Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔtemmufo a Ɔyɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa

Ɔtemmufo a Ɔyɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa

Bɛn Onyankopɔn

Ɔtemmufo a Ɔyɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa

Genesis 18:22-32

ƆPƐ atɛntrenee. Ɔmpɛ nsisi. Ɔnhwɛ nnipa anim. So wompɛ sɛ wobɛn obi a ɔwɔ su ahorow a ɛte saa? Sɛ́ nnipa no, yefi awosu mu pɛ sɛ wɔne yɛn di no yiye. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ atɛnkyea ahyɛ nnɛ wiase yi mu ma. Nanso, yɛwɔ Ɔtemmufo bi a yebetumi de yɛn ho ato no so—Yehowa Nyankopɔn. Ɔyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Yehowa maa eyi daa adi wɔ nkɔmmɔ a ɔne Abraham bɔe a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Genesis 18:22-32 no mu. *

Bere a Yehowa kaa gyinae a wasi sɛ ɔrekɔhwɛ tebea a ɛwɔ Sodom ne Gomora kyerɛɛ Abraham no, Abraham suroe sɛ ebia na wasɛe atreneefo a wɔwɔ hɔ a ne wɔfase Lot ka ho no nso afra. Abraham srɛɛ Yehowa sɛ: ‘Enti wobɛpra atreneefo aka abɔnefo ho? Fa no sɛ atreneefo aduonum te kurow no mu. Atreneefo aduonum a wɔwɔ mu yi remma wunhu kurow no mmɔbɔ?’ (Nkyekyɛm 23, 24) Onyankopɔn kae sɛ sɛ ohu atreneefo 50 wɔ kurow no mu a, ɔrensɛe no. Abraham srɛɛ Yehowa mpɛn anum kaa ho, na ɔtew nnipa dodow no so ma ebeduu du. Wɔ emu biara mu no, Onyankopɔn kae sɛ sɛ ohu mmarima dodow a ɛte saa wɔ hɔ a, ɔrensɛe kurow no.

So na Abraham ne Onyankopɔn redi anobaabae? Ɛnte saa koraa! Anka ɛno bɛkyerɛ sɛ Abraham yɛ ahantan ankasa. Ɛnne a Abraham de kasae no daa obu ne ahobrɛase adi. Ɔkae mpo sɛ ɔyɛ “dɔte ne nsõ.” Ɔde asɛmfua “Mesrɛ wo” dii dwuma mpɛn anan. (Nkyekyɛm 27, 30-32) Afei nso, na Abraham nsɛm no kyerɛ sɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bebu atɛntrenee. Ná onim sɛ Onyankopɔn rensɛe atreneefo nka abɔnefo ho. Ɔkae sɛ: “Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wubekum ɔtreneeni aka ɔbɔnefo ho ama awie ɔtreneeni sɛ ɔbɔnefo! Worentumi nyɛ saa da.” Tete agya nokwafo no de ahotoso kae sɛ: “asase nyinaa temmufo no” bɛyɛ “nea ɛteɛ.”—Nkyekyɛm 25.

So nsɛm a Abraham kae no teɛ? Ɛyɛ ampa ne dabi. Odii mfomso bere a osusuw sɛ wobenya atreneefo du wɔ Sodom ne Gomora no. Nanso, asɛm a ɔkae sɛ Onyankopɔn ‘rempra atreneefo nka abɔnefo ho’ da, no yɛ nokware. Ɛno akyi, bere a Onyankopɔn sɛe Sodom ne Gomora nkurow a na abɔnefosɛm ahyɛ mu ma no, abɔfo boaa ɔtreneeni Lot ne ne mmabea baanu no ma wɔansɛe wɔn.—2 Petro 2:7-9.

Dɛn na kyerɛwtohɔ yi ma yehu wɔ Yehowa ho? Nkurow abien no a na Yehowa rekɔhwɛ nea ɛrekɔ so wɔ hɔ a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Abraham no kyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ Abraham kyerɛ n’adwene. Afei, bere a n’adamfo Abraham kaa nea ɛhaw no ho asɛm no, ɔtɔɔ ne bo ase tiee no. (Yesaia 41:8) Hwɛ sɛnea asɛm yi ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔbrɛ ne ho ase, na odi n’asomfo a wɔwɔ asase so no ni! Nokwarem no, yɛwɔ nea yebegyina so anya ahotoso koraa wɔ Yehowa mu. Ɔyɛ Ɔtemmufo a ɔyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa.—w09 01/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Saa bere no, ɔbɔfo bi gyinaa Yehowa ankasa ananmu kasa maa No. Sɛ wopɛ ho nhwɛso foforo a, hwɛ Genesis 16:7-11, 13.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Abraham srɛɛ Yehowa maa Sodom ne Gomora