Ɔde Kɔmaa Kolosefo 1:1-29

  • Nkyia (1, 2)

  • Kolosefo gyidi nti, ɔdaa Onyankopɔn ase (3-8)

  • Ɔbɔɔ mpae srɛɛ honhom mu nkɔso maa wɔn (9-12)

  • Kristo de, wontwa no nnyaw wɔ biribiara mu (13-23)

  • Paul yɛɛ adwumaden boaa asafo no (24-29)

1  Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo a yɛn nua Timoteo+ ka me ho,  merekyerɛw krataa yi akɔma akronkronfo ne anuanom anokwafo a wɔwɔ Kristo mu wɔ Kolose: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn hɔ nka mo.  Bere biara a yɛbɛbɔ mpae ama mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase,  efisɛ gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne ɔdɔ a mowɔ ma akronkronfo nyinaa no, yɛate ho asɛm;  anidaso a Onyankopɔn de asie ama mo wɔ ɔsoro+ no nti na moda suban a ɛte saa adi. Nokwasɛm a ɛfa asɛmpa no ho a wɔka kyerɛɛ mo no, ɛno na monam so tee saa anidaso yi ho asɛm.  Saa asɛmpa yi na adu mo nkyɛn no, na sɛnea ɛresow aba na ɛrenya nkɔanim wɔ wiase nyinaa+ no, saa ara na efi da a motee Onyankopɔn adom ho asɛm na muhuu nea ɛkyerɛ ankasa no, ɛrekɔ so wɔ mo nso mo mu.  Ɛno na musua fii yɛn yɔnko akoa Epafra+ a yɛdɔ no no hɔ. Ɔyɛ Kristo somfo nokwafo a ɔyɛ adwuma ma yɛn.  Ɔdɔ a monam honhom so anya* no nso, ɔno na waka ho asɛm akyerɛ yɛn.  Eyi nso nti efi da a yɛtee ho asɛm no, yennyaee sɛ yɛbɛbɔ mpae ama mo.+ Ɛyɛ a yɛsrɛ sɛ n’apɛde ho nokware nimdeɛ nhyɛ mo mã,+ na moanya nyansa ne honhom mu ntease nyinaa,+ 10  sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnantew ɔkwampa so wɔ Yehowa* anim; ɛno bɛma moasɔ n’ani koraa na moakɔ so asow aba wɔ adwuma pa biara mu, na moanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii.+ 11  Yɛsan srɛ sɛ Onyankopɔn mfa n’anuonyam tumi mma mo ahoɔden pii+ na ama mode abotare ne anigye amia mo ani agyina mu akosi ase, 12  na moada Agya no ase, efisɛ agyapade a ɛda hɔ ma akronkronfo+ a wɔwɔ hann mu no, ɔno na wama moafata sɛ munya mu kyɛfa. 13  Wagye yɛn afi sum tumi ase+ de yɛn aba ne Ba a ɔdɔ no no ahenni mu, 14  na ɔno na yɛnam no so anya ogye, kyerɛ sɛ, yɛanya bɔnefakyɛ.+ 15  Ɔno ne Onyankopɔn a wonhu no no suban,+ abɔde nyinaa mu abakan;+ 16  efisɛ ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so, nea wohu ne nea wonhu,+ nhengua, mpanyinni, nniso, anaa tumidi. Nneɛma a aka nyinaa wɔnam no so na ɛbɔe,+ na wɔbɔ maa no. 17  Bio nso, na ɔwɔ hɔ ansa na nneɛma a aka nyinaa reba,+ na ne so na wɔnam yɛɛ nneɛma a aka nyinaa, 18  na ɔno ne nipadua no ti, kyerɛ sɛ, asafo no ti.+ Ɔno ne mfiase, nea odi kan a wonyan no fii awufo mu,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ odikanfo wɔ nneɛma nyinaa mu; 19  efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛma ne Ba no adi mu korakora,+ 20  na ɔnam no so, kyerɛ sɛ, ne mogya+ a ohwie guu asɛndua* no so nti, wasan aka nneɛma nyinaa abom bio,+ asaase so nneɛma ne ɔsoro nneɛma nyinaa, na ama asomdwoe aba Onyankopɔn ne wɔn ntam. 21  Nea ɛte ne sɛ, bere bi, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware, na na moyɛ n’atamfo efisɛ na mo adwene wɔ nnwuma bɔne so. 22  Nanso afei de, ɔnam nea owui no honam nipadua so aka mo ne no abom bio, na ama ɔde mo akɔma Onyankopɔn sɛ nnipa kronkron a dɛm nni wɔn ho na asɛm biara nni wɔn ho;+ 23  nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidi no mu,+ na mugyina fapem no so pintinn,+ na mutintim+ a momma biribiara ntwe mo mfi anidaso a monam asɛmpa no so nyae no ho; saa asɛmpa no, wɔaka ho asɛm wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu,+ na ɛno na me Paul, mabɛyɛ ho ɔsomfo.+ 24  Afei ɛmfa ho sɛ merehu amane ma mo+ no, meredi ahurusi. Na mihu sɛ amanehunu a Kristo nipadua no fã a meyɛ,+ kyerɛ sɛ, asafo no+ fã a meyɛ nti ɛsɛ sɛ mefa mu no, ennya nnii mu. 25  Onyankopɔn ama me ofiehwɛ adwuma+ bi sɛ mensom asafo yi. Mo nti na wɔde adwuma yi maa me sɛ menka Onyankopɔn asɛm no nkosi ase; 26  ebi ne ahintasɛm kronkron+ a wɔde siee wiase a aba atwam*+ ne awo ntoatoaso a aba kɔ no. Nanso afei de wɔayi no adi akyerɛ n’akronkronfo.+ 27  Bio nso, Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛma akronkronfo no ahu ahintasɛm kronkron a enni ano+ a ɔreda no adi wɔ amanaman mu no. Ɛno ne Kristo a wɔaka mo ne no abom ayɛ baako no, kyerɛ sɛ, moanya anidaso sɛ wɔbɛhyɛ mo ne no nyinaa anuonyam.+ 28  Ɔno na yɛbɔ ne ho dawuru, yetu onipa biara fo, na yɛde nyansa a emu dɔ kyerɛkyerɛ obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔne Kristo ayɛ baako no, yɛde no bɛma Onyankopɔn sɛ obi a odi mũ.+ 29  Eyi ho na meyɛ adwumaden, na esiane ne tumi a ɛyɛ adwuma denneennen wɔ me mu no nti, meyere me ho.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “moanya wɔ honhom mu.”
Anaa “awufo sɔre mu abakan.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mmere a atwam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.