Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmea a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Wɔn Hɔ?

Mmea a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Wɔn Hɔ?

Nea Bible ka

 Sɛ wokenkan Bible a, wubehu sɛ, mmea a wɔtenaa ase tete no, yebetumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ. (Romafo 15:4; 2 Timoteo 3:16, 17) Yɛrebɛhwɛ saa mmea yi bi ho asɛm kakra. Wɔn mu bi yɛɛ nneɛma pa a yebetumi asuasua, nanso ebinom de, wɔyɛɛ nhwɛso bɔne a ɛnsɛ sɛ yesuasua.—1 Korintofo 10:11; Hebrifo 6:12.

  Abigail

 Ná Abigail yɛ hena? Ná ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabal yere. Ná Nabal wɔ sika, nanso na ne tirim yɛ den. Nanso Abigail de, na ɔbrɛ ne ho ase, na na osusuw nneɛma ho kɔ akyiri. Afei nso, na ne ho yɛ fɛ paa, na na ɔwɔ suban pa nso.—1 Samuel 25:3.

 Dɛn na ɔyɛe? Abigail de nhumu yɛɛ n’ade nyansam de siw ɔhaw bi a anka ɛrebɛto n’abusua ano. Nea ɛbae ne sɛ, aguanguan nti, na Dawid a ɔbɛyɛ Israel hene daakye no akɔbɔ ne ho aguaa wɔ beae bi, na na ɛhɔ baabi na Abigail nso ne ne kunu te. Ná Dawid ne ne mmarima no bɔ Nabal nguan ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a akorɔmfo mmewia. Da koro bi, Dawid somaa ne mmarima no sɛ wɔnkɔ Nabal hɔ nkɔsrɛ aduan. Nabal kekaa bi kyerɛɛ Dawid mmarima no, na ɔpamoo wɔn. Nea Nabal yɛe no maa Dawid koko paee! Enti ɔne ne mmarima no siim sɛ wɔrekokum Nabal ne mmarima a wɔwɔ ne fie nyinaa.—1 Samuel 25:10-12, 22.

 Bere a Abigail tee nea ne kunu ayɛ no, wantenatena ho koraa. Ɔboaboaa nnuan ano maa ne nkoa no sɛ wɔmfa nkɔma Dawid ne ne mmarima no. Afei ɔno ara nso siim sɛ ɔrekɔpa Dawid kyɛw. (1 Samuel 25:14-19, 24-31) Bere a Dawid huu nneɛma a Abigail de aba ne sɛnea ɔbrɛɛ ne ho ase kaa nsɛm a edwudwo koma no a, ɔkaa sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na ɔde ne ho agye nsɛm mu ayi no afi bɔne a anka ɔrekɔyɛ no mu. (1 Samuel 25:32, 33) Asɛm yi sii no, ankyɛ koraa na Nabal wui, na Dawid waree Abigail.—1 Samuel 25:37-41.

 Dɛn na yebetumi asua afi Abigail hɔ? Ɛwom, na ne ho yɛ fɛ na na ɔda sika mu, nanso na ɔbrɛ ne ho ase. Ná ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ ɔpa ho kyɛw, nanso sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba nti, otuu anammɔn kɔpaa kyɛw. Ná asɛm a aba no nyɛ asɛm ketewa, nanso sɛnea Abigail de anifere dii ho dwuma no ma yehu sɛ na ɔwɔ akokoduru, na na onim nyansa.

  Debora

 Ná Debora yɛ hena? Ná ɔyɛ odiyifobea wɔ Israel. Ná Yehowa nam no so kasa kyerɛ ɔman no. Afei, sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ Israelfo no mu a, ɔno na na ɔhwɛ siesie.—Atemmufo 4:4, 5.

 Dɛn na ɔyɛe? Odiyifobea Debora de akokoduru taa Onyankopɔn nkurɔfo akyi. Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ, ɔnka kyerɛ Barak na ɔmmoaboa Israelfo asraafo ano na wɔne Kanaanfo nkɔko. (Atemmufo 4:6, 7) Bere a Barak ka kyerɛɛ Debora sɛ ɔne wɔn nkɔ no, Debora anka sɛ wei de ɛyɛ mmarima adwuma, mmom onyaa akokoduru ne wɔn kɔe.—Atemmufo 4:8, 9.

 Bere a Onyankopɔn maa Israelfo dii nkonim akyi no, ɔne Barak boom too dwom bi a na ɛfa ɔko no ho, na Debora mpo hyehyɛɛ dwom no fã bi. Debora bɔɔ ɔbea bi a yɛfrɛ no Yael din wɔ wɔn dwom no mu. Ɔkaa sɛnea Yael a ɔyɛ ɔbea kokodurufo no nso boa ma wodii Kanaanfo no so nkonim no ho asɛm.—Atemmufo, ti 5.

 Dɛn na yebetumi asua afi Debora hɔ? Ná Debora wɔ ahofama, na na ɔwɔ akokoduru. Ɔhyɛɛ afoforo nkuran ma wɔyɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ afoforo tumi yɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani nso a, na oyi ne yam kamfo wɔn.

  Delila

 Ná Delila yɛ hena? Ɔyɛ ɔbea bi a Israel temmufo Samson tew tɔɔ ne dɔ mu.—Atemmufo 16:4, 5.

 Dɛn na ɔyɛe? Nea ɛbae ne sɛ, na Onyankopɔn taa fa Samson so de gye ne man Israel fi Filistifo no nsam. Enti na Filistifo no pɛ sɛ wokum Samson. Ɛno nti, wɔmaa Delila sika sɛ onyi Samson mma wɔn. Filistifo no yɛe ara sɛ wɔbɛkyere no, nanso ankosi aga, efisɛ na ahoɔden a Onyankopɔn de ama no no yɛ soronko. (Atemmufo 13:5) Wei nti, Filistifo no yɛe sɛ wɔbɛkɔ akohu Delila.

 Wɔmaa no sika sɛ ɔmmɔ mmɔden ara sɛ obehu nea ɛyɛe a Samson nyaa ahoɔden saa. Delila soo sika no mu, enti ɔyɛɛ biara sɛ obehu baabi a Samson ahoɔden no fi. Akyiri yi, ne nsa kaa nea na ɔrehwehwɛ no. (Atemmufo 16:15-17) Ɔfaa akyiri koyii Samson mae, na Filistifo no kɔkyeree Samson de no too afiase.—Atemmufo 16:18-21.

 Dɛn na yebetumi asua afi Delila hɔ? Delila nyɛ obi a ɛsɛ sɛ yesuasua no. Sikanibere nti, ɔdaadaa Onyankopɔn somfo. Wanni nokware na na ɔyɛ pɛsɛmenkominya.

  Ester

 Ná Ester yɛ hena? Ɔyɛ Yudani bea bi a Persia Hene Ahasweros waree no ma ɔbɛyɛɛ ne hemmaa.

 Dɛn na ɔyɛe? Ɔhemmaa Ester de tumi a onyae gyee ne kuromfo. Ɔtee sɛ wɔahyɛ mmara bi sɛ, wɔapaw da bi a wɔde bekunkum Yudafo a wɔwɔ Persia Ahemman no mu nyinaa, na na Ɔhene no de ne nsa ahyɛ ase. Ná ɔbarima a ɔhyɛ saa adebɔne yi akyi ne Persia man no soafo panyin a ne din de Haman. (Ester 3:13-15; 4:1, 5) Mordekai a ɔyɛ Ester nuabarima no boaa Ester ma ɔyɛɛ asɛm no ho biribi. Nea Ester yɛe ne sɛ, ɔkɔkaa nea na ɛrekɔ so no ho asɛm kyerɛɛ ne kunu Ɔhene Ahasweros; na wei betumi ama wahwere ne nkwa. (Ester 4:10-16; 7:1-10) Ɔhene Ahasweros maa Mordekai ne Esther kwan sɛ wɔnhyɛ mmara foforo a ɛbɛma Yudafo no ako agye wɔn ho. Da no soe no, Yudafo de wɔn atamfo no akyi kaa fam.—Ester 8:5-11; 9:16, 17.

 Dɛn na yebetumi asua afi Ester hɔ? Sɛ yɛreka mmea a na wɔwɔ akokoduru, wɔbrɛ wɔn ho ase, na wodwo a, Ɔhemmaa Ester ka ho. (Dwom 31:24; Filipifo 2:3) Ɛwom, na ne ho yɛ fɛ paa, na na ɔwɔ dibea kɛse de, nanso otiee afotu na ɔhwehwɛɛ afoforo hɔ mmoa. Bio nso, bere a na ɔne ne kunu no rebɔ nkɔmmɔ no, ɔdaa anifere ne obu adi; wamma ehu ankyekyere no. Afei nso, bere a na Yudafo no nyinaa nkwa da asiane mu no, wanyi wɔn amma, mmom onyaa akokoduru kaa sɛ ɔno nso yɛ Yudani.

  Hawa

 Ná Hawa yɛ hena? Ɔno ne ɔbea a odi kan a wɔbɔɔ no, na ɔno ara nso ne ɔbea a odi kan a Bible ka ne ho asɛm.

 Dɛn na ɔyɛe? Hawa buu Onyankopɔn mmara a na emu da hɔ a ɔde maa no no so. Bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔne ne kunu Adam no, na bɔne biara nni wɔn ho. Ná wotumi paw nea wɔpɛ, na na wobetumi ada su ahorow te sɛ ɔdɔ ne nyansa adi. (Genesis 1:27) Ná Hawa nim sɛ Onyankopɔn de mmara ama Adam sɛ, dua baako bi de, sɛ wodi ɛso aba a, wobewu. Nanso, Satan daadaa Hawa sɛ, sɛ odi aduaba no bi a, ɔrenwu. Nokwasɛm ne sɛ, Satan dɛfɛdɛfɛɛ Hawa ma obenyaa adwene sɛ, sɛ obu Onyankopɔn ahyɛde no so a, n’asetena bɛkɔ yiye. Enti ɔtew aduaba no bi dii, na akyiri yi, ɔmaa ne kunu no bi ma odii.—Genesis 3:1-6; 1 Timoteo 2:14.

 Dɛn na yebetumi asua afi Hawa hɔ? Hawa anyɛ nhwɛso pa. Bere a adwemmɔne baa ne tirim no, wanyi afi ne tirim, mmom ɔkɔɔ so dwinnwen ho ma ɔkɔyɛɛ bɔne. Onyankopɔn mmara a emu da hɔ a ɔde maa wɔn no, obuu so, efisɛ na n’ani bere ade na onyaa biribi a ɛnyɛ ne dea ho akɔnnɔ.—Genesis 3:6; 1 Yohane 2:16.

  Hanah

 Ná Hanah yɛ hena? Ná ɔyɛ Elkana yere. Ɔno na ɔwoo Samuel a akyiri yi ɔbɛyɛɛ odiyifo wɔ Israel no.—1 Samuel 1:1, 2, 4-7.

 Dɛn na ɔyɛe? Eduu bere bi na Hanah ntumi nwo, enti osu guu Onyankopɔn so. Ná Hanah kunu ware mmaa mmienu. Ne kora Penina de, na mmofra nyɛ no nã. Nanso, Hanah a na watena aware no ase akyɛ no, na ontumi nwo. Penina yii Hanah ahi saa, nanso Hanah de n’asɛm maa Onyankopɔn. Ɔhyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ, sɛ otumi wo ɔbabarima a, ɔde abofra no bɛma no. Ɔde kaa ho sɛ, ɔbɛma abofra no akɔsom wɔ ntamadan a na Israelfo som Onyankopɔn wɔ mu no mu.—1 Samuel 1:11.

 Onyankopɔn tiee Hanah mpaebɔ ma onyinsɛn woo Samuel. Hanah dii ne bɔhyɛ so. Bere a Samuel da so ara yɛ abofra no, ɔde no kɔɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔnkɔsom. (1 Samuel 1:27, 28) Afe biara, na Hanah pam ataade kɔma Samuel. Akyiri yi, Onyankopɔn buee Hanah yafunu mu ma ɔwoo mmofra nnum—mmarima mmiɛnsa, mmaa mmienu.—1 Samuel 2:18-21.

 Dɛn na yebetumi asua afi Hanah hɔ? Mpae a Hanah fii ne komam bɔe no boaa no ma otumi gyinaa ɔhaw a na ɔrehyia no ano. Hanah mpae a emu asɛm wɔ 1 Samuel 2:1-10 ma yehu sɛ na ɔwɔ gyidi kɛse wɔ Onyankopɔn mu.

  •  Sɛ wopɛ Hanah ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Ofi Ne Komam Bɔɔ Onyankopɔn Mpae” no.

  •  Tete no, Onyankopɔn maa kwan ma n’asomfo waree mmaa mmienu anaa nea ɛboro saa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn yɛɛ saa no ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Does God Approve of Polygamy?” no.

  Yael

 Ná Yael yɛ hena? Ná ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Heber yere. Ná Yael kunu no nyɛ Israelni, nanso Yael nyaa akokoduru boaa Onyankopɔn nkurɔfo.

 Dɛn na ɔyɛe? Ɛho behiae sɛ Yael yɛ biribi de boa Onyankopɔn nkurɔfo bere a Kanaanfo sahene Sisera bepuee ne ntamadan mu no. Nea ɛbae ne sɛ, Sisera ne n’asraafo no ne Israelfo de bɔɔ ani ma Sisera dii nkogu, enti oguanee. Bere a na ɔreguan apɛ baabi akɔbɔ ne ho aguaa no, okopuee Yael ntamadan mu. Yael maa no baabi dae. Bere a na nna no ayɛ no dɛ no, Yael kum no.—Atemmufo 4:17-21.

 Nea Yael yɛe no maa nkɔm a Debora hyɛe no baam. Debora hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔbea na Yehowa de Sisera bɛhyɛ ne nsa.” (Atemmufo 4:9) Esiane nea Yael yɛe nti, Bible no kaa sɛ ‘wɔahyira no wɔ mmea mu.’—Atemmufo 5:24.

 Dɛn na yebetumi asua afi Yael hɔ? Yael de akokoduru yɛɛ biribi de boaa Onyankopɔn nkurɔfo. Sɛnea nneɛma kɔe no ma yehu sɛ, Onyankopɔn betumi adannan nneɛma mu ama asɛm bi a waka abam.

  Yesebel

 Ná Yesebel yɛ hena? Ná ɔyɛ Israel Hene Ahab yere. Ná Yesebel nyɛ Israelni, na na ɔnsom Yehowa, mmom na ɔsom Kanaan bosom bi a wɔfrɛ no Baal.

 Dɛn na ɔyɛe? Ná Ɔhemmaa Yesebel hyɛ ne manfo so, na na ne tirim yɛ den. Ɔmaa Baal som ne aguamammɔ a na ɛbata ho no hyetaa baabiara wɔ ɔman no mu. Anso hɔ ara, ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔremma obiara nsom nokware Nyankopɔn no wɔ ɔman no mu.—1 Ahene 18:4, 13; 19:1-3.

 Yesebel twaa atoro too nkurɔfo so, na okum ebinom sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka nea ɔpɛ. (1 Ahene 21:8-16) Onyankopɔn ka too hɔ sɛ, Yesebel wu bɛyɛ tan, na wɔrensie no. Saa pɛpɛɛpɛ na esii.—1 Ahene 21:23; 2 Ahene 9:10, 32-37.

 Dɛn na yebetumi asua afi Yesebel hɔ? Yesebel nyɛ obi a ɛsɛ sɛ yesuasua no. Ná ne bra asɛe paa, na na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ne nsa bɛka nea ɔpɛ. Enti sɛ yɛte ne din a, nea ɛba yɛn tirim ara ne ɔbea bi a watoto n’ani awe, obu brabɔne, na n’ani nsɔ hwee.

