Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnyɛ Paanoo Nkutoo So Na Onipa Nam Tena Ase—Sɛnea Minyaa Me Ti Didii mu wɔ Nasi Nneduaban Mu

Ɛnyɛ Paanoo Nkutoo So Na Onipa Nam Tena Ase—Sɛnea Minyaa Me Ti Didii mu wɔ Nasi Nneduaban Mu

Ɛnyɛ Paanoo Nkutoo So Na Onipa Nam Tena Ase—Sɛnea Minyaa Me Ti Didii mu wɔ Nasi Nneduaban Mu

Sɛnea Joseph Hisiger ka kyerɛe

Mibisaa me yɔnko deduani no sɛ, “dɛn na worekenkan no?” Obuae sɛ, “Bible,” na ɔtoaa so sɛ: “Sɛ wode wo paanoo a wɔde bɛma wo dapɛn no bɛma me a, mede bɛma wo.”

WƆWOO me March 1, 1914 wɔ Moselle, a saa bere no na ɛka Germany ho no mu. Bere a Wiase Ko I baa awiei wɔ 1918 mu no, Moselle san bedii Fransefo nsam. Wɔ 1940 mu no, Germanfo san ko fae. Afei bere a Wiase Ko II baa awiei wɔ 1945 mu no, ɛsan bedii Fransefo nsam. Wɔ nsakrae yi mu biara mu no, ɔman a mifi mu no sesae ma nti misuaa Franse ne German kasa.

Ná m’awofo yɛ Katolekfo a wɔmfa wɔn som nni agoru koraa. Anadwo biara, ansa na yɛbɛkɔ akɔda no, na yɛn abusua no bu nkotodwe bɔ mpae. Ná Kwasida biara, ne bere biara a ɔman no bedi nnapɔnna no, na yɛkɔ asɔre. Mamfa me som anni agoru, na na meka Katolek adesuakuw bi ho.

Mede Me Ho Hyɛɛ Yehowa Adansefo Adwuma Mu

Wɔ afe 1935 mu no, Yehowa Adansefo baanu bi baa m’awofo nkyɛn. Nkɔmmɔ a wɔbɔe no fa wiase ko a edi kan a ɔsom ahorow no de wɔn ho hyɛɛ mu no ho. Wɔ saa nkɔmmɔ no akyi no, na mepɛ sɛ mihu Bible mu nsɛm pii, na wɔ afe 1936 mu no, meka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ mepɛ Bible. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, gye sɛ misua asɔfodi ansa na matumi ate ase. Nanso, eyi maa ɔpɛ a na mewɔ sɛ menya Bible na makenkan no mu yɛɛ den.

Wɔ January 1937 mu no, Ɔdansefo bi a me ne no wɔ adwumam a wɔfrɛ no Albin Relewicz, fii ase ne me bɔɔ nea Bible kyerɛkyerɛ no ho nkɔmmɔ. Mibisaa no sɛ: “Wowɔ Bible no bi?” Ná ɔwɔ bi, na ankyɛ koraa na ɔkyerɛɛ me Onyankopɔn din, Yehowa, no wɔ German Elberfelder Bible a ɔde maa me no mu. M’ani gyee Bible no kan ho paa na mifii ase kɔɔ Adansefo no nhyiam wɔ Thionville kurow a ɛbɛn baabi a yɛte no.

Wɔ August 1937 mu no, me ne Albin kɔɔ amanaman ntam nhyiam a Adansefo yɛe wɔ Paris no. Ɛhɔ na mifii ase kaa asɛm no wɔ afie afie mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ me asu, na wɔ afe 1939 mfiase no, mede bere pii yɛɛ asɛnka adwuma no. Wɔma me kɔyɛɛ adwuma wɔ kurow bi a wɔfrɛ hɔ Metz mu. Afei wɔ July mu no, wɔfrɛɛ me sɛ menkɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Paris no.

Ɔhaw a Mihyiae wɔ Ɔko Bere Mu

Manyɛ adwuma ankyɛ wɔ adwumayɛbea hɔ, efisɛ wɔ August 1939 mu no, wɔfrɛɛ me sɛ me ne Franse asraafo nkɔyɛ adwuma. Ná m’ahonim mma me kwan sɛ mede me ho bɛhyɛ ɔko mu, enti wɔde me too afiase. Wɔ May mu, bere a na mewɔ afiase no, Germanfo bɛtow hyɛɛ Fransefo so mpofirim. Eduu June no, na Germany adi Franse so nkonim ma mesan bɛyɛɛ Germanni. Enti wɔ July 1940 mu bere a woyii me fii afiase no, me ne m’awofo kɔtenae.

Esiane sɛ na yɛhyɛ Nasi nniso ase nti, na yehyiam wɔ kokoam sua Bible. Ná Kristoni bea kokodurufo bi a wɔfrɛ no Maryse Anasiak na na ɔde Ɔwɛn-Aban brɛ yɛn. Ná mikohyia no wɔ Ɔdansefo bi a ɔtɔn paanoo sotɔɔ mu. Eduu afe 1941 no, na ɔhaw a Adansefo no hyia wɔ Germany no bi nya ntoo me.

