Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim Nsɛm

Nnianim Nsɛm

‘Munsuasua wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no.’​—HEBRIFO 6:12.

1, 2. Dɛn na ɔhwɛfo kwantufo bi yɛe a ɛma yehu adwene a ɔwɔ wɔ anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no ho, na dɛn nti na anokwafo a wɔte saa no betumi ayɛ yɛn nnamfo pa?

“ƆKA nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no ho asɛm te sɛ nea wɔyɛ ne nnamfo dedaw.” Kristoni bea bi na ɔkaa saa asɛm yi bere a otiee baguam kasa a ɔhwɛfo kwantufo bi a ne mfe akɔ anim mae no. Ɛfata sɛ ɔkaa saa, efisɛ onua no de mfe pii asua Onyankopɔn Asɛm no, na ɔde akyerɛkyerɛ nkurɔfo araa ma enti mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi a Bible ka wɔn ho asɛm no abɛyɛ te sɛ ne nnamfo a ɔne wɔn abɔ wɔ ne nkwa nna nyinaa mu.

2 So nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no mu pii nyɛ nkurɔfo a wobetumi ayɛ yɛn nnamfo pa? So wunim wɔn yiye? Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛne mmarima ne mmea bi te sɛ Noa, Abraham, Rut, Elia, ne Ester betu mpase, na yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ ma yɛahu wɔn yiye. Susuw nkɛntɛnso pa a wobetumi anya wɔ w’asetena so—afotusɛm ne nkuranhyɛ a etu mpɔn a wobetumi de ama wo—no ho hwɛ!—Monkenkan Mmebusɛm 13:20.

3. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mfaso afi mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi a Bible ka wɔn ho asɛm no ho ade a yebesua no so? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Nokwasɛm ne sɛ, ayɔnkofa pa a ɛte saa no betumi ayɛ yiye paa bere a “wɔn a wɔteɛ . . . bɛsɔre afi awufo mu” aba no. (Aso. 24:15) Nanso, ɛnnɛ mpo, sɛ yesua mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi a Bible ka wɔn ho asɛm no ho ade a, yebetumi anya so mfaso. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɔsomafo Paulo ma yɛn mmuae a ɛfata yi sɛ: ‘Munsuasua wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no.’ (Heb. 6:12) Bere a yɛrebesua mmarima ne mmea a na wɔwɔ gyidi no ho nsɛm no, momma yensusuw nsɛmmisa kakra a asɛm a Paulo kae no ma ɛsɔre no ho nhwɛ: Dɛn koraa ne gyidi, na dɛn nti na yehia? Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua anokwafo a wɔtenaa ase tete no?

Dɛn ne Gyidi, na Dɛn Nti na Yehia?

4. Adwene bɛn na nnipa binom wɔ wɔ gyidi ho, na dɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ wobesusuw saa?

4 Gyidi yɛ su a obiara ani gye ho; ɛyɛ su a na ɛsom bo paa ma mmarima ne mmea a yɛrebesua wɔn ho ade wɔ nhoma yi mu no. Ɛnnɛ, gyidi ho nhia nnipa pii, na wosusuw sɛ ɛkyerɛ ahotoso a wubenya wɔ biribi mu kɛkɛ. Nanso, ɛyɛ mfomso koraa sɛ wobesusuw saa. Gyidi nkyerɛ sɛ wubegye asɛm biara atom kɛkɛ; ɛnyɛ atenka biara kwa; gyidi kɔ akyiri sen saa koraa. Asiane wom sɛ wubegye asɛm biara atom kɛkɛ. Sɛnea wote nka wɔ biribi ho no betumi asesa, na mpo ɛnnɔɔso sɛ obi bɛka sɛ ogye Onyankopɔn di, efisɛ “adaemone nso gye di na wɔn ho popo.”—Yak. 2:19.