  Lea

 Ná Lea yɛ hena? Ná ɔyɛ agya panyin Yakob yere a odi kan. Ná ne nua ketewa Rahel yɛ Yakob yere a ɔto so mmienu.—Genesis 29:20-29.

 Dɛn na ɔyɛe? Lea woo mmarima nson maa Yakob. (Rut 4:11) Ná ɛnyɛ Lea na na Yakob pɛ sɛ ɔware no, mmom na Rahel na na ɔpɛ. Nanso, n’ase Laban hyehyɛɛ ho ma ɔwaree Lea mmom. Bere a Yakob huu sɛ n’ase adaadaa no no, ɔmaa Laban hui sɛ wanyɛ ade. Laban mmɛka na yentie a, ose wɔn amammerɛ mu no, ɛsɛ sɛ ɔba panyin no ware ansa na ketewa no aware. Nnawɔtwe akyi no, Yakob waree Rahel.—Genesis 29:26-28.

 Ná Yakob dɔ Rahel sen Lea koraa. (Genesis 29:30) Ɛno nti, na Lea ne ne nuabea no twe kora, sɛnea ɛbɛyɛ a Yakob bɛdɔ ɔno nso. Onyankopɔn huu nea na Lea refa mu no nyinaa, na ohyiraa no ma ɔwoo mmarima nsia ne ɔbea baako.—Genesis 29:31.

 Dɛn na yebetumi asua afi Lea hɔ? Lea bɔɔ mpae de ne ho too Onyankopɔn so. Ɛwom, na abusuasɛm reteetee no, nanso ohuu sɛ Onyankopɔn nsa wɔ n’asetena mu. (Genesis 29:32-35; 30:20) Saa bere no, Onyankopɔn penee so ma aware dodow kɔɔ so de, nanso nea Lea faa mu wɔ n’asetena mu ma yehu sɛ awaredodow nye. Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ, ɔbarima anaa ɔbea benya ɔhokafo baako pɛ.—Mateo 19:4-6.

  •  Sɛ wopɛ Lea ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Anuanom Mmea a Wohuu Amane a ‘Wɔkyekyee Israel Fie’” no.

  •  Tete no, Onyankopɔn maa kwan ma n’asomfo waree mmaa mmienu anaa nea ɛboro saa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn yɛɛ saa no ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Does God Approve of Polygamy? no.”

  Marta

 Ná Marta yɛ hena? Ná ɔyɛ Lasaro ne Maria nuabea. Ná wɔn mmiɛnsa nyinaa te Betania; akuraa bi a na ɛbɛn Yerusalem.

 Dɛn na ɔyɛe? Ná Marta yɔnko berɛbo paa ne Yesu. Bible ka sɛ, “Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro.” (Yohane 11:5) Ná Marta pɛ ahɔhoyɛ. Bere bi, Yesu kɔsraa wɔn. Maria yɛe sɛ ɔbɛtena hɔ komm atie nsɛm a na Yesu reka no, nanso Marta de, na n’ani abere reyɛ nnwuma a na ɛwɔ fie hɔ no. Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, Maria mpɛ sɛ ɔboa no wɔ adwuma a na ɔreyɛ no mu. Yesu tɔɔ ne bo ase teɛɛ adwene a na Marta kura no.—Luka 10:38-42.

 Bere foforo nso, Lasaro yaree. Marta ne ne nuabea no somae sɛ wɔnkɔfrɛ Yesu mmra. Ná wɔwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ Yesu ba a, ɔbɛsa wɔn nuabarima no yare. (Yohane 11:3, 21) Nanso Lasaro wui. Yesu beduu hɔ no, nkɔmmɔ a Marta ne no dii no ma yehu sɛ na ɔwɔ awerɛhyem sɛ, owusɔre ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no bɛbam ɔkwan biara so. Afei nso, na ogye di sɛ Yesu betumi anyan ne nua no aba nkwa mu bio.—Yohane 11:20-27.

 Dɛn na yebetumi asua afi Marta hɔ? Ná Marta pɛ ahɔhoyɛ, enti na ɔyɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asom afoforo. Oyii ne yam gyee afotu toom. Afei, oyii ne yam kaa ne koma mu nsɛm ne nea na ogye di.

  •  Sɛ wopɛ Marta ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Migye Di” no.

  Maria (Yesu maame)

 Ná Maria yɛ hena? Ɔyɛ Yudani ababaa bi a Onyankopɔn ma onyinsɛn anwonwakwan so ma ɔwoo Yesu. Bere a ɔwoo Yesu no, na ɔyɛ ɔbaabun.

 Dɛn na ɔyɛe? Maria brɛɛ ne ho ase yɛɛ Onyankopɔn apɛde. Bere bi, ɔbɔfo bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, obenyinsɛn awo Mesia a na wɔahwɛ no kwan bere tenten no. Saa bere no, na ɔne Yosef ayɛ aware nhyehyɛe, na na ɛnkyɛ na wɔaware. (Luka 1:26-33) Ofii ne komam gyee saa asɛyɛde no toom. Maria ne Yosef woo Yesu akyi no, wɔwoo mmarima nnan; ɛbɛyɛ sɛ wɔwoo mmaa mmienu kaa ho. Enti Maria ankɔ so ara anyɛ ɔbaabun. (Mateo 13:55, 56) Ɛwom, onyaa hokwan soronko de, nanso bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so anaa bere a wɔtew Kristofo asafo no foforo no, Maria anhwɛ kwan sɛ afoforo de nidi soronko bɛma no, anaa wɔne no bedi wɔ ɔkwan soronko so.

 Dɛn na yebetumi asua afi Maria hɔ? Ná Maria yɛ ɔnokwafo, na oyii ne yam gyee asɛyɛde a emu yɛ duru toom. Ná onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye paa. Sɛ wohwɛ nsɛm a ɔkae wɔ Luka 1:46-55 sei a, akontaabu kyerɛ sɛ ɔtwee adwene sii Hebri Kyerɛwnsɛm no so bɛboro mpɛn 20 .

  •  Sɛ wopɛ Maria ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “What Mary’s Example Can Teach Us” no.

  Maria (Marta ne Lasaro nuabea)

 Ná Maria yɛ hena? Ná ɔne ne nuabarima Lasaro ne ne nuabea Marta yɛ Yesu nnamfo a mframa mfa wɔn ntam.

 Dɛn na ɔyɛe? Ná Maria nni Yesu ho agorɔ koraa, na na obu no sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Maria kyerɛe sɛ ɔwɔ Yesu mu gyidi paa. Bere a ne nuabarima Lasaro wui a Yesu kaa sɛ ɔrekonyan no no, Maria kaa sɛ, sɛ Yesu duu hɔ ntɛm a, anka ne nuabarima no anwu. Afei nso, Yesu renyan Lasaro no, na Maria wɔ hɔ. Bere bi a Yesu kɔsraa wɔn no, na Marta ani abere reyɛ fie nnwuma, nanso Maria de, na ɔretie Yesu. Wei maa Marta bo fuw Maria. Nanso Yesu kamfoo Maria, efisɛ ɔmaa Onyankopɔn asɛm a obetie ho hiaa no sen biribi foforo biara.—Luka 10:38-42.

 Bere foforo nso, Maria yɛɛ biribi soronko bi de som Yesu. Ɔde “ngo huamhuam a ne bo yɛ den” srasraa Yesu ti ne ne nan ho. (Mateo 26:6, 7) Wɔn a na wɔwɔ hɔ saa bere no kaa sɛ Maria atow sika agu kwa. Nanso Yesu maa wohuu sɛ, Maria ayɛ ade paa. Ɔkaa sɛ: “Baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no, wɔbɛka nea ɔbea yi ayɛ yi nso de akae no.”—Mateo 24:14; 26:8-13.

 Dɛn na yebetumi asua afi Maria hɔ? Maria nyaa gyidi a emu yɛ den. Ɔde Onyankopɔn som dii kan wɔ biribiara a ɔyɛe mu. Afei nso, ofi ahobrɛase mu de ne sika ne n’ahode som Yesu.

  Maria Magdalene

 Ná Maria Magdalene yɛ hena? Mmea anokwafo a wodii Yesu akyi no, na ɔka ho.

 Dɛn na ɔyɛe? Mmea a na wɔka Yesu ho bere a ɔne n’asuafo no tutuu akwan no, na Maria Magdalene ka ho. Ɔno ara too ne bɔtɔ mu yii sika de boaa Yesu ne n’asuafo no. (Luka 8:1-3) Odii Yesu akyi araa kosii sɛ owiee ne som adwuma no, na ɔbataa Yesu ho kosii sɛ owui. Wɔn a wonyaa hokwan huu Yesu bere a onyan no, na ɔka ho.—Yohane 20:11-18.

 Dɛn na yebetumi asua afi Maria hɔ? Maria Magdalene de n’ahode som Yesu bere a na ɔreyɛ ne som adwuma no, na ɔkɔɔ so dii n’akyi.

  Miriam

 Ná Miriam yɛ hena? Ná ɔyɛ Mose ne Aaron nuabea. Ɔno ne odiyifobea a Bible dii kan kaa ne ho asɛm.

 Dɛn na ɔyɛe? Esiane sɛ na ɔyɛ odiyifobea nti, na Onyankopɔn fa no so kasa kyerɛ afoforo. Ná Miriam wɔ hokwan kɛse wɔ Israel man no mu. Bere a Onyankopɔn sɛee Egypt asraafo wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, Miriam ne mmarima no boom too nkonimdi dwom.—Exodus 15:1, 20, 21.

 Nanso ɛno akyi no, ɔne Aaron kasa tiaa Mose. Ahomaso ne ahoɔyaw na ɛmaa wɔyɛɛ saa. Ná Onyankopɔn “retie,” enti ɔkaa Miriam ne Aaron anim denneennen. (Numeri 12:1-9) Onyankopɔn maa kwata guaree Miriam, efisɛ ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ofii atuatew no ase. Bere a Mose paa Onyankopɔn kyɛw sɛ onhu Miriam mmɔbɔ no, Onyankopɔn tiei, na ɔsaa no yare. Ne yare no nti, otu kɔtenaa Israel nsraban no akyi nnanson, ɛno akyi no, ɔsan bɛkaa Israelfo no ho.—Numeri 12:10-15.

 Bible ma yehu sɛ Miriam bo amfuw sɛ Onyankopɔn teɛɛ ne so. Mfe pii akyi no, Onyankopɔn kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ na Miriam wɔ hokwan kɛse kyerɛɛ Israelfo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Memaa Mose ne Aaron ne Miriam dii mo anim.”—Mika 6:4.

 Dɛn na yebetumi asua afi Miriam hɔ? Miriam asɛm no ma yehu sɛ, biribiara a yɛbɛka akyerɛ yɛn nua anaa yɛbɛka afa ne ho no, Onyankopɔn te. Afei nso, ɛma yehu sɛ, sɛ yebetumi asɔ Onyankopɔn ani a, ɛnsɛ sɛ yɛma ahantan ne ahoɔyaw ba yɛn komam, efisɛ ɛyɛ su a etumi ma yɛsɛe afoforo din.

  Rahel

 Ná Rahel yɛ hena? Na ɔyɛ Laban babea, na na ɔyɛ agya panyin Yakob yere a ɔdɔ no paa.

 Dɛn na ɔyɛe? Yakob waree Rahel no, ɔne no woo mmarima mmienu. Wɔn mma mmienu no ka ho na yenyaa Israel mmusuakuw 12 no. Bere a Rahel rehwɛ ne papa nguan no na ohyiaa ne kunu a ɔwaree no no. (Genesis 29:9, 10) Ná Rahel “ho yɛ fɛ” sen ne nua panyin Lea.—Genesis 29:17.

 Yakob tew tɔɔ Rahel dɔ mu. Wei nti ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ adwuma mfe nson sɛnea ɛbɛyɛ a obenya no aware. (Genesis 29:18) Nanso, Laban daadaa Yakob ma ɔwaree Lea kan. Ɛno akyi no, Laban maa Yakob kwan ma ɔwaree Rahel.—Genesis 29:25-27.

 Ná Yakob dɔ Rahel ne ne mma mmienu no sen Lea ne ne mma no. (Genesis 37:3; 44:20, 27-29) Wei nti na mmea mmienu no twe kora, na na wɔnsen so koraa.—Genesis 29:30; 30:1, 15.

 Dɛn na yebetumi asua afi Rahel hɔ? Ɛmfa ho ɔhaw a ohyiae wɔ abusua no mu no, Rahel miaa n’ani gyinaa mu na onyaa anidaso sɛ Onyankopɔn betie ne mpaebɔ. (Genesis 30:22-24) N’asɛm no ma yehu sɛ awaredodow nye. Asɛm a ɛtoo Rahel no ma yehu sɛ Onyankopɔn a ɔhyehyɛɛ aware no nim nyansa paa. Ná ɔpɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔyere baako pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani begye.—Mateo 19:4-6.

  •  Sɛ wopɛ Rahel ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Anuanom Mmea a Wohuu Amane a ‘Wɔkyekyee Israel Fie’” no.

  •  Tete no, Onyankopɔn maa kwan ma n’asomfo waree mmaa mmienu anaa nea ɛboro saa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn yɛɛ saa no ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Does God Approve of Polygamy?” no.

  Rahab

 Ná Rahab yɛ hena? Ná ɔyɛ oguamanfo bi a ɔte Kanaan kurow Yeriko mu. Nanso akyiri yi, ɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn.

 Dɛn na ɔyɛe? Rahab de Israelfo mmienu a wɔkɔhwɛɛ Yeriko kurow no siee baabi a obiara nhu wɔn. Nea enti ɔyɛɛ saa ne sɛ, na wate sɛnea Yehowa gyee Israelfo no fii Egypt ne Amorifo nsam.

 Rahab boaa akwansrafo no wiee no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ, sɛ Israelfo no rebɛsɛe Yeriko kurow no a, wonnye ɔne n’abusua nkwa. Akwansrafo no penee so, nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ biribi. Ɛne sɛ: Ɛnsɛ sɛ ɔka nea enti a wɔbaa hɔ no ho asɛm kyerɛ obiara. Afei nso, da a Israelfo no bɛba abɛtow ahyɛ kurow no so no, na ɛsɛ sɛ ɔne n’abusuafo no bɛhyɛ ne dan no mu. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔde ahama kɔkɔɔ sɛn ne mpomma no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ ne fie no nsow. Rahab dii akwankyerɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Saa a ɔyɛe nti, ɔne n’abusuafo no nyinaa nyaa wɔn ti didii mu bere a Israelfo bɛsɛee Yeriko kurow no.

 Akyiri yi, Rahab waree Israelni na ɔbɛyɛɛ Ɔhene Dawid ne Yesu Kristo nanabea.—Yosua 2:1-24; 6:25; Mateo 1:5, 6, 16.

 Dɛn na yebetumi asua afi Rahab hɔ? Sɛ Bible reka wɔn a na wɔwɔ gyidi mapa no ho asɛm a, Rahab ka ho. (Hebrifo 11:30, 31; Yakobo 2:25) N’asɛm no ma yehu sɛ, Onyankopɔn de bɔne kyɛ, na ɔnyɛ nyiyim. Afei nso, ɛmfa ho ɔman a obi fi mu anaa kasa a ɔka no, sɛ ɔde ne ho to Yehowa so a, ohyira no.

  •  Sɛ wopɛ Rahab ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “She Was ‘Declared Righteous by Works’” no.

  Rebeka

 Ná Rebeka yɛ hena? Ná ɔyɛ Isak yere. Ɔno na ɔwoo Yakob ne Esau.

 Dɛn na ɔyɛe? Ɛwom, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ Rebeka bɛyɛ Onyankopɔn apɛde, nanso ɔyɛe. Bere bi a na ɔresaw nsu wɔ abura bi mu no, ɔbarima bi srɛɛ no sɛ ɔmma no bi nnom. Ntɛm ara na Rebeka saw bi maa no, na ɔsaw bi nso maa ne yoma no. (Genesis 24:15-20) Ná saa ɔbarima no yɛ Abraham akoa a wɔasoma no sɛ ɔnkɔhwehwɛ ɔbea mmrɛ ne ba Isak. Ná watwa kwantenten ansa na ɔredu baabi a ohyiaa Rebeka no. (Genesis 24:2-4) Afei ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no ma onya ɔbea pa. Enti bere a ohuu sɛnea Rebeka ayi ne yam reyɛ adwumaden de asom no hɔho no, ohui sɛ Onyankopɔn atie ne mpaebɔ. Ohui sɛ ɔbea wei ara na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde no kɔma ne wura ba Isak.—Genesis 24:10-14, 21, 27.

 Bere a Rebeka huu nea enti a ɔbarima no atwa kwantenten aba hɔ no, ogye toom sɛ ɔne no bɛkɔ na wakɔware Isak. (Genesis 24:57-59) Akyiri yi ɔne Isak woo ntafo. Ná Onyankopɔn aka akyerɛ Rebeka sɛ, ne ba panyin Esau bɛsom Yakob a na ɔyɛ ketewa no. (Genesis 25:23) Bere a Isak yɛɛ sɛ obehyira Esau no, Rebeka yɛɛ nhyehyɛe maa Yakob mmom nyaa nhyira no, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ.—Genesis 27:1-17.

 Dɛn na yebetumi asua afi Rebeka hɔ? Ná Rebeka brɛ ne ho ase, ɔpɛ adwuma na na ɔpɛ ahɔhoyɛ. Saa suban ahorow yi na ɛma ɔbɛyɛɛ ɔyere pa, ɛna pa, ne nokware Onyankopɔn somfo.

  •  Sɛ wopɛ Rebeka ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Mɛkɔ” no.

  Rut

 Ná Rut yɛ hena? Ná ɔyɛ Moabni. Ogyaw n’anyame ne ne kurow hɔ kɔsom Yehowa wɔ Israel.

 Dɛn na ɔyɛe? Rut daa ɔdɔ kann adi kyerɛɛ n’ase Naomi. Ɔkɔm bi a esii wɔ Israel maa Naomi ne n’abusua tu kɔtenaa Moab. Akyiri yi, Naomi mma mmarima mmienu no waree Moabfo mmea bi a wɔn din de Rut ne Orpa. Bere rekɔ so no, Naomi kunu ne ne mma mmarima mmienu no wuwui. Wei maa mmea mmiɛnsa no nyinaa bɛyɛɛ akunafo.

 Naomi yɛe sɛ ɔbɛsan akɔ Israel, efisɛ na ɔkɔm no agyae. Rut ne Orpa yɛɛ sɛ wɔne no bɛkɔ. Nanso Naomi ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsan nkɔ wɔn abusuafo nkyɛn. Orpa tiei. (Ruth 1:1-6, 15) Nanso Rut de, na wawe ataa so sɛ nsu mu oo, awia mu oo, ɔrennyaw n’ase no da. Ná ɔdɔ Naomi paa, na na ɔpɛ sɛ ɔne Naomi nyinaa som ne Nyankopɔn, Yehowa.—Rut 1:16, 17; 2:11.

 Bere a wɔkɔɔ Naomi kurom Betlehem no, sɛnea na Rut yɛ adwumaden de hwɛ Naomi ne sɛnea ɔkɔɔ so bataa ne ho no maa Rut benyaa din pa. Wei maa osikani bi a yɛfrɛ no Boas huu sɛ Rut yɛ onipa pa, enti ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ ɔne n’asebea Naomi. (Rut 2:5-7, 20) Akyiri yi, Rut waree Boas, na ɔbɛyɛɛ Ɔhene Dawid ne Yesu Kristo nanabea.—Mateo 1:5, 6, 16.

 Dɛn na yebetumi asua afi Rut hɔ? Ɔdɔ a Rut wɔ ma Naomi ne Yehowa nti, ogyaw n’abusua ne ne biribiara hɔ bɛsom Yehowa. Ná Rut wɔ ahofama, na na ɔyɛ adwumaden. Afei nso, ɛmfa ho sɛ na nneɛma mu yɛ den no, ɔkɔɔ so dii nokware.

  Sara

 Ná Sara yɛ hena? Ná ɔyɛ Abraham yere. Ɔno na ɔwoo Isak.

 Dɛn na ɔyɛe? Ná Sara te yiye wɔ kurow bi a yɛfrɛ no Ur mu. Nanso otu fii hɔ, efisɛ na ogye di sɛ bɔhyɛ ahorow a Onyankopɔn ahyɛ ne kunu Abraham no bɛbam. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ontu mfi Ur nkɔtena Kanaan. Ɔhyɛɛ no bɔ sɛ obehyira no na wayɛ no ɔman kɛse. (Genesis 12:1-5) Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Sara adi bɛyɛ mfe 60. Enti efi saa bere no rekɔ no, Sara ne ne kunu dii atutena, na na ntamadan mu nko ara na na wɔte.

 Ɛwom, na ɛyɛ hu sɛ obi bedi atutena, nanso Sara kɔɔ so bataa Abraham ho, na ɔboaa no ma ɔde Onyankopɔn akwankyerɛ yɛɛ adwuma. (Genesis 12:10, 15) Awo a na Sara nwo nti, na odi awerɛhow paa. Nanso na Onyankopɔn ahyɛ Abraham bɔ sɛ obehyira n’asefo. (Genesis 12:7; 13:15; 15:18; 16:1, 2, 15) Akyiri yi, Onyankopɔn tii saa bɔhyɛ no mu kyerɛɛ Abraham, na ɔmaa ohui sɛ Sara na ɔbɛwo saa abofra a na ɔde ahyɛ no bɔ no. Bere a Sara woe no, na watwa bra, kyerɛ sɛ na wapa mfe a obi di a obetumi awo ho. Saa bere no, na wadi mfe 90 na na ne kunu nso adi mfe 100. (Genesis 17:17; 21:2-5) Wɔtoo abofra no din Isak.

 Dɛn na yebetumi asua afi Sara hɔ? Sara asɛm no ma yenya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ ahorow nyinaa aba mu. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegye adi mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛba mu ké! (Hebrifo 11:11) Sara san yɛɛ nhwɛso maa ɔyerenom. N’asɛm no ma yehu sɛ, sɛ ɔyerenom da obu adi kyerɛ wɔn kununom a, ɛbɛma wɔn aware no asɔ paa.—1 Petro 3:5, 6.

  Sulamit ababaa no

 Ná Sulamit ababaa no yɛ hena? Ɔno ne ababaa hoɔfɛfo a ne ho asɛm wɔ Bible nhoma a wɔato din Solomon Dwom anaa Nnwom mu Dwom mu no. Bible ammɔ ne din.

 Dɛn na ɔyɛe? Sulamit ababaa yi kɔɔ so bataa oguanhwɛfo bi a na watew atɔ ne dɔ mu ho. (Solomon Dwom 2:16) Ná ne ho yɛ fɛ araa ma enti Ɔhene Solomon a ɔyɛ ɔdefo no yɛɛ nea obetumi biara sɛ ne nsa bɛka no. (Solomon Dwom 7:6) Ɛwom, ebinom kaa kyerɛɛ ababaa no sɛ ɔntwe mma Solomon de, nanso Sulamit ababaa yi amfa ne ti annye. Ná oguanhwɛfo no ara na ɔdɔ no, ɛno nti wanyi ne baako anhyɛ ne nsa da.—Solomon Dwom 3:5; 7:10; 8:6.

 Dɛn na yebetumi asua afi Sulamit ababaa no hɔ? Ɛmfa ho sɛ na ne ho yɛ fɛ, na obiara ani gye ne ho no, ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase. Wamma ahode, edin a obenya, anaa n’atipɛnfo annaadaa no amma wannyae oguanhwɛfo no. Afei nso, ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ ahosodi, na ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmu brabɔne.

  Lot yere no

 Ná Lot yere yɛ hena? Bible ammɔ ne din. Nanso ɛka sɛ, na ɔwɔ mma mmaa mmienu, na na ɔne n’abusua te Sodom.—Genesis 19:1, 15.

 Dɛn na ɔyɛe? Wantie ahyɛde a Onyankopɔn de maa n’abusua no. Ná Onyankopɔn rebɛsɛe Sodom ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no, efisɛ na wɔn bra asɛe paa na na wɔde wɔn ho ahyɛ aguamammɔ a ɛyɛ abofono mu. Saa bere no, na Lot ne n’abusua te Sodom. Ná Onyankopɔn dɔ wɔn paa, enti ɔsomaa abɔfo mmienu bi sɛ wonkoyi wɔn mfi kurow no mu.—Genesis 18:20; 19:1, 12, 13.

 Bere a abɔfo no de wɔn refi kurow no mu no, wɔka kyerɛɛ Lot ne n’abusua sɛ wonguan nkɔ bepɔw so, na ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn akyi; wɔyɛ saa a wobewu. (Genesis 19:17) Nanso Lot “yere twaa n’ani hwɛɛ n’akyi, na ɔdan nkyene siw.”—Genesis 19:26.

 Dɛn na yebetumi asua afi Lot yere no hɔ? Lot yere asɛm no ma yehu sɛ, sɛ yɛma yɛn ani gye honam fam nneɛma ho dodo a, ebewie ase no, yɛremfa Onyankopɔn asɛm nyɛ hwee. Wei nti Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ “Monkae Lot yere no”.—Luka 17:32.

 Bere a Mmea a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu No De Tenaa Ase

  1.  Hawa

  2. Noa Nsuyiri no (2370 A.Y.B.)

  3.  Sara

  4.  Lot Yere no

  5.  Rebeka

  6.  Lea

  7.  Rahel

  8. Exodus (1513 A.Y.B.)

  9.  Miriam

  10.  Rahab

  11.  Rut

  12.  Debora

  13.  Yael

  14.  Delila

  15.  Hanah

  16. Israel hene a odi kan (1117 A.Y.B.)

  17.  Abigail

  18.  Sulamit ababaa no

  19.  Yesebel

  20.  Ester

  21.  Maria (Yesu maame)

  22. Yesu asubɔ (29 Y.B.)

  23.  Marta

  24.  Maria (Marta ne Lasaro nuabea)

  25.  Maria Magdalene

  26. Yesu wu (33 Y.B.)