Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne Onyankopɔn?

Hena Ne Onyankopɔn?

Hena Ne Onyankopɔn?

WUBEBUA saa asɛmmisa no dɛn? Ebinom susuw sɛ wonim Onyankopɔn yiye ma enti wobu no sɛ wɔn adamfo bi a ɔbɛn wɔn paa. Afoforo nso bu Onyankopɔn sɛ obusuani bi a ɔmmɛn wɔn pii. Wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso wonnim ne ho nsɛm pii. Sɛ wugye Onyankopɔn di a, ɛnde wubebua nsɛmmisa a edidi so yi dɛn?

1. So Onyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa?

2. So Onyankopɔn wɔ din?

3. So Yesu yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn?

4. So Onyankopɔn dwen me ho?

5. So Onyankopɔn gye ɔsom nyinaa tom?

Sɛ wubisa afoforo sɛ wɔmma nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛda adi sɛ wubenya mmuae ahorow pii. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo ka atosɛm fa Onyankopɔn ho, na wɔanya ne ho adwene a ɛnteɛ.

Nea Enti a Mmuae no ho Hia

Bere a na Yesu Kristo ne ɔbea bi a ohyiaa no wɔ asubura bi ho rekasa no, osii sɛnea ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn ho nokwasɛm no so dua. Saa Samariani bea yi gye toom sɛ Yesu yɛ odiyifo. Nanso, na biribi kyere n’adwene. Ná ɛsono ɔsom a Yesu wom ɛnna ɛsono ne de. Bere a ɔkaa eyi ho asɛm no, Yesu ka kyerɛɛ no pen sɛ: “Mosom nea munnim.” (Yohane 4:19-22) Ɛda adi sɛ, na Yesu rekyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔka sɛ wɔsom Onyankopɔn nyinaa na wonim Onyankopɔn ho nokwasɛm.

So na Yesu reka sɛ obiara nni hɔ a obetumi ahu Onyankopɔn ankasa? Dabi. Yesu san ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Nokware asomfo bɛsom Agya no honhom ne nokware mu, na nnipa saa nso na Agya no hwehwɛ ma wɔasom no.” (Yohane 4:23) So woka wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu” no ho?

Ɛho hia paa sɛ wuhu saa asɛmmisa no ho mmuae. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu sii sɛnea ɛho hia sɛ yenya nokware nimdeɛ no so dua bere a ɔbɔɔ mpae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Nokwarem no, Onyankopɔn ho nokwasɛm a wubehu no fa nkwa a wubenya daakye no ho!

So wubetumi ahu Onyankopɔn ho nokwasɛm ma ayɛ yiye? Yiw, ebetumi ayɛ yiye! Ɛnde, wobɛyɛ dɛn ahu? Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Ɔsan kae sɛ: “Obiara nnim onii a Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.”—Luka 10:22.

Enti nea Yesu Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no kyerɛkyerɛ no na ebetumi ama yɛahu Onyankopɔn. Nokwarem no, Yesu hyɛɛ yɛn bɔ sɛ: “Sɛ moso m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:31, 32, The Holy Bible—New International Version.

Ɛnde, Yesu bebua nsɛmmisa anum a yɛadi kan abisa no dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 4]

So wosom Onyankopɔn a wunnim no ankasa?