5, 6. (a) Nneɛma abien a yenhu bɛn na yɛn gyidi gyina so? (b) Ɛsɛ sɛ yɛn gyidi yɛ nea edi mũ ankasa te sɛ dɛn? Ma ɛho nhwɛso.

5 Gyidi a edi mũ kɔ akyiri koraa sen sɛ wubegye asɛm biara atom kɛkɛ. Kae sɛnea Bible kyerɛkyerɛ gyidi mu no. (Monkenkan Hebrifo 11:1.) Paulo kae sɛ, gyidi gyina nneɛma abien a yɛn aniwa ntumi nhu so. Nea edi kan, egyina nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa a seesei “yenhu” no so. Yentumi mfa yɛn ani kann nhu nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa wɔ soro—te sɛ Yehowa Nyankopɔn, ne Ba no, anaa Ahenni a seesei ɛredi tumi wɔ soro no. Nea ɛto so abien, gyidi gyina “biribi a yɛn ani da so”—nsɛm a ennya nsisii—so. Seesei yentumi nhu wiase foforo a ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni de bɛba no. So eyi kyerɛ sɛ gyidi a yɛwɔ wɔ saa nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa ne nneɛma a yɛn ani da so mu no nni nnyinaso?

6 Ɛnte saa koraa! Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ gyidi wɔ nnyinaso a edi mũ ankasa. Bere a ɔkae sɛ gyidi yɛ “awerɛhyem a yɛde twɛn” no, ɔde Hebri asɛm bi a yebetumi akyerɛ ase sɛ “adanse krataa” na edii dwuma. Fa no sɛ obi aka sɛ ɔde ofie bi bɛma wo. Obetumi de ɛho adanse krataa no ama wo na waka sɛ, “Wo fie foforo no ni.” Nokwarem no, sɛ ɔka saa a, ɛnkyerɛ sɛ krataa no yɛ ofie a wubetumi atu akɔtena mu; na mmom nea ɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ krataa no di mũ araa ma enti bere a wo nsa aka no ɛte sɛ nea wo nsa aka ofie no ankasa. Saa ara na nneɛma a yɛn gyidi gyina so no di mũ araa ma enti yebetumi aka sɛ ɛte sɛ yɛn gyidi ankasa.

7. Dɛn na gyidi a edi mũ a yebenya no hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

7 Enti, gyidi a edi mũ a yebenya no hwehwɛ sɛ yenya nneɛma a Yehowa Nyankopɔn ayɛ wɔ mmere a atwam no mu ahotoso koraa a yɛrenhinim. Gyidi ma yehu Onyankopɔn sɛ yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ, na ɛma yenya ahotoso sɛ ne bɔhyɛ ahorow nyinaa bɛbam. Nanso, gyidi a edi mũ kɔ akyiri sen saa. Gyidi te sɛ abɔde a nkwa wom, ɛsɛ sɛ yɛma no aduan na anwu. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn gyidi, sɛ yɛamfa anyɛ adwuma a, ebewu.—Yak. 2:26.

8. Dɛn nti na gyidi ho hia paa saa?

8 Dɛn nti na gyidi ho hia paa saa? Paulo ma yenya asɛmmisa yi ho mmuae a ɛtɔ asom. (Monkenkan Hebrifo 11:6.) Sɛ yenni gyidi a, yɛrentumi nkɔ Yehowa anim, na saa ara nso na yɛrentumi nsɔ n’ani. Enti, ɛho hia paa sɛ yenya gyidi na ama yɛatumi ayɛ ade a wɔhwɛ kwan sɛ abɔde biara a onim nyansa bɛyɛ yi: sɛ́ yɛbɛbɛn yɛn soro Agya, Yehowa, na yɛahyɛ no anuonyam.

9. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ onim sɛ yehia gyidi?

