Yakobo Nhoma No 1:1-27

  • Nkyia (1)

  • Animia de anigye ba (2-15)

    • Gyidi a wɔasɔ ahwɛ (3)

    • Kɔ so fa gyidi bisa (5-8)

    • Akɔnnɔ de bɔne ne owu na ɛba (14, 15)

  • Akyɛde pa biara fi soro (16-18)

  • Muntie asɛm no na momfa nyɛ adwuma (19-25)

    • Onipa a ɔhwɛ n’anim wɔ ahwehwɛ mu (23, 24)

  • Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho (26, 27)

1  Me Yakobo,+ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, merekyerɛw krataa yi ama mmusuakuw 12 a moabɔ ahwete no. Mikyia mo!  Me nuanom, sɛ muhyia sɔhwɛ ahorow a, mummu no anigye koraa,+  na munhu sɛ wɔsɔ mo gyidi hwɛ saa a, ɛbɛma mode animia agyina ɔhaw ano.+  Nanso momma animia no nwie n’adwuma na moawie pɛyɛ adi mu wɔ biribiara mu a hwee nhia mo.+  Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn,+ na ɔde bɛma no,+ efisɛ oyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa ade a animtiaabu* biara nnim.+  Nanso ma ɔnkɔ so mfa gyidi mmisa;+ ɛnsɛ sɛ n’adwenem yɛ no naa koraa,+ efisɛ nea n’adwenem yɛ no naa no te sɛ po asorɔkye a mframa de no di akɔneaba.  Mma onipa a ɔte saa nnsusuw da sɛ obenya biribi afi Yehowa* hɔ;  ɔyɛ onipa a n’adwene nsi pi,+ na ohinhim wɔ n’akwan nyinaa mu.  Na ma onua a ɔyɛ mmɔborɔwa* nni ahurusi sɛ wɔama no so,+ 10  na ɔdefo nso nni ahurusi sɛ wɔabrɛ no ase,+ efisɛ ɔdefo betwam akɔ sɛ wuram nhwiren. 11  Sɛnea owia pue a ɛbɔ denneennen na ɛhyew wura ma ne nhwiren po na n’ahoɔfɛ sɛe no, saa ara na ɔdefo begyaw nneɛma a odi akyi no hɔ akɔ.+ 12  Anigye ne nea omia n’ani gyina sɔhwɛ mu,+ efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri+ a Yehowa* ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔkɔ so dɔ no no.+ 13  Obiara a sɔhwɛ bɛto no no, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: “Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.” Efisɛ obi ntumi mfa bɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. 14  Mmom nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.*+ 15  Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na sɛ bɔne nya ba a, owu na edi so.+ 16  Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. 17  Akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara fi soro;+ efi hann Agya no nkyɛn;+ ɔno de, ɔnsakrasakra te sɛ sunsuma a ennyina faako.*+ 18  Ne pɛ nti, ɔde n’asɛm a ɛyɛ nokware no+ woo yɛn sɛ yɛmmɛyɛ sɛ n’abɔde mu aba a edi kan.+ 19  Me nuanom adɔfo, munhu eyi: Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma ɔmmpere ne ho nnkasa+ anaa ɔmmpere ne ho mmfa abufuw,+ 20  efisɛ onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.+ 21  Enti montow efĩ nyinaa ne bɔne biara* ngu,+ na mommrɛ mo ho ase mma wonnua* asɛm no wɔ mo mu, na ɛno na ebetumi agye mo* nkwa. 22  Momfa asɛm no nyɛ adwuma;+ munntie asɛm no kɛkɛ mmfa nsusuwii hunu nnnaadaa mo ho. 23  Na sɛ obi tie asɛm no na wamfa anyɛ adwuma a,+ ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim* wɔ ahwehwɛ mu. 24  Ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi sɛnea ɔte. 25  Na nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ewie pɛyɛ+ no mu yiye na ɔtena mu no, wabɛyɛ obi a ɔde asɛm no yɛ adwuma, na ɔnyɛ obi a otie asɛm no a na ne werɛ afi; n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa.+ 26  Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔsom Onyankopɔn* nanso ɔnhwɛ ne kasa yiye*+ a, ɔredaadaa ne koma, na onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa. 27  Ɔsom* a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafo+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ahohora.”
Anaa “onua a onni bi.”
Anaa “eyi no sɛ afiri.”
Anaa “sunsuma a ɛsakra na ɛdannan nni ne mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ne bɔne mmoroso.”
Anaa “wɔntɛw.”
Anaa “mo kra.”
Anaa “n’animdua.”
Anaa “ɔyɛ onyamesomfo.”
Anaa “ɔnto ne tɛkrɛma nnareka.”
Anaa “Nyamesom.”