Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Wɔ Din?

So Onyankopɔn Wɔ Din?

So Onyankopɔn Wɔ Din?

Mmuae a wɔtaa de ma:

▪ “Wɔfrɛ no Awurade.”

▪ “Onni din ankasa.”

Dɛn na Yesu kae?

▪ “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.’” (Mateo 6:9) Ná Yesu gye di sɛ Onyankopɔn wɔ din.

▪ “Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu, na ɔdɔ a wode dɔɔ me no atena wɔn mu na matena wɔn mu.” (Yohane 17:26) Yesu ma wohuu Onyankopɔn din.

▪ “Morenhu me bio kosi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne nea ɔba Yehowa din mu!’” (Luka 13:35; Dwom 118:26) Yesu de Onyankopɔn din yɛɛ adwuma.

ONYANKOPƆN ankasa ka ne din kyerɛ yɛn. Ɔka sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no.” * (Yesaia 42:8, American Standard Version) Edin Yehowa no yɛ Twi din a ɛfata paa a egyina hɔ ma Hebri din a Onyankopɔn de ama ne ho. Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Hebri din soronko yi pue mpɛn mpempem pii wɔ tete Bible nsaano nkyerɛwee mu. Nokwarem no, epue mpɛn pii sen edin foforo biara a ɛwɔ Bible no mu.

Sɛ wobisa sɛ “Dɛn ne Onyankopɔn din?” a, ebinom bɛka sɛ “Awurade.” Nokwarem no, sɛ obi ka saa a, ɛntɔ asom papa, na ɛte sɛ nea obi abisa sɛ “Hena na odii nkonim wɔ abatow no mu?,” na wabua sɛ “nea ogyinae no.” Esiane sɛ “Awurade” ne “nea ogyinae no” nyɛ din nti, emu biara mma yenya asɛmmisa no ho mmuae a ɛtɔ asom.

Dɛn nti na Onyankopɔn ma yehuu ne din? Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu no yiye. Sɛ nhwɛso no, wobetumi agyina obi dibea so afrɛ no Owura, Adwumawura, Paapa, anaa Nana. Saa abodin ahorow yi ma yehu biribi fa onii no ho. Nanso, onipa no din ankasa ma yɛkae biribiara a yenim fa ne ho. Saa ara na abodin ahorow te sɛ Awurade, ade nyinaa so Tumfoɔ, Agya, ne Ɔbɔadeɛ ma yedwen nneɛma bi a Onyankopɔn ayɛ ho. Nanso, ne din Yehowa no nkutoo na ɛma yɛkae biribiara a yenim fa ne ho. Wobɛyɛ dɛn aka sɛ wunim Onyankopɔn yiye bere a wunnim ne din?

Ɛnyɛ edin no nkutoo a yebehu no na ehia, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma nso. Dɛn ntia? Efisɛ Bible no ka sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.”—Romafo 10:13; Yoel 2:32.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Onyankopɔn din kyerɛ ne nea enti a enni Bible ahorow bi mu a, wubetumi ahwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 195-197.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Wobetumi agyina obi dibea so afrɛ no Owura, Adwumawura, Paapa, anaa Nana. Nanso, onipa no din ankasa ma yɛkae biribiara a yenim fa ne ho