9 Yehowa nim sɛ yehia gyidi paa ma enti wama yɛn nhwɛso a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so anya gyidi na yɛada no adi. Wɔ Kristofo asafo no mu no, yɛwɔ mmarima anokwafo a wodi nneɛma anim a wɔyɛ nhwɛso pa. N’Asɛm ka sɛ: ‘Munsuasua wɔn gyidi.’ (Heb. 13:7) Ɛnyɛ ɛno nko na ɔde ama yɛn. Paulo kaa “adansefo mununkum kɛse,” mmarima ne mmea a wɔtenaa ase tete a wɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso pa maa yɛn no ho asɛm. (Heb. 12:1) Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ nnipa a wodii nokware no nyinaa na Paulo bobɔɔ wɔn din wɔ Hebrifo ti 11 no mu. Sɛ wokenkan Bible a, wubehu mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin pii ho nsɛm ankasa wom. Ɛwom sɛ ɛsono wɔn mu biara nsɛm tebea de, nanso wɔbɔɔ wɔn bra sɛ nnipa a wɔwɔ gyidi a wobetumi akyerɛ yɛn nneɛma pii wɔ mmere a nnipa dodow no ara nni gyidi yi mu.

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Asuasua Afoforo Gyidi?

10. Ɔkwan bɛn so na ade a yɛn ankasa sua betumi aboa yɛn ma yɛasuasua mmarima ne mmea a Bible ka wɔn ho asɛm no?

10 Sɛ wubetumi asuasua obi a, gye sɛ wugyen w’ani hwɛ no yiye. Sɛ worekenkan saa nhoma yi a, wubehu sɛ wɔayɛ nhwehwɛmu akɔ akyiri a ɛbɛboa wo ma woahwɛ mmarima ne mmea a na wɔwɔ gyidi no yiye. Dɛn nti na w’ankasa nso wunnye bere mfa nyɛ nhwehwɛmu pii nka ho? Sɛ w’ankasa woresua ade a, fa nnwinnade a wowɔ no tweetwee Bible no mu yiye. Sɛ woredwinnwen nneɛma a woresua no ho a, bɔ mmɔden twa baabi a asɛm no sii ne nea ɛkɔfaa saa Bible mu asɛm no bae ho mfonini wɔ w’adwenem. Bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene bebu mmeae a nsɛm no sisii, nnyigyei a na ɛrekɔ so wɔ hɔ, ne sɛnea na ɛhɔ huam te. Nea ehia titiriw no, bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛnea na nnipa a wɔwɔ hɔ no te nka. Bere a wote nka ma saa mmarima ne mmea anokwafo no, wobɛba abehu wɔn yiye—ebia wɔn mu binom bɛba abɛyɛ te sɛ wo nnamfo dedaw a wodɔ wɔn.

11, 12. (a) Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woabɛn Abram ne Sarai kɛse? (b) Dɛn na wubetumi ayɛ na woanya nhwɛso a Hanah, Elia, anaa Samuel yɛe no so mfaso?

11 Sɛ woba behu nnipa a wɔte saa no yiye a, w’ani begye ho sɛ wubesuasua wɔn. Sɛ nhwɛso no, yɛmfa no sɛ woredwinnwen dwumadi foforo bi a wɔde ama wo ho. Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ato nsa afrɛ wo sɛ kɔtrɛw wo som adwuma mu. Ebia wɔaka akyerɛ wo sɛ tu kɔtena baabi a wohia asɛmpakafo pii paa, anaa wɔaka akyerɛ wo sɛ fa ɔkwan bi a wonsɔ nhwɛɛ da anaa ɛyɛ den ma wo so ka asɛm no. Bere a woredwinnwen dwumadi no ho na worebɔ ho mpae no, sɛ wudwinnwen nea Abram yɛe no ho a, so ɛremmoa wo? Ná ɔne Sarai nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ wobegyaw asetena pa a na wɔwom wɔ Ur no hɔ, enti wohyiraa wɔn pii. Sɛ wusuasua nea wɔyɛe no a, akyinnye biara nni ho sɛ, wubehu sɛ seesei wunim wɔn yiye sen sɛnea na anka wunim wɔn no.

12 Na sɛ obi a ɔbɛn wo paa bu wo anim- tiaa ma wote nka sɛ w’abam abu, ma mpo w’adwene yɛ wo sɛ nkɔ asafo nhyiam nso ɛ? Sɛ wudwinnwen nhwɛso a Hanah yɛe ne sɛnea wamma Penina animtiaabu no ansiw no kwan wɔ Yehowa som ho no ho a, ɛbɛboa wo ma woasi gyinae pa, na ebetumi ama Hanah nso abɛyɛ te sɛ wo yɔnko berɛbo. Saa ara nso na sɛ wote nka sɛ wo so nni mfaso ma enti w’abam abu a, bere a woresua tebea a Elia kɔɔ mu ho ade no, wobɛbɛn no yiye, na wubehu sɛnea Yehowa kyekyee ne werɛ. Mmabun nso a wɔn mfɛfo sukuufo a wɔn bra asɛe reguan wɔn ho no bɛte nka sɛ wɔabɛn Samuel paa bere a wosua ne ho ade na wohu sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔbrabɔne a na Eli mma no rebu wɔ asɔrefie hɔ ho no.

13. So nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm a wubesuasua wɔn gyidi no kyerɛ sɛ ɔkwan bi so no wo gyidi nni mũ? Kyerɛkyerɛ mu.

13 So nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm a wubesuasua wɔn gyidi no kyerɛ sɛ ɔkwan bi so no wo gyidi nni mũ wɔ Yehowa ani so? Ɛnte saa koraa! Kae sɛ, Yehowa Asɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua gyidifo. (1 Kor. 4:16; 11:1; 2 Tes. 3:7, 9) Afei nso, nnipa binom a yebesua wɔn ho ade wɔ nhoma yi mu no nso suasuaa anokwafo bi a na wodi wɔn anim no. Sɛ nhwɛso no, yehu wɔ nhoma yi Ti 17 sɛ Maria faa Hanah asɛm kae, na ɛda adi sɛ na obu no sɛ obi a ɔresuasua no. So eyi kyerɛ sɛ na Maria gyidi nni mũ? Ɛnte saa koraa! Mmom no, nhwɛso a Hanah yɛe no boaa Maria ma ɔhyɛɛ ne gyidi den sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno ara nso betumi anya din pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.

14, 15. Nneɛma bɛn na ɛwɔ nhoma yi mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de adi dwuma yiye?

14 Wɔayɛ saa nhoma yi sɛ ɛmmoa wo mma wonhyɛ wo gyidi den. Nhoma yi ti ahorow a edidi so no yɛ nsɛm a wɔatintim wɔ Ɔwɛn-Aban mu fi afe 2008 besi afe 2013, a asɛmti ne “Suasua Wɔn Gyidi.” Nanso, wɔde nsɛm foforo bi aka ho. Wɔde nsɛmmisa aka ho a ɛbɛboa wo ma woasua na ama woahu sɛnea wode bɛbɔ wo bra. Wɔ nhoma yi mu no, wɔayɛ mfonini foforo pii a ɛyɛ fɛ, na wɔayɛ nea na ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no nso akɛse ma ayɛ fɛ. Wɔde nneɛma foforo bi te sɛ mmerebu ne asase mfonini nso aka ho. Wɔayɛ Suasua Wɔn Gyidi nhoma no sɛ ankorankoro, mmusua, ne asafo no nsua. Mmusua pii nso ani begye ho sɛ wɔbɛkenkan asɛm no den na wɔatie.

15 Ɛmmra sɛ, saa nhoma yi bɛboa wo ma woasuasua Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no gyidi. Na ɛmmra sɛ, ɛbɛboa wo ma wo gyidi ayɛ den bere a worebɛn wo soro Agya, Yehowa, yiye no!