Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wusuro Awufo?

So Wusuro Awufo?

So Wusuro Awufo?

SƐ WUBISA nnipa pii saa asɛm yi a, nea wɔka ara ne sɛ, “Dabi. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro obi a wawu?” Wogye di sɛ owufo no awu ankasa. Nanso, nnipa ɔpepem pii gye di sɛ sɛ obi wu a, ɔkɔ so tena ase sɛ honhom.

Wɔ Benin a ɛwɔ Afrika Atɔe Fam no, nnipa pii gye di sɛ awufo betumi asan abekum wɔn ankasa abusuafo binom. Nkurɔfo tɔn wɔn ahode anaasɛ wɔbɔ bosea de yɛ amanne ahorow de pata wɔn abusuafo a wɔawuwu no. Ebinom di ahonhonsɛm na wɔwɔ adwene bi sɛ sɛ onipa wu a, ne honhom kɔ so tena ase, na ebetumi ne ateasefo adi nkitaho. Afoforo nso afa tebea a ɛyɛ hu mu, na wosusuw sɛ awufo honhom na ɛde ɔhaw a ɛte saa no baa wɔn so.

Obi a biribi a ɛte saa too no ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Agboola a ɔte bɛn Benin ne Nigeria hye so no. Ɔka sɛ: “Baabi a yɛte no, ɛkame ayɛ sɛ wodi ahonhonsɛm wɔ biribiara mu. Wɔyɛ amanne de guare afunu de siesie wɔn ma ahonhom atenae. Ná metaa boaboa samina a wɔde aguare afunu ma aka no ano de fra nhabamma bi de yɛ aduru. Afei, bere a mede aduru no asrasra otu a mede kɔ ahayɔ ho no, meteɛm bɔ aboa ko a mepɛ sɛ mikum no no din. Nneyɛe a ɛtete saa abu so wɔ yɛn hɔnom, na ɛte sɛ nea ɛyɛ adwuma nso. Nanso, ahonhonsɛmdi no bi wɔ hɔ a, na ɛyɛ hu.

“Bere a me mmabarima baanu wuwui mpofirim no, na misusuw sɛ obi na wato me aduru. Ɛno nti, mekɔɔ odunsinni akwakoraa bi a waben hɔ kɔhwehwɛɛ mu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ obi na wato me aduru ampa. Nea ɛyɛ hu sen saa no, ɔkae sɛ me mma no retwɛn wɔ ahonhom atenae hɔ akosi sɛ nea okum wɔn no bewu ma ɔde wɔn ayɛ ne nkoa. Akwakoraa no san kae sɛ me babarima a ɔto so abiɛsa no nso bewu saa ara. Na nna kakraa bi akyi no, ɔno nso wui.”

Akyiri yi, Agboola hyiaa Yehowa Dansefo bi a wɔfrɛ no John a ofi Nigeria. John de Bible no kyerɛkyerɛɛ no tebea a awufo wom mu. Nsɛm a John kae no sesaa Agboola asetena. Ebetumi asesa wo de nso.

So Obi Wu a, na Onwui?

Hena na obetumi abua asɛm yi yiye? Odunsinni a waben anaa onipa biara nni hɔ a obetumi abua. Mmom no, Yehowa, nea ɔbɔɔ nkwa a ‘ɛwɔ soro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu’ nyinaa no na obetumi abua. (Kolosefo 1:16) Ɔbɔɔ abɔfo sɛ wɔntena ahonhom atenae wɔ soro, na ɔbɔɔ nnipa ne mmoa sɛ wɔntena asase so. (Dwom 104:4, 23, 24) Ɔno na nkwa nyinaa fi no. (Adiyisɛm 4:11) Ɛnde susuw nea Onyankopɔn ankasa Asɛm Bible no ka fa owu ho no ho hwɛ.

Yehowa na odii kan kaa owu ho asɛm. Ɔbɔɔ Adam ne Hawa kɔkɔ sɛ sɛ wɔyɛ ne so asoɔden a, wobewu. (Genesis 2:17) Ná ɛno kyerɛ dɛn? Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Sɛ obi wu a, ɔporɔw; ɔsan kɔ dɔte mu. Ne nkwa ba awiei.

Adam ne Hawa boapa yɛɛ asoɔden ma enti wobuu wɔn kumfɔ. Nanso, ɛnyɛ wɔn na wodii kan wui. Wɔn ba Habel na odii kan wui. Ne nua panyin Kain na okum no. (Genesis 4:8) Kain ansuro sɛ ne nua a na wawu no bɛtɔ ne so werɛ. Mmom, na osuro nea ateasefo betumi ayɛ no.—Genesis 4:10-16.

Mfe pii akyi no, bere a nsoromma mu ahwɛfo ka kyerɛɛ Ɔhene Herode sɛ wɔawo “Yudafo hene” wɔ n’ahemman mu no, ne koma tui. Esiane sɛ na Herode pɛ sɛ okum obi a na obetumi ne no apere ahenni no ho nti, ɔma wokokunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem nyinaa, fi wɔn a wɔawo wɔn foforo so kosi wɔn a wɔadi mfe abien so. Nanso, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Yosef sɛ ɔmfa Yesu ne Maria na ‘wonguan nkɔ Egypt.’—Mateo 2:1-16.

Bere a Herode wui no, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yosef sɛ wɔnsan nkɔ Israel, efisɛ “wɔn a na wɔrehwehwɛ abofra kumaa no kra no awuwu.” (Mateo 2:19, 20) Ná ɔbɔfo a ɔno ankasa nso yɛ honhom no nim sɛ Herode ntumi nkum Yesu bio. Ná Yosef nsuro Ɔhene Herode a na wawu no. Mmom, na Yosef suro nea Herode ba tirimɔdenfo, Arkelao betumi ayɛ no no. Enti Yosef ne n’abusua kɔtenaa Galilea, baabi a Arkelao nni tumi wɔ hɔ no.—Mateo 2:22.

Kyerɛwtohɔ yi boa ma yehu sɛ awufo nni tumi biara. Ɛnde, yɛbɛkyerɛkyerɛ nea ɛtoo Agboola ne afoforo no mu dɛn?

“Adaemone” Anaa Ahonhon Fĩ

Bere a Yesu nyinii no, ɔne ahonhommɔne kasae. Wogyee Yesu toom, na wɔfrɛɛ no “Onyankopɔn Ba.” Ná Yesu nso nim wɔn. Ná wɔnyɛ nnipa a awuwu ahonhom. Mmom, Yesu frɛɛ wɔn “adaemone,” anaa ahonhon fĩ.—Mateo 8:29-31; 10:8; Marko 5:8.

Bible ka ahonhom a wodii Onyankopɔn nokware ne wɔn a wɔsɔre tiaa no no ho asɛm. Genesis nhoma no ka sɛ, bere a Yehowa pam asoɔdenfo, Adam ne Hawa, fii Eden turo no mu no, ɔde kerubim anaa abɔfo kogyinaa turo no apuei fam sɛnea ɛbɛyɛ a obiara ntumi nkɔ turo no mu. (Genesis 3:24) Ɛbɛyɛ sɛ saa bere yi ne bere a edi kan a nnipa huu honhom abɔde.

Mmere bi akyi no, abɔfo dodow bi baa asase so bɛyɛɛ wɔn ho sɛ nnipa. Ná Yehowa nsomaa wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adwuma biara wɔ asase so. Mmom, “wogyaw wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ” wɔ ahonhom atenae wɔ soro no hɔ. (Yuda 6) Ɛnyɛ adwempa na wɔde bae. Wɔbɛwarewaree mmea, na wɔne wɔn woo afrafra mma a wɔfrɛ wɔn Nefilim. Nefilim no ne wɔn agyanom atuatewfo no de nsɛmmɔnedi ne amumɔyɛsɛm hyɛɛ asase so mã. (Genesis 6:1-5) Yehowa dii tebea no ho dwuma bere a ɔde Noa bere so Nsuyiri no bae no. Nsuyiri no sɛe mmea ne mmarima ne afrafra mma abɔnefo no nyinaa. Dɛn na ɛtoo abɔfo no?

Nsuyiri no maa abɔfo no san kɔɔ ahonhom atenae hɔ. Nanso, Yehowa amma wɔansan ankɔ wɔn “tenabea a ɛsɛ no.” (Yuda 6) Bible ka sɛ: “Onyankopɔn amma abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no amfa wɔn ho anni, na mmom ɔtoo wɔn guu Tartarus ma wɔkɔɔ sum kabii bun mu sɛ wɔnkora wɔn so mma atemmu.”—2 Petro 2:4.