Afei, da koro bi, Nasi Polisini bi baa me nkyɛn. Bere a ɔsraani no ka kyerɛɛ me sɛ wɔabra Yehowa Adansefo no, obisaa me sɛ, mɛkɔ so ayɛ Ɔdansefo anaa. Bere a mekae sɛ “Yiw” no, ɔka kyerɛɛ me sɛ minni n’akyi. Asɛm no haw me maame araa ma ade tɔɔ ne so. Bere a Nasi Polisini no huu saa no, ɔkae sɛ mensan na menhwɛ no.

Wɔ baabi a na meyɛ adwuma no, na memfa ‘nkyia a wɔde hyɛ Hitler anuonyam’ no nkyia adwumawura no. Afei nso, mamfa me ho anhyɛ Nasi amanyɔkuw no mu. Enti, ade kyee no, Nasi Polisifo no bɛkyeree me. Bere a wɔrebisabisa me nsɛm no, wɔpɛe sɛ mebobɔ me mfɛfo Adansefo no din, nanso manyɛ. Nea ɔrebisabisa me nsɛm no de ne tuo no abona bɔɔ me ti ma ade tɔɔ me so. Wɔ September 11, 1942 no, asɛnnibea titiriw bi (Sondergericht) a ɛwɔ Metz no buu me fɔ sɛ menkɔda afiase mfe abiɛsa, efisɛ na wɔkyerɛ sɛ “mereboa Yehowa Adansefo asafo no ne Bible Asuafo kuw no ma wɔatrɛw nnaadaasɛm mu.”

Adapɛn abien akyi no, woyii me fii Metz afiase na awiei koraa no, wɔde me kɔɔ adwumayɛban a ɛwɔ Zweibrücken mu kɔyɛɛ adwumaden. Wɔmaa me ne adwumayɛkuw bi a wosiesie keteke kwan kɔyɛɛ adwuma. Ná yɛsesa keteke nnade akɛse, miamia nnade no mu, na yɛsan de abo a ɛwɔ keteke kwan so no gu so yiye. Edu anɔpa a, wɔma yɛn kɔfe kuruwa biako ne paanoo ketewaa bi, na awia ne anwummere nso, wɔma yɛn nkwan kakra bi nom. Akyiri yi, woyii me kɔɔ afiase bi a ɛwɔ kurow bi a ɛbɛn Zweibrücken mu, na wɔma me kosiesiee mpaboa. Asram bi akyi no, wɔsan de me baa Zweibrücken ma mebɛyɛɛ adwuma wɔ afum.

Ɛnyɛ Paanoo Nkutoo so na Menam Tenaa Ase

Ná me ne aberante bi a ofi Netherlands na ɛda afiase dan biako mu. Bere a misuaa ne kasa kakra no, mitumi kaa me gyidi ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔde nea osuae no bɔɔ ne bra, na eduu baabi no, ɔka kyerɛɛ me sɛ memmɔ no asu wɔ asubɔnten bi mu. Bere a mebɔɔ no asu wiei no, ɔbam me na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Joseph, mabɛyɛ wo nua!” Yɛn mu tetewee bere a wɔsan ma mekɔyɛɛ adwuma wɔ keteke kwan so no.

Saa bere yi de, me ne Germanni bi na ɛdaa afiase dan biako mu. Anwummere bi, ofii ase sɛ ɔrekenkan nhoma ketewa bi—ná ɛyɛ Bible! Ɛyɛ saa bere no na ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mede paanoo a wɔde bɛma me dapɛn no bɛma no a, ɔde Bible no bɛma me no. Mekae sɛ, “Mepene so!” Ɛwom sɛ na paanoo a medi no dapɛn a mede bɛma no no nyɛ mmerɛw de, nanso mannu me ho sɛ meyɛɛ saa da. Afei mebɛtee nea Yesu asɛm yi kyerɛ ase ankasa: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.”—Mateo 4:4.

Afei a na manya Bible no, nea na aka ara ne sɛ mede besie. Ná wɔma obiara kwan ma ɔkenkan Bible no, gye Adansefo no nkutoo. Enti na mede hyɛ kuntu ase kenkan no anadwo. Edu anɔpa a, na mede hyɛ m’atade mu de kɔ baabiara. Esiane sɛ na wɔtaa hwehwɛ yɛn nneɛma mu nti, na minnyaw no wɔ dan mu.

Da bi a na yɛahyiam ma wɔrebɛkyekyɛ yɛn akɔyɛ adwuma no, mekaee sɛ magyaw me Bible no hɔ. Saa da no anwummere no, mituu mmirika kɔɔ me dan no mu, nanso manhu Bible no. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae, na mekɔɔ ɔwɛmfo no hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ obi afa me nhoma. Ná ontie nea mereka no yiye, enti ɛma mitumi faa me Bible no. Mifi me koma nyinaa mu daa Yehowa ase!

