Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awiei Nsɛm

Awiei Nsɛm

‘Munsuasua wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no.’HEBRIFO 6:12.

1, 2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya gyidi nnɛ? Ma mfatoho.

GYIDI yɛ asɛmfua a ɛka koma, na ɛyɛ su a obiara ani gye ho. Nanso, sɛ yehu anaa yɛte saa asɛmfua no a, ɛho hia sɛ yesusuw asɛmfua foforo ho. Ɛno ne: “Ntɛm!” Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ yenni gyidi a, ehia sɛ yenya bi ntɛm. Sɛ yɛwɔ gyidi nso a, ehia sɛ yɛbɔ ho ban ntɛm ara, na yɛhwɛ ma enyin. Dɛn ntia?

2 Ma yɛmfa no sɛ wonam anhweatam kɛse bi so, ɛnna sukɔm de wo paa. Sɛ wunya nsu no bi a, ɛsɛ sɛ wohwɛ so yiye na owia ammɔ so ma anwe. Afei nso, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wubenya nsu no bi aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensa kosi sɛ wubedu baabi a worekɔ no. Ɛnnɛ, wɔ honhom fam no, ɛte sɛ nea yɛn nyinaa te anhweatam so. Gyidi a edi mũ ho ayɛ na te sɛ saa nsu no, na sɛ yɛanhwɛ ammɔ nea yɛwɔ no ho ban anaa yɛamfa bi anka ho a, ebetumi awe ntɛmntɛm. Gyidi ho hia paa; sɛnea sɛ yɛannom nsu a yebewu no, saa ara na sɛ yenni gyidi a, abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no rentumi nyɛ yiye.—Rom. 1:17.

3. Dɛn na Yehowa de ama yɛn a ɛbɛboa ma yɛahyɛ yɛn gyidi den, na nneɛma abien bɛn na ehia sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

3 Yehowa nim sɛnea ehia sɛ yenya gyidi ntɛm ara, na onim sɛnea nnɛ, ɛyɛ den sɛ yebenya gyidi na yɛakɔ so akora so. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛno nti na wama yɛn nnipa bi a yebetumi asuasua wɔn no. Yehowa de ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: ‘Munsuasua wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no.’ (Heb. 6:12) Ɛno nso nti na Yehowa ahyehyɛde no ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyere yɛn ho nsuasua mmarima ne mmea a na wɔwɔ gyidi te sɛ wɔn a yɛasua wɔn ho ade wɔ saa nhoma yi mu no. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei? Momma nneɛma abien yi ntena yɛn adwenem: (1) Ehia sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den; (2) na ehia sɛ yɛkɔ so ma yɛn anidaso no tena yɛn adwenem yiye.

4. Dɛn na Satan ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ gyidi tamfo, nanso dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma ehu ka yɛn?

4 Kɔ so hyɛ wo gyidi den. Gyidi wɔ ɔtamfo kɛse bi—ɔno ne Satan. Wiase yi sodifo no ama wiase a yɛte mu yi abɛyɛ baabi a ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ so anya gyidi. Satan ho yɛ den sen yɛn koraa. So ɛsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu sɛ yɛrentumi nnya gyidi na yɛnhyɛ mu den? Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa  da! Obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ obenya gyidi a edi mũ no yɛ Yehowa adamfo paa. Wama yɛn awerɛhyem sɛ ɔka yɛn ho, enti yebetumi asiw Ɔbonsam kwan na waguan afi yɛn ho mpo! (Yak. 4:7) Nea yɛbɛyɛ de asiw no kwan ne sɛ yebegye bere da biara da de ahyɛ yɛn gyidi den. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

5. Dɛn na mmarima ne mmea anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no yɛe a ɛma wonyaa gyidi? Kyerɛkyerɛ mu.

 5 Sɛnea yɛahu no, wɔamfa gyidi anwo mmarima ne mmea a na wɔwɔ gyidi a Bible ka wɔn ho asɛm no. Wɔn abrabɔ na wɔde daa no adi sɛ gyidi yɛ Yehowa honhom no aba. (Gal. 5:22, 23) Wɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa, na ɛno nti Yehowa kɔɔ so hyɛɛ wɔn gyidi den. Momma yɛnyɛ saa ara, na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ Yehowa yi ne yam de ne honhom ma wɔn a wobisa na wɔyɛ mpae a wɔbɔ ho adwuma no. (Luka 11:13) So biribi foforo wɔ hɔ a yebetumi ayɛ?

6. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛatumi anya Bible mu nsɛm a yɛkenkan no so mfaso kɛse?

6 Nnipa a wɔdaa gyidi soronko adi no mu kakraa bi pɛ na yɛaka wɔn ho asɛm wɔ nhoma yi mu. Wɔn mu pii wɔ hɔ a yɛanka wɔn ho asɛm! (Monkenkan Hebrifo 11:32.) Nea wɔn mu biara yɛe no da nsow a yebetumi atɔ yɛn bo ase asua pii afa wɔn ho. Sɛ yɛpere yɛn ho kenkan nnipa a na wɔwɔ gyidi a Bible ka wɔn ho asɛm no ho nsɛm kɛkɛ a, ɛrentumi mma yɛnhyɛ yɛn ankasa gyidi den sɛnea ɛfata. Nea ɛbɛyɛ na yɛate nea yɛrekenkan no ase yiye no, ehia sɛ yɛtɔ yɛn bo ase tweetwee nsɛm a ɛfa Bible mu asɛm a yɛrekenkan no ho ne nea na ɛrekɔ so saa bere no mu. Sɛ bere nyinaa yɛkae sɛ na saa mmarima ne mmea a wɔnyɛ pɛ no wɔ “nkate te sɛ yɛn ara” a, ɛbɛma yɛate nea wɔyɛe no ase yiye. (Yak. 5:17) Sɛ yenya tema ma wɔn a, ɛbɛma yɛatumi de yɛn adwene abu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔtee nka bere a wohyiaa nsɛnnennen ne ɔhaw te sɛ nea yɛrehyia no.

7-9. (a) Sɛ mmarima ne mmea a na wɔwɔ gyidi a wɔtenaa ase bere a na wɔrekyerɛw Bible no nyaa hokwan a yɛanya de resom Yehowa nnɛ no a, anka wɔbɛte nka dɛn? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe hyɛ yɛn gyidi den?

7 Yɛn nso, yɛn nneyɛe na yɛde hyɛ yɛn gyidi den. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, “gyidi a nnwuma nnim awu.” (Yak. 2:26) Sɛ mmarima ne mmea a yɛasua wɔn ho ade yi na Yehowa de adwuma a ɔde ama yɛn nnɛ yi hyɛɛ wɔn nsa a, wo de, hwɛ anigye ara a anka wɔde bɛyɛ!

8 Sɛ nhwɛso no, sɛ Abraham na wɔka kyerɛɛ no sɛ afei de ɔrensom wɔ afɔremuka a wɔde abo ayɛ wɔ sare so no so bio, mmom no, ɔne nnipakuw bi mmom nsom Yehowa wɔ Ahenni Asa a ɛyɛ fɛ so ne nhyiam akɛse ase, baabi a wosusuw bɔhyɛ ