Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma Anum a Enti Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa

Nneɛma Anum a Enti Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa

Nneɛma Anum a Enti Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa

ABERANTE no ho dwiriw no paa. Ná ɔnhwɛ kwan sɛ ɔbɛte asɛm a ɛte saa. Nkɔmmɔ a ɔne Yehowa Adansefo baanu no bɔe no ama wasua biribi foforo koraa. Ná asɛmmisa a ɛne sɛ dɛn nti na Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no ahaw n’adwene mfe pii, nanso afei de, wanya ho mmuae a ɛtɔ asom afi Bible no mu. Ná onnim sɛ nsɛm pii a ɛka koma na mfaso wɔ so saa wɔ Bible no mu.

Adansefo no kɔe no, ankyɛ na ne fiewura de abufuw bɔ wuraa ne dan no mu bisaa no sɛ, “Nnipa bɛn na wɔbaa ha no?”

Asɛm no yɛɛ aberante no nwonwa ma enti, wantumi ankasa.

Ofiewura no teɛɛm kae sɛ “Minim wɔn, na sɛ woma wosi fie ha bio a, wubetu akɔhwehwɛ dan wɔ baabi foforo!”

Ɔkaa pon no hwee mu, na ogyaw no hɔ.

Kristo Akyidifo Anokwafo Hwɛ Kwan sɛ Wɔbɛtaa Wɔn

Asɛm a ɛtoo aberante yi nyɛ ade foforo. Onyankopɔn Asɛm, Bible no ka sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:12) Nnipa dodow no ara mpɛ nokware Kristofo asɛm, na wɔmpɛɛ wɔn asɛm da. Dɛn ntia? Ɔsomafo Yohane ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Yenim sɛ yefi Onyankopɔn, nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” Wɔka Satan Ɔbonsam ho asɛm nso sɛ ɔte sɛ “gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” (1 Yohane 5:19; 1 Petro 5:8) Ade titiriw a Satan de ko tia nnipa paa no mu biako ne onipa ho suro.

Wodii Yesu Kristo a ɔyɛɛ nnipa pii papa na wanyɛ bɔne biara da no mpo ho fɛw na wɔtaa no. Ɔkae sɛ: “Wɔtan me kwa.” (Yohane 15:25) Anadwo ansa na ɔrewu no, ɔkaa saa asɛm yi de siesiee n’akyidifo no adwene sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munim sɛ atan me ansa na ɛretan mo. Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no, akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.”—Yohane 15:18, 20.

Esiane eyi nti, nnipa pii ampɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ nokware som mu. Bible ka ebinom a bere bi na wɔrehwehwɛ Yesu no ho asɛm sɛ: “Yudafo no ho hu nti, obiara anyi n’anim anka ne ho asɛm.” (Yohane 7:13; 12:42) Nyamesom akannifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no hunahunaa wɔn sɛ obiara a obegye Kristo adi no, wobetu no afi hyiadan no mu. Eyi nti, nnipa ho suro amma nnipa pii ammɛyɛ Kristofo.—Asomafo Nnwuma 5:13.

Akyiri yi, bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ no, Bible ka sɛ, “ɔtaa kɛse” bi baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so. (Asomafo Nnwuma 8:1) Nokwarem no, Kristofo a na wɔwɔ Roma Ahemman no mu no hyiaa ɔtaa. Nnipa bi a na wɔyɛ atitiriw wɔ Roma no ka kyerɛɛ ɔsomafo Paulo sɛ: “Fekuw yi de, wɔkasa tia wɔ baabiara.” (Asomafo Nnwuma 28:22) Nokwarem no, na wɔsɔre tia nokware Kristofo no wɔ baabiara.

Ɛnnɛ mpo, Satan da so ara de nnipa ho suro ko tia afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi mmɛyɛ Kristo akyidifo anokwafo. Nnipa komapafo a wɔne Yehowa Adansefo sua Bible no hyia ɔsɔretia, anaa afoforo di wɔn ho fɛw wɔ sukuu mu, adwumam, wɔn mpɔtam, anaa mmeae afoforo. Ebia wobesusuw sɛ afoforo remmu wɔn, wɔn nnamfonom bɛpow wɔn, anaa honam fam mmoa bi a wonya bɛbɔ wɔn. Wɔ nkurow nketewaa bi mu no, akuafo suro sɛ ebia wɔn afipamfo remmoa wɔn ma wontwa wɔn nnɔbae, anaasɛ wɔremmɔ wɔn ayɛmmoa ho ban. Nanso, ɔhaw yi nyinaa akyi no, nnipa ɔpepem pii asi wɔn bo sɛ wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so na wɔde Onyankopɔn Asɛm abɔ wɔn bra de asuasua Yesu Kristo. Yehowa hyira wɔn sɛ wɔyɛ saa.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa

Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn mmom sen nnipa. Ɛka sɛ: “Yehowa suro ne nyansa mfiase.” (Dwom 111:10) Saa osuro yi nyɛ nea ehu de ba no bi, na mmom ɛmma yɛnnyɛ ade a ɛbɛhaw yɛn Nkwamafo no. Saa osuro yi ne ɔdɔ wɔ abusuabɔ. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn mmom sen nnipa? Ma yensusuw nneɛma anum a enti ɛte saa no ho nhwɛ.