Bere bi a wɔmaa me kwan sɛ minkoguare na mereyi m’atade a ayɛ fĩ no, mehyɛɛ da gyaee Bible no mu too fam. Bere a mihui sɛ ɔwɛmfo no nhwɛ hɔ no, mede me nan piaa Bible no hyɛɛ baabi. Mede siee hɔ kosii sɛ miguare wiei. Miwiei no, mefaa anifere kwan koro no ara so piaa Bible no hyɛɛ atade foforo a na mɛhyɛ no mu.

Nneɛma a Ɛhyɛɛ Me Nkuran ne Nea Ebuu M’abam wɔ Afiase

Da koro anɔpa bi wɔ afe 1943 mu, bere a na nneduafo ato santen wɔ afiase adiwo hɔ no, mihuu Albin wɔ santen no mu! Ná wɔakyere ɔno nso. Ɔhyɛɛ da hwɛɛ me, na ɔde ne nsa bɔɔ ne koko de kyerɛe sɛ ɔyɛ me nua. Afei, ɔde ne nsa yɛɛ sɛnkyerɛnne bi de kyerɛe sɛ ɔbɛkyerɛw me. Adekyee a na ɔretwam no, ogyaa krataa bi too fam. Nanso nea ɔhwɛ yɛn so no hui, na ɔma wɔde yɛn mu biara kɔtoo obiakofo afiase dan mu adapɛn abien. Ná aduan a wɔde ma yɛn ara ne paanoo a abɔ ntuw ne nsu. Ná yɛda ntaboo so a kuntu biara nkata yɛn ho.

Ɛno akyi no, wɔde me kɔɔ afiase foforo bi mu wɔ Siegburg ma mekɔyɛɛ nnade ho adwuma. Ná adwuma no yɛ den, na na aduan a wɔma yɛn no sua. Sɛ edu anadwo a, meso dae sɛ meredi aduan a ɛyɛ akɔnnɔ te sɛ keeki ne nnuaba, nanso m’ani bɛtew no, na me yafunu rebom, na na me menem nso awo. Mefɔnee paa. Nanso da biara, na mekenkan me Bible ketewa no, na ɛmaa me anidaso.

Afei, Minyaa Ahofadi!

Da koro anɔpa bi a na yɛn ani nna yɛn ho so wɔ April 1945 mu no, awɛmfo no guan gyaw afiase apon no too hɔ. Minyaa ahofadi! Nanso nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ mekɔda ayaresabea kakra ma me ho tɔ me. Eduu May ɔsram no awiei no, mikoduu m’awofo fie. Ná wɔnhwɛ kwan sɛ wobehu me bio. Bere a me maame huu me no, n’ani gyei ara ma osui. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ankyɛ koraa na m’awofo wui.

Mesan ne Thionville Asafo no kɔbɔe. Hwɛ anigye ara minyae bere a mihuu me nuanom Kristofo bio no! M’ani gyei sɛ wɔakɔ so adi nokware ɛmfa ho sɛ wohyiaa ɔtaa pii no. M’adamfo a medɔ no paa, Albin, wui wɔ Regensburg, wɔ Germany. Akyiri yi, metee sɛ Jean Hisiger a ɔyɛ me papa nuabarima ba no bɛyɛɛ Ɔdansefo, nanso esiane sɛ n’ahonim amma wankɔ ɔko nti, wokum no. Ná Jean Queyroi, a me ne no yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea wɔ Paris no nso atwa mfe anum wɔ Germanfo adwumayɛban mu. *

Ntɛm ara na mifii asɛnka adwuma no ase wɔ Metz kurow no mu. Saa bere no na metaa hyia Minzani abusua no. Ná wɔwɔ babea bi a wɔfrɛ no Tina. Ɔbɔɔ asu November 2, 1946. Ná ɔyɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu, na na ne ho yɛ me fɛ paa. Yɛwaree December 13, 1947. Tina fii ase de bere pii yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ September 1967 mu, na wannyae kosii sɛ owui wɔ June 2003 mu, bere a na wadi mfe 98. Ɛyɛ a mefe Tina paa.

Ɛnnɛ a madi bɛboro mfe 90 yi, mihu sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ me den bere nyinaa ma migyina sɔhwɛ ahorow ano. Ɛtɔ mmere bi a, ɔkɔm de me de, nanso mekɔ so de Onyankopɔn Asɛm hyɛ m’adwene ne me koma mu. Yehowa ama manya ahoɔden. Ne “nsɛm na akora me nkwa so.”—Dwom 119:50.—w09 03/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 27 Sɛ wopɛ Jean Queyroi asetena mu nsɛm a, hwɛ October 1, 1989, Borɔfo Ɔwɛn-Aban kratafa 22-26.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

M’adamfo a medɔ no, Albin Relewicz

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Maryse Anasiak

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Bible a mede dapɛn biako paanoo sesae

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Me ne Tina, 1946 mu, bere a na yɛahyehyɛ aware

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Jean Queyroi ne ne yere, Titica