Tartarus nyɛ beae pɔtẽẽ bi; ɛyɛ tebea a sɛ obi kɔ mu a ɛte sɛ nea ɔda afiase a ontumi nyɛ nea ɔpɛ biara. Adaemone no ntumi nyɛ wɔn ho sɛ nnipa bio, nanso wɔda so ara wɔ tumi kɛse wɔ nnipa adwene ne wɔn asetena so. Wobetumi ahyɛn nnipa ne mmoa mu. (Mateo 12:43-45; Luka 8:27-33) Afei nso, wotumi yɛ wɔn ho te sɛ wɔn a wɔawuwu de daadaa nnipa. Dɛn ntia? Wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ntumi nsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Wɔyɛ saa nso sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa renhu tebea a awufo wom no yiye.

Sɛnea Yebetumi Adi Ehu So

Agboola hui sɛ ntease wɔ nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma wɔ owu ne sɛnea ahonhom no yɛ wɔn ade no ho mu. Ohui sɛ ɛsɛ sɛ osua nneɛma pii ka ho. Ofii ase ne John suaa Bible ne Bible ho nhoma ahorow. Bere a Agboola hui sɛ ne mma no ada wɔ adamoa mu na ɛnyɛ sɛ wɔretwɛn akosi sɛ nea okum wɔn no bewu ma ɔde wɔn ayɛ ne nkoa no, ne werɛ kyekyee.—Yohane 11:11-13.

Agboola hui nso sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ahonhonsɛmdi biara ho. Ɔhyew biribiara a ɔfa so di ahonhonsɛm no. (Asomafo Nnwuma 19:19) Nnipa a wɔwɔ baabi a ɔte no bɔɔ no kɔkɔ sɛ ahonhom no bɛhaw no. Nanso, Agboola ansuro. Otiee afotu a ɛwɔ Efesofo 6:11, 12 no: ‘Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, efisɛ yɛne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.’ Honhom fam akodi yi bi ne nokware, trenee, asomdwoe asɛmpa, gyidi, ne honhom no nkrante a ɛne Onyankopɔn Asɛm no. Akode yi nyinaa fi Onyankopɔn hɔ, na tumi wom!

Bere a Agboola twee ne ho fii amanne ahorow a ahonhonsɛmdi wom ho no, ne nnamfo ne n’abusuafo binom ne no ammɔ bio. Nanso, onyaa nnamfo foforo a wogye nea Bible kyerɛkyerɛ no di wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ hɔnom no so.

Seesei, Agboola nim sɛ ɛrenkyɛ Yehowa beyi abɔnefosɛm afi asase so, na obegye adaemone no tumi nyinaa afi wɔn nsam. Awiei koraa no, ɔbɛsɛe wɔn. (Adiyisɛm 20:1, 2, 10) Onyankopɔn benyan “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa” aba nkwa mu wɔ asase so. (Yohane 5:28, 29) Wobenyan nnipa bi te sɛ Habel, mmofra a wɔn ho nni asɛm a Ɔhene Herode kunkum wɔn no, ne nnipa afoforo ɔpepem pii. Agboola gye di sɛ wobenyan ne mma baasa no nso. Ebetumi aba sɛ w’adɔfo a wɔawuwu no nso bɛsɔre. Nnipa a wɔte saa a wobenyan wɔn no bɛma ada adi pefee sɛ efi bere a wowuwui kosi sɛ wɔsɔree no, na wonnim hwee—wɔanhu amanne ahorow a wɔyɛ maa wɔn no mu biara.

Ɛnsɛ sɛ wusuro awufo wɔ ɔkwan biara so. Mmom, wubetumi ahwɛ kwan sɛ wubehu w’adɔfo a wɔawuwu no bio. Nanso, ansa na saa bere no bɛba no, dɛn nti na wunsua Bible no mfa nhyɛ wo gyidi den? Wone wɔn a wogye nea Bible kyerɛkyerɛ di no mmɔ. Sɛ wone ahonhonsɛmdi wɔ biribi yɛ a, gyae ntɛm ara. Hyɛ “Onyankopɔn akode nyinaa” fa bɔ wo ho ban fi adaemone ho. (Efesofo 6:11) Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo. Wɔne nkurɔfo sua Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * nhoma no de yɛ ofie Bible adesua a wonnye hwee.

Seesei, Agboola nsuro awufo bio, na wasua sɛnea ɔbɛko atia adaemone. Ɔka sɛ: “Minnim nea okum me mmabarima baasa no. Nanso, efi bere a mifii ase som Yehowa no, mawo mma baason. Honhom biara nyɛɛ wɔn hwee.”—w09 01/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 25 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Seesei Agboola nsuro awufo bio, na wasua sɛnea ɔbɛko atia adaemone

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Kain ansuro sɛ ne nua a wawu no bɛtɔ ne so werɛ