1 Yehowa ne Opumpuni No. Yehowa wɔ tumi koraa sen onipa biara. Sɛ yesuro Onyankopɔn a, yegyina ade nyinaa so Tumfoɔ a “amanaman te sɛ bokiti mu nsuko biako” wɔ n’anim no afã. (Yesaia 40:15) Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ nti, ɔwɔ tumi a obetumi de asɛe “akode biara a wɔbɛyɛ de aba” wɔn a wodi no nokware no so no. (Yesaia 54:17) Esiane sɛ ɔno na ɔbɛkyerɛ nea ɔfata sɛ onya daa nkwa nti, nyansa wom sɛ yɛremma biribiara nsiw yɛn kwan sɛ yebesua ne ho ade na yɛayɛ n’apɛde.—Adiyisɛm 14:6, 7.

2 Onyankopɔn bɛboa yɛn, na wabɔ yɛn ho ban. Bible ka wɔ Mmebusɛm 29:25 sɛ: “Onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to Yehowa so no, obenya ahobammɔ.” Onipa ho suro yɛ afiri efisɛ ebetumi ama yɛasuro sɛ yɛbɛka akyerɛ afoforo sɛ yegye Onyankopɔn di. Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ, obetumi agye yɛn. Ɔka sɛ: “Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.”—Yesaia 41:10.

3 Onyankopɔn dɔ wɔn a wɔbɛn no no. Ɔsomafo Paulo kyerɛw nsɛm a ɛka koma yi: “Migye di yiye sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa nniso anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa nea ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.” (Romafo 8:37-39) Sɛ yegye Onyankopɔn di na yetie no a, yebetumi anya ɔdɔ a Amansan Hene no da no adi no so mfaso. Hokwan bɛn ara ni!

4 Yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no nyinaa. Yehowa ne yɛn Bɔfo, na ɔno ne yɛn Nkwamafo. Afei nso, ɛnyɛ yɛn asetenade nko na ɔde ma yɛn, na mmom wama yɛn nneɛma a ɛma asetena yɛ anigye na ɛma yenya akomatɔyam nso. Nokwarem no, Ɔno na akyɛde pa nyinaa fi no. (Yakobo 1:17) Ɔbarima nokwafo, Dawid, a ɔkyerɛɛ Onyankopɔn adɔe ho anisɔ no kyerɛwee sɛ: “Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn, O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene . . . Sɛ mise mereka ɛho asɛm na makasa ho a, Ɛdɔɔso sen nea metumi akan.”—Dwom 40:5.

5 Wɔn a wɔsɔre tia yɛn no mu bi betumi asesa. Sɛ woannyae wo gyidi mu na mmom wokɔ so suro Onyankopɔn na wodɔ no a, wubetumi aboa wɔn a wɔsɔre tia wo no. Fa Yesu abusuafo sɛ nhwɛso. Mfiase no, wɔannye no ani, na mmom wɔkae sɛ: “N’adwene asɛe.” (Marko 3:21; Yohane 7:5) Nanso, wɔ Yesu wusɔre akyi no, wɔn mu pii bɛyɛɛ gyidifo. Yesu nua Yakobo ne Yuda mpo ka wɔn a wɔkyerɛw Bible no ho. Afei nso, Saul a na ɔtan Kristofo denneennen no nso bɛyɛɛ ɔsomafo Paulo. Sɛ yenya akokoduru gyina mu a, wɔn a seesei wɔtaa yɛn no mu bi behu sɛ yɛn na yɛka Bible mu nokwasɛm no.—1 Timoteo 1:13.

Sɛ nhwɛso no, na ɔbea bi a ofi Afrika a wɔfrɛ no Aberash bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nokware som. Bere a ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, n’abusuafo ne n’asɔre mpanyimfo sɔre tiaa no denneennen. Nnipa ho suro nti, n’abusuafo no mu bi a na wɔn nso afi ase resua Bible no gyaee. Nanso Aberash bɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ ahoɔden ne akokoduru, na akyiri yi wɔbɔɔ no asu ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Dɛn na efii mu bae? Ne nhwɛso no maa n’abusuafo no mu baawɔtwe san fii ase suaa Bible no, na wɔrenya nkɔso.

Wubetumi Adi Nnipa ho Suro So

Nea ɛbɛyɛ na nnipa ho suro rensum wo afiri no, yɛ nea wubetumi biara fa hyɛ ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no mu den. Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, gye sɛ wusua Bible no, na wususuw kyerɛw nsɛm te sɛ Hebrifo 13:6 ho. Ɛka sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?” Ɛnsɛ sɛ woma wo were fi nea enti a nyansa wom, na ɛyɛ papa sɛ wusuro Onyankopɔn mmom sen onipa no.

Afei mma wo were mfi sɛ, sɛ wode nea wusua fi Bible mu no bɔ wo bra a, wubenya nhyira pii. Wubetumi anya nsɛmmisa a ɛho hia wɔ asetena mu no ho mmuae a ɛma akomatɔyam. Wubetumi anya nyansa de adi asetena mu ɔhaw ahorow ho dwuma. Ɛmfa ho sɛ nneɛma ayɛ bisibasaa nnɛ no, wubetumi anya anidaso. Na wubetumi abɔ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn mpae bere biara.

Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wugyina pintinn na wode Onyankopɔn ho suro bɔ wo bra. Sɛ́ anka wobɛma nnipa ho suro ahyɛ wo so no, wubetumi ayɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka yi: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa” no. (Mmebusɛm 27:11) Hokwan kɛse bɛn ara ni!

Kae sɛ onipa biara ntumi mma wo nea Onyankopɔn de bɛma wɔn a wosuro no no: “Ahobrɛase ne Yehowa suro—ɛde ahonya ne anuonyam ne nkwa na ɛba.”—Mmebusɛm 22:4.—w09 03/01-E.

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Esiane akokoduru a Aberash’s nyae nti, n’abusuafo mu baawɔtwe resua Bible