Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ Mereyɛ Biribi a, Mɛyɛ Dɛn De M’adwene Nyinaa Asi So?

Sɛ Mereyɛ Biribi a, Mɛyɛ Dɛn De M’adwene Nyinaa Asi So?

 Adɛn nti na mintumi mfa n’adwene nyinaa nsi nea mereyɛ so?

 “Kan no, na mepɛ akenkan paa, nanso seesei de afi me mu. Sɛ nea merekenkan no mu ware a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.”—Elaine.

 “Sɛ merehwɛ video na mete nka sɛ ɛrekɔ nyaa dodo a, ɛhɔ ara na mamia so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkɔ ntɛmntɛm.”—Miranda.

 “Sɛ m’ani abere reyɛ biribi a ɛho hia me mpo na mete sɛ biribi aba me fon so a, ɛhɔ ara na m’adwene afi nea mereyɛ no so. Ɛba saa a, nea mepɛ sɛ mihu ara ne sɛ, ‘Hena na asɛnde me “message” yi?’”—Jane.

 Abɛɛfo mfiri betumi ayi yɛn adwene afi biribi a yɛreyɛ so anaa? Ebinom bɛka sɛ ebetumi. Ɔbenfo Nicholas Carr yɛ obi a ɔde afotu ma nnwumakuw sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adwuma bɛkɔ yiye; ɔsan yɛ nhoma kyerɛwfo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛyɛ obi a yɛtaa kɔ intanɛt so a, ebedu baabi no, na adwene no tumi di nneɛma bebree ho dwuma bom, nanso sɛ yɛyɛ sɛ yɛde yɛn adwene resi ade baako so ayɛ a, na ayɛ den.” a

 Hwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a sɛ woreyɛ a, abɛɛfo mfiri betumi atwetwe w’adwene afi so.

  •   Bere a wo ne obi rekasa. Ababaa bi a ɔde Maria kaa sɛ: “Ebinom wɔ hɔ a, sɛ obi ba wɔn nkyɛn na ɔne wɔn rebɔ nkɔmmɔ a, wobɛhwɛ na wɔresɛnde message wɔ wɔn fon so anaa wɔrebɔ video game anaa wɔnenam sohyial media so. Enti asɛm a onipa no reka no, wobɛhwɛ na ɛnyɛ ɛno koraa na wɔn adwene wɔ so.”

  •   Bere a wote sukuu dan mu. Nhoma bi a wɔato din Digital Kids kaa sɛ: “Sukuufo dodow no ara ka sɛ, sɛ wɔte sukuu dan mu a, ɛyɛ a wɔde abɛɛfo mfiri sɛndesɛnde message, wɔde kyinkyin intanɛt so, na wotumi nso de gyigye wɔn ani.” Nhoma no de kaa ho sɛ, “nneɛma a wɔde mfiri no yɛ no, ɛne sukuu adesua nni hwee yɛ.”

  •   Bere a woresua ade. Chris yɛ aberante a wadi mfe 22. Ɔka sɛ: “Me de, me haw paa ne sɛ, sɛ me fon bɔ a, ɛyɛ den sɛ mɛka sɛ merenkɔhwɛ.” Sɛ woyɛ sukuuni a, homework a anka wode dɔnhwerew baako bɛyɛ no, sɛ woma abɛɛfo mfiri twetwe w’adwene a, anhwɛ a wode nnɔnhwerew mmiɛnsa anaa nea ɛboro saa na ɛbɛyɛ.

 Nea yɛreka akosi: Sɛ woma kwan ma abɛɛfo mfiri de wo yɛ akoa a, ɛbɛyɛ den sɛ wode w’adwene nyinaa besi nea woreyɛ so.

Sɛ wuntumi mfa w’adwene nsi nneɛma so yiye a, wobɛyɛ te sɛ obi a ɔte pɔnkɔ a wate praka so. Baabi a pɔnkɔ no pɛ na ɔde wo bɛkɔ

 Nea ɛbɛboa ama wode w’adwene nyinaa asi nea woreyɛ so

  •   Bere a wo ne obi rebɔ nkɔmmɔ. Bible ka sɛ: “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.” (Filipifo 2:4) Sɛ obi ne wo rekasa a, wɛn w’aso tie no dinn fa kyerɛ sɛ wudwen ne ho. Ɛyɛ a hwɛ n’anim, na mma abɛɛfo mfiri ntwetwe w’adwene.

     “Sɛ wo ne obi rebɔ nkɔmmɔ a, si w’adwene pi sɛ worenhwɛ wo fon so. Fa w’adwene nyinaa si nkɔmmɔ no so. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wubu nea ɔne wo rekasa no.”—Thomas.

     NYANSAHYƐ: Biribi a wubetumi ayɛ ne sɛ, sɛ wo ne obi rebɔ nkɔmmɔ a, fa wo fon no to baabi a w’ani renkɔbɔ so. Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ, sɛ woreyɛ biribi na wo fon da hɔ a, ɛno kɛkɛ betumi atwetwe w’adwene, efisɛ ɛyɛ a na biribi reyɛ wo sɛ kɔhwɛ so.

  •   Bere a wote sukuu dan mu. Bible ka sɛ: “Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.” (Luka 8:18) Dɛn na yesua fi wei mu? Baabi a wokɔ sukuu no, sɛ intanɛt wɔ sukuu adan no mu a, ɛnde bere a adesua rekɔ so no, nhwɛ message a nkurɔfo de abrɛ wo, mmɔ video game, na nkɔ intanɛt so ne nkurɔfo nkɔbɔ nkɔmmɔ.

     “Sɛ wowɔ sukuu dan mu a, bɔ mmɔden paa sɛ wode w’adwene besi adesua no so. Nea tikya rekyerɛ no, tie na kyerɛw. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, pɛ anim baabi tena na nneɛma antwetwe w’adwene.”—Karen.

     NYANSAHYƐ: Nea tikya rekyerɛ no, sɛ wopɛ sɛ wokyerɛw a, kyerɛw gu krataa so; mmɔ ngu kɔmputa so. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ woyɛ saa a, ɛremma nneɛma ntwetwe w’adwene, na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkae nea wokyerɛwee no.

  •   Bere a woresua ade. Bible ka sɛ: “Nya nyansa, nya ntease.” (Mmebusɛm 4:5) Sɛ wubenya nyansa ne ntease a, nea woresua no, tɔ wo bo ase dwinnwen ho kɔ akyiri. Nka sɛ nea ehia wo ara ne sɛ wubetwa wo sɔhwɛ enti wode w’ani bɛfa nhoma mu kɛkɛ.

     “Sɛ meresua ade a, mede me tablɛt no to baabi a sɛ obi sɛnde me biribi mpo a, ɛremma. Afei mede m’adwene si nea meresua no so. Ɛyɛ a menkɔhwɛ sɛ biribi aba me tablɛt no so anaa. Sɛ biribi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mekae a, mekyerɛw to hɔ.”—Chris.

     NYANSAHYƐ: Baabi a wotena sua ade no, hwɛ sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛtwetwe w’adwene, na nneɛma ngugu basabasa.

a Efi nhoma a wɔato din The Shallows—What the Internet Is Doing to Our Brains (Adwene a Emu Nnɔ—Nea Intanɛt Reyɛ Yɛn Adwene) no mu.