Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNWƆTWE

“Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”

“Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”

1, 2. Ka ɔkwan a na Maria retu no ho asɛm, na kyerɛkyerɛ nea ɛmaa ɔde animia tuu kwan no mu.

MARIA de animia kyeaa ne ho tenaa afurum no so yiye. Ná watena afurum no so nnɔnhwerew pii. Ná Yosef di afurum no anim nkakrankakra de n’ani akyerɛ Betlehem a ɛwɔ akyirikyiri no. Maria san tee nka bio sɛ abofra no rekeka ne ho wɔ ne yam.

2 Ná Maria yafunu no anyin yiye; Bible ka ne ho asɛm saa bere yi sɛ “na ɔregye nna awo.” (Luka 2:5) Bere a awarefo yi nam nkurɔfo mfuw mu no, ebia akuafo binom gyaee adwuma a na wɔreyɛ hwɛɛ wɔn, na wobisaa wɔn ho nea nti a ɔbea a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu retu kwan no. Dɛn na na ama Maria afi ne fie a ɛwɔ Nasaret tɔnn no?

3. Adwuma bɛn na na wɔde ahyɛ Maria nsa, na dɛn na yɛrebesua afi ne hɔ?

3 Asɛm yi nyinaa fii ase asram bi a na atwam bere a wɔmaa Yudani ababaa yi adwuma bi a ɛyɛ soronko wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no. Ná ɔbɛwo abofra a ɔbɛba abɛyɛ Mesia, Onyankopɔn Ba no! (Luka 1:35) Ɛho behiae sɛ wotu saa kwan no wɔ bere a na n’awo abɛn no. Eyi maa Maria hyiaa nsɛnnennen pii a ɛsɔɔ ne gyidi hwɛe. Momma yɛnhwɛ nea ɛboaa no maa ne gyidi kɔɔ so yɛɛ den.

Ɔkwan a Wotu Kɔɔ Betlehem

4, 5. (a) Dɛn nti na na Yosef ne Maria rekɔ Betlehem? (b) Nkɔmhyɛ bɛn na mmara a Kaesare hyɛe no ma enyaa mmamu?

4 Ɛnyɛ Yosef ne Maria nkutoo na na wɔretu kwan no. Ná ɛnkyɛe koraa na na Kaesare Augusto ahyɛ mmara sɛ ne manfo nyinaa nkɔkyerɛw wɔn din ma enti na ɛsɛ sɛ nkurɔfo tu kwan kɔ wɔn kurom kɔyɛ saa. Yosef yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho? Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Yosef nso fii Nasaret a ɛwɔ Galilea kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofi Dawid fie ne n’abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu.”—Luka 2:1-4.

5 Kaesare mmara no ne asɛm yi anhyia ara kwa. Ná nkɔmhyɛ bi a wɔadi kan akyerɛw bɛyɛ mfe 700 a atwam no aka ato hɔ sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem. Asɛm no ne sɛ, na kurow bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Betlehem a efi Nasaret rekɔ hɔ yɛ kilomita 11 pɛ. Nanso, nkɔmhyɛ no kyerɛe pɔtee sɛ na Mesia no befi “Betlehem Efrata.” (Monkenkan Mika 5:2.) Sɛ na akwantufo fi Nasaret rekɔ saa akuraa ketewaa no ase a, na wotwa bɛyɛ kilomita 130 kɔfa Samaria mmepɔw no mu. Saa akuraa no ne Betlehem a wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ ɔnkɔ no, efisɛ na ɛyɛ abusua a Ɔhene Dawid fi mu no kurom—abusua yi mu na na Yosef ne ne yere nso fi.

6, 7. (a) Dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ ɔkwan a wotu kɔɔ Betlehem no yɛɛ den maa Maria? (b) Esiane sɛ na Yosef aware Maria nti, dɛn nti na na Maria nkutoo ntumi nsisi gyinae? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

6 So na Maria bɛboa Yosef ma wɔadi ahyɛde yi so? Sɛnea ɛte biara no, na akwantu no bɛyɛ den ama Maria. Ɛbɛyɛ sɛ wofii akwantu yi ase wɔ otwabere mfiase ma enti bere a na ɔpɛ bere retwam no, na osu betumi apetepete. Bio nso, na Betlehem da bepɔw a ne tenten bɛyɛ mita 760 so. Esiane sɛ na wobetwa kwan nna pii nti, na bepɔw no foro bɛyɛ den paa. Ebia na ebegye nna pii asen sɛnea anka wobedi, efisɛ na Maria tebea no bɛhwehwɛ sɛ wɔhome mpɛn pii wɔ kwan so. Mpɛn pii no, sɛ ababaa bi regye nna awo a, n’ani begye ho sɛ ɔbɛbɛn ne kurom, baabi a n’abusuafo ne ne nnamfo betumi aboa no bere a n’awo adu so no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛsɛ sɛ Maria nya akokoduru na watumi atu saa kwan yi.

