a, ɔhaw biara a wubehyia no, ebebu afa wo so.

 Enti, sɛ wudi mfomso a, nnwen ho mmoro so.

 “Kae mfomso a woadi no na sua biribi fi mu sɛnea ɛbɛyɛ a worensan nyɛ bio. Nanso nnwen ho mmoro so mma w’abam mmmu.”​—Elliot.

 “Sɛ midi mfomso a, mebɔ mmɔden sɛ mede betu me ho fo na ama mayɛ nipa pa, na da foforo mahwɛ me ho yiye. Woyɛ saa a, mfaso wɔ so efisɛ ɛbɛma w’adwenem abue.”​—Vera.