Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ Mekɔ Me Sukuu Wɔ Fie a, Mɛyɛ Dɛn Na Akɔ Yiye?

Sɛ Mekɔ Me Sukuu Wɔ Fie a, Mɛyɛ Dɛn Na Akɔ Yiye?

 Sukuufo bebree wɔ hɔ nnɛ a wɔnkɔ sukuu wɔ sukuu dan biara mu; wɔkɔ wɔ fie. Sɛ saa na wokɔ wo sukuu a, ɛnde dɛn na woyɛ a ɛbɛma akɔ yiye? Yɛnhwɛ nyansahyɛ bi a ebetumi aboa wo. a

 Nyansahyɛ nnum a ebetumi aboa wo

  •   Toto wo biribiara pɛpɛɛpɛ. Biribiara a ɛsɛ sɛ woyɛ no, yɛ nhyehyɛe hu bere a wode bɛyɛ, sɛnea sɛ wowɔ sukuu a anka wobɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Hu bere a wode besua ade, nea wode bɛyɛ ofie nnwuma ne bere a wode bɛyɛ nneɛma foforo a ehia. Nhyehyɛe a woayɛ no, sɛ ehia sɛ wosesa mu kakra nso a wubetumi ayɛ saa.

     Bible mu afotusɛm: “Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.”—1 Korintofo 14:40.

     “Nea woyɛ no da biara no, yɛ no sɛnea sɛ wowɔ sukuu a anka wobɛyɛ no. Biribiara a wobɛyɛ no, fa bere to ho.”—Katie.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Nhyehyɛe a woayɛ no, sɛ wokyerɛw gu krataa so de bɔ baabi a w’ani bɛbɔ so ntɛm a, adɛn nti na ɛbɛboa wo?

  •   Sua sɛ wobɛhyɛ wo ho so. Worenyin nyinaa, ebehia sɛ wusua sɛ biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ na sɛ enni wo mu mpo a, wobɛyɛ. Nyɛ mmɔtohɔ!

     Bible mu afotusɛm: “Monnyɛ mo adwuma anihaw so.”—Romafo 12:11.

     “Ade a ɛyɛ den paa ne sɛ wubedi nhyehyɛe a woayɛ so. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wode nsɛm beyiyi wo ho ano na woaka sɛ, ‘Mɛyɛ me sukuu dwumadi akyiri yi.’ Afei wubehu ara ne sɛ amma so, na nneɛma abobɔ wo so.”—Alexandra.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ da biara wunya bere pɔtee a wode bɛyɛ wo sukuu dwumadi ne baabi pɔtee a wobɛtena ayɛ a, sɛn na ɛbɛboa wo ama woadi wo nhyehyɛe so?

  •   Pɛ baabi a wobɛtena asua ade. Nneɛma a wubehia nyinaa, boa ano. Ma baabi a wotena sua ade nyɛ ahomeka, nanso mma ɛnyɛ sɛ baabi a wudwudwo wo ho na woamfa mu anna. Ɛhɔ yɛ baabi a yesua ade, na ɛnyɛ baabi a yɛda! Sɛ ɛyɛ den sɛ wubenya baabi pa ayɛ wo sukuu dwumadi a, ebia wubetumi asiesie wo gyaade anaa ɛdan a woda mu no baabi na bere a wode sua ade no du a woakɔtena hɔ.

     Bible mu afotusɛm: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.”—Mmebusɛm 21:5.

     “Fa baskɛtbɔɔl ne video game no gu baabi, fa wo fon to baabi a ɛremmɔ nyɛ dede, na fa sanku no hyɛ n’ade mu. Ɛho hia paa sɛ woremma nneɛma a ebetumi atwetwe w’adwene mmɛn wo.”—Elizabeth.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Baabi a wotena sua ade no, sɛn na wubetumi ahyehyɛ ɛhɔ nneɛma ama adesua no akɔ yiye?

  •   Fa w’adwene si nea woreyɛ no so. Fa w’adwene nyinaa si nea woreyɛ no so; nkeka nneɛma mmɔ so. Sɛ wokeka nneɛma bɔ so a, anhwɛ a nea woreyɛ no, mfomso bɛba mu, na biribi a anka wubetumi de bere kakraa bi ayɛ no, worenwie ara da.

     Bible mu afotusɛm: “Montɔ bere a mubenya biara.”—Efesofo 5:16.

     “Ná me haw ne sɛ me fon da me nkyɛn a, mintumi mfa m’adwene nsi nea mereyɛ so. Ná mesɛe bere pii wɔ nneɛma a ɛho nhia ho.”—Olivia.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Simma anaa nnɔnhwerew dodow a wutumi de w’adwene si ade baako so yɛ no, wubetumi de bi aka ho nkakrankakra?

  •   Ɛwom ara a, home so. Sɔre kɔnantenantew, kotwi sakre kakra, anaa kɔteɛteɛ w’apɔw mu. Wowɔ agorɔ bi a wode gyigye w’ani nso a, ɛboa. Nanso nhoma bi a wɔato din School Power ka sɛ, “Di kan yɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ wie. Sɛ woregye w’ahome na sɛ nnwuma ngu w’akyi a, ɛma wote ne dɛ.”

     Bible mu afotusɛm: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.”—Ɔsɛnkafo 4:6.

     “Sɛ wowɔ sukuu a, wutumi nya kwan sua sankubɔ anaa sɛnea wɔdrɔdrɔ nneɛma. Miwiee sukuu ansa na merehu sɛ sɛɛ wukura adepa a wunhu gye sɛ efi wo nsa. Wo sukuu adesua akyi no, eye sɛ wobɛhyɛ da asua biribi yɛ.”—Taylor.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ wusua ade na wopɛ sɛ wohome so a, dɛn na woyɛ a ɛbɛma woanya ahoɔden foforo de atoa so?

a Sukuu a nkurɔfo kɔ wɔ fie no, egu ahorow. Hwɛ sɛnea wo de no te, na fa ɛho nyansahyɛ a ɛwɔ ha no yɛ adwuma.