Ná ɔkwan a wotu kɔɔ Betlehem no nna fam

7 Nanso, Luka bɔ amanneɛ sɛ Yosef ‘kɔkyerɛw ɔne Maria din.’ Afei nso ɔkae sɛ, na wɔde ‘Maria ama Yosef aware sɛnea na wɔahyɛ no bɔ no.’ (Luka 2:4, 5) Esiane sɛ na Yosef aware Maria nti, na Maria nkutoo ntumi nsisi gyinae. Obuu ne kunu no sɛ abusua no ti ma enti ogyee asɛyɛde a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔmmoa ne kunu wɔ ne gyinaesi mu no toom. * Enti, ɔyɛɛ osetie de gyinaa ade a na anka ebetumi ayɛ ne gyidi ho sɔhwɛ no ano.

8. (a) Dɛn bio na ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Maria ma ɔne Yosef kɔɔ Betlehem? (b) Ɔkwan bɛn so na nea Maria yɛe no yɛ nhwɛso pa ma anokwafo?

8 Dɛn bio na ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Maria ma ɔyɛɛ osetie? So na onim nkɔmhyɛ a ɛne sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem no? Bible nka ho hwee. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na onim, efisɛ na nyamesom akannifo ne ɔmanfo dodow no ara mpo nim saa. (Mat. 2:1-7; Yoh. 7:40-42) Ná Maria nim Kyerɛwnsɛm no mu yiye. (Luka 1:46-55) Sɛnea ɛte biara no, sɛ́ ebia Maria sii gyinae sɛ obetu kwan no de ayɛ osetie ama ne kunu, de adi aban mmara so, de ama Yehowa nkɔmhyɛ aba mu, anaasɛ efi nneɛma foforo bi no, ɔyɛɛ nhwɛso pa. Yehowa ani sɔ ahobrɛase a mmarima ne mmea da no adi ne osetie a wɔyɛ no paa. Wɔ yɛn bere yi so a mpɛn pii no ɛyɛ den ma nnipa dodow no ara sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase no, nea Maria yɛe no yɛ nhwɛso pa ma anokwafo a wɔwɔ baabiara.

Bere a Wɔwoo Kristo

9, 10. (a) Dɛn na na ɛbɛyɛ sɛ Maria ne Yosef redwinnwen ho bere a na wɔrebɛn Betlehem no? (b) Dɛn nti na Yosef ne Maria kɔsoɛɛ mmoa dan mu?

9 Bere a Maria ani bɔɔ Betlehem kurow no so no, ɛbɛyɛ sɛ ne koma tɔɔ ne yam. Bere a na wɔreforo mmepɔw, na wɔnam ngodua a ɛka nnɔbae a wontwa no ntɛm ho mu no, ɛbɛyɛ sɛ Maria ne Yosef dwinnwen akuraa ketewa yi abakɔsɛm ho. Ná akuraa no sua koraa sɛ wɔbɛkan aka Yuda nkurow ho sɛnea na odiyifo Mika aka no; nanso saa beae yi na bɛboro mfe apem a na atwam no wɔwoo Boas, Naomi, ne akyiri yi, Dawid.

10 Maria ne Yosef hui sɛ na nnipa ahyɛ akuraa hɔ ma. Ná afoforo a wɔrebɛkyerɛw wɔn din adi wɔn anim kan, enti na ahɔhodan a ɛwɔ hɔ nyinaa ayɛ ma. * Saa anadwo no, na wonni baabiara a wɔbɛsoɛ sɛ mmoa dan mu. Yebetumi de yɛn ani abu sɛnea Yosef ho bɛyeraw no bere a ohui sɛ ne yere rete yaw a ɔmfaa bi mu da, na emu rekɔ so yɛ den no. Awo anka no baabiara sɛ mmoa dan mu.

11. (a) Dɛn nti na mmea a wɔwɔ baabiara betumi ate nka ama Maria? (b) Akwan bɛn so na na Yesu yɛ “abakan”?

11 Ɔbea biara betumi ate nka ama Maria. Bɛyɛ mfe 4,000 a na atwam no, Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ esiane bɔne a wɔde awo nnipa nti, mmea nyinaa bɛte yaw wɔ awo mu. (Gen. 3:16) Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Maria ante yaw. Luka kyerɛwtohɔ no anka yaw a ɔfaa mu no ho asɛm, na mmom nea ɛka ara ne sɛ: “Ɔwoo ɔbarima, n’abakan.” (Luka 2:7) Nokwarem no, na wawo “n’abakan”—Maria mma bɛyɛ ason no mu nea odi kan. (Mar. 6:3) Nanso, na abofra yi bɛyɛ soronko wɔ wɔn nyinaa mu. Ná ɔnyɛ Maria nkutoo abakan, na mmom na ɔyɛ Yehowa ankasa “abɔde nyinaa mu abakan,” Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no!—Kol. 1:15.

12. Ɛhe na Maria de abofra no toe, na ɔkwan bɛn so na nea esii ankasa no yɛ soronko wɔ Yesu awo ho ɔyɛkyerɛ, mfonini, ne sini ahorow a woyi no ho?

12 Saa bere yi na kyerɛwtohɔ no ka asɛm foforo bi a nkurɔfo nim no yiye ho asɛm: “Ɔde ntama kyekyeree no too mmoa adididaka mu.” (Luka 2:7) Yesu awo ho ɔyɛkyerɛ, mfonini, ne sini ahorow a woyi wɔ wiase nyinaa no gugu n’awo ho nsɛm mu dodo. Nanso, ma yensusuw nea esii ankasa no ho nhwɛ. Maria de akokoaa no too mmoa adididaka mu. Kae sɛ, na abusua no akɔsoɛ mmoa dan mu, baabi a saa bere no na ɛhɔ ntew anaa mframa pa nni hɔ sɛnea ɛte ɛnnɛ no nso. Nokwarem no, ɔwofo bɛn na sɛ baabi pa wɔ hɔ a ɔbɛkɔ beae a ɛte saa akɔwo? Awofo dodow no ara pɛ sɛ wɔn mma nya adepa. Sɛ saa a, mpɛn ahe ara na na Maria ne Yosef nso renhwehwɛ adepa mma Onyankopɔn Ba no!

13. (a) Ɔkwan bɛn so na Maria ne Yosef de nea wɔwɔ hwɛɛ abofra no sɛnea wobetumi? (b) Dɛn na awofo pa bɛyɛ na wɔatumi de nneɛma a ɛho hia asisi wɔn mma ani so sɛnea Maria ne Yosef yɛe no?

13 Nanso, wɔamma nea na wontumi nyɛ no ammu wɔn aba mu; wɔde nea na wɔwɔ no yɛɛ nea wobetumi biara de hwɛɛ abofra no. Sɛ nhwɛso no, hyɛ no nsow sɛ, Maria ankasa na ɔhwɛɛ akokoaa no, ɔfaa ntama de kyekyeree ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw nkɔ no mu, na ɔdedaa no wɔ mmoa adididaka mu. Ná Maria remma tebea a waba mu no ho adwinnwen mma onnyae nea na obetumi ayɛ de aboa ne ba no. Ná ɔne Yosef nyinaa nim nso sɛ, ade a ɛho hia titiriw paa a na wobetumi ayɛ ama abofra no ne sɛ wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɛtete no. (Monkenkan Deuteronomium 6:6-8.) Ɛnnɛ, awofo pa nso bɔ mmɔden sɛ wɔde nneɛma a ɛho hia saa ara besisi wɔn mma ani so wɔ wiase a nkurɔfo mfa Onyankopɔn som nyɛ hwee yi mu.

Nsrahwɛ a Ɛhyɛɛ Wɔn Nkuran

14, 15. (a) Dɛn nti na na nguanhwɛfo no ho pere wɔn sɛ wobehu abofra no? (b) Dɛn na nguanhwɛfo no yɛe wɔ nea wohui wɔ mmoa dan mu no ho?

14 Mpofirim ara, asɛm bi sii ma ɛhɔ yɛɛ bagyabagya. Nguanhwɛfo bi bɔ wuraa mmoa dan no mu a na wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu abusua no, ne titiriw, abofra no. Ná anigye ahyɛ mmarima yi mã. Wɔde ahoɔhare fii mmepɔw a na wɔrehwɛ wɔn nguankuw wɔ hɔ no so na ɛbae. * Wɔkaa anwonwade a na wohui nkyɛe no ho asɛm kyerɛɛ awofo a na wɔn ho adwiriw wɔn no. Ɔdasum a na wɔwɔ mmepɔw no so no, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ. Yehowa anuonyam hyerɛn hɔ nyinaa, na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔawo Kristo anaa Mesia no seesei ara wɔ Betlehem. Ná wobehu abofra no sɛ ɔda mmoa adididaka mu a wɔde ntama akyekyere no. Afei, biribi a ɛyɛ nwonwa koraa sii—abɔfo asafodɔm bepuee hɔ a wɔreto dwom yi Onyankopɔn ayɛ!—Luka 2:8-14.

15 Enti, na ɛnyɛ nwonwa sɛ saa mmarima ahobrɛasefo yi de ahoɔhare baa Betlehem! Ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei bere a wohui sɛ akokoaa no da hɔ sɛnea ɔbɔfo no kae pɛpɛɛpɛ no. Wɔamfa anigyesɛm yi anhyɛ wɔn ho. ‘Wɔkaa nsɛm no kyerɛe. Na nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa.’ (Luka 2:17, 18) Ɛda adi sɛ na nyamesom akannifo a wɔwɔ hɔ saa bere no mmu nguanhwɛfo. Nanso, na Yehowa bu mmarima a wɔwɔ ahobrɛase na wodi nokware yi paa. Ɛnde, saa nsrahwɛ yi kaa Maria dɛn?

Ná Yehowa bu nguanhwɛfo a wɔwɔ ahobrɛase na wodi nokware yi paa

16. Dɛn na Maria yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔbadwemma, na dɛn ne ade titiriw a ɛhyɛɛ ne gyidi den?

16 Akyinnye biara nni ho sɛ, na awo mu yaw no ama Maria abrɛ, nanso ɔyɛɛ aso tiee wɔn yiye. Ɔyɛɛ nea ɛboro saa mpo: “Maria fii ase de nsɛm yi nyinaa siei, na odwinnwen ho ne koma mu.” (Luka 2:19) Nokwasɛm ni, na ababaa yi yɛ ɔbadwemma. Ná onim sɛ abɔfo no nsɛm no ho hia paa. Ná Maria Nyankopɔn, Yehowa, pɛ sɛ Maria hu onipa ko a abofra no bɛyɛ, ne sɛnea ne ho hia. Enti wantie nsɛm no kɛkɛ. Ɔkoraa nsɛm yi so wɔ ne komam sɛnea ɛbɛyɛ a obedwinnwen ho mpɛn pii wɔ mmere a ɛda n’anim no mu. Eyi ma yehu ade titiriw a ɛhyɛɛ Maria gyidi den wɔ ne nkwa nna nyinaa mu no.—Monkenkan Hebrifo 11:1.

Maria tiee asɛm a nguanhwɛfo no ka kyerɛɛ no no yiye na ɔde siee ne komam

17. Dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua nea Maria yɛe no wɔ Yehowa ho nokwasɛm a yebesua ho?

17 So wubesuasua nea Maria yɛe no? Yehowa de nokwasɛm a ɛho hia ahyɛ n’Asɛm no mu mã. Nanso, sɛ yɛanni kan antie saa nokwasɛm no a, ɛso remma yɛn mfaso biara. Ehia sɛ yɛkenkan Bible no daa. Ɛnsɛ sɛ yɛkenkan no sɛ nhoma biara kɛkɛ, na mmom sɛ Onyankopɔn Asɛm. (2 Tim. 3:16) Afei, sɛnea Maria yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa ho nokwasɛm a yesua no sie yɛn komam na yedwinnwen ho yiye. Sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan wɔ Bible mu no ho na yesusuw akwan a yebetumi de Yehowa afotu adi dwuma yiye ho a, ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den.

Nsɛm Foforo a na Ɛsɛ sɛ Ɔde Sie

18. (a) Dɛn na Maria ne Yosef yɛe de dii Mose Mmara no so bere a na Yesu yɛ abofra no? (b) Dɛn na afɔre a Yosef ne Maria bɔe wɔ asɔrefie hɔ no ma yehu fa wɔn sikasɛm ho?

18 Bere a abofra no dii nnawɔtwe no, Maria ne Yosef ma wotwaa no twetia sɛnea na Mose Mmara no hwehwɛ no, na wɔtoo ne din Yesu sɛnea wɔhyɛe no. (Luka 1:31) Afei, n’adaduanan so no, wɔde no twaa bɛyɛ kilomita 10 fi Betlehem kɔɔ asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem, na wɔde mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma abien kɔbɔɔ ahodwira afɔre sɛnea na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ahiafo yɛ no. Sɛ na ɛyɛ wɔn aniwu sɛ wɔannya odwennini ne aburuburuw sɛnea awofo binom yɛ no a, wɔamma anhaw wɔn. Sɛnea ɛte biara no, wonyaa nkuranhyɛ kɛse bere a na wɔwɔ hɔ no.—Luka 2:21-24.

19. (a) Nsɛm foforo bɛn na Simeon ka kyerɛɛ Maria ma ɔde siee ne komam? (b) Dɛn na Hana yɛe bere a ohuu Yesu no?

19 Akwakoraa bi a ne din de Simeon baa wɔn nkyɛn, na ɔkaa nsɛm foforo a na Maria de besie ne komam kyerɛɛ no. Ná wɔahyɛ no bɔ sɛ obehu Mesia no ansa na wawu, na Yehowa honhom ma ohui sɛ abofra Yesu ne Agyenkwa a na wɔahyɛ ne ho nkɔm no. Simeon san bɔɔ Maria kɔkɔ sɛ mmere bi bɛba a obedi yaw. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde nkrante tenten bi ahwirew ne mu. (Luka 2:25-35) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no tuu Maria koma de, nanso ɛboaa no ma otumi gyinaa mmere a emu yɛ den saa no ano wɔ mfe aduasa akyi. Simeon akyi no, odiyifobea Hana behuu abofra Yesu, na ofii ase kaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a na wɔretwɛn sɛ wobegye Yerusalem no nyinaa.—Monkenkan Luka 2:36-38.

Maria ne Yosef nyaa nkuranhyɛ kɛse wɔ Yehowa asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem

20. Dɛn nti na na eye paa sɛ wɔde Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem?

20 Hwɛ sɛnea na eye paa sɛ Yosef ne Maria de wɔn ba no kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem! Wɔnam asɔrefie hɔ a wɔde wɔn ba no kɔe nea edi kan no so kyerɛe sɛ na ɔbɛkɔ Yehowa asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa. Bere a wɔwɔ hɔ no, wɔyɛɛ nea wobetumi biara wɔ Onyankopɔn som mu, wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, na wonyaa nkuranhyɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Maria refi asɔrefie hɔ no na ne gyidi ayɛ den, na na ɔde nokwasɛm a ɛho hia ahyɛ ne koma mu a na obedwinnwen ho na waka ho asɛm akyerɛ afoforo.

21. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den te sɛ Maria?

21 Ɛyɛ fɛ sɛ yehu sɛ ɛnnɛ awofo di nhwɛso a ɛte saa akyi. Wɔ Yehowa Adansefo mu no, awofo bɔ mmɔden de wɔn mma kɔ Kristofo nhyiam ahorow daa. Awofo a wɔte saa no yɛ nea wobetumi biara wɔ Onyankopɔn som mu, na wɔka nkuranhyɛ nsɛm kyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo. Bere a wobefi Kristofo nhyiam no ase akɔ no, na wɔn gyidi ayɛ den, wɔn ani agye, na na wɔanya nneɛma pa pii a wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛne wɔn behyiam! Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu sɛ yɛn gyidi bɛkɔ so ayɛ den te sɛ Maria.

^ nky. 7 Hyɛ nsonsonoe a ɛwɔ asɛm yi ne sɛnea wɔkaa Maria akwantu a edi kan no ho asɛm no mu no nsow: ‘Maria sɔre kɔɔ’ Elisabet hɔ. (Luka 1:39) Saa bere no, na Maria ne Yosef ayɛ aware nhyehyɛe, nanso na wonnya nwaree, enti ebia Maria sii gyinae a wanka ho asɛm ankyerɛ Yosef. Wɔ wɔn aware akyi no, wɔka sɛ Yosef na ɔyɛɛ wɔn akwantu no ho nhyehyɛe, na ɛnyɛ Maria.

^ nky. 10 Saa bere no, na wɔtaa sisi ahɔhodan wɔ nkurow mu ma akwantufo ne aguadifo bɛda hɔ.

^ nky. 14 Saa bere yi a na nguanhwɛfo ne wɔn mmoa afi fie no si nea Bible mmerebu kyerɛ no so dua. Ɛno ne sɛ: Wɔanwo Kristo wɔ December mu, bere a anka nguanhwɛfo bɛhwɛ wɔn mmoa wɔ baabi a ɛbɛn fie no, na mmom wɔwoo no bɛyɛ October mfiase mu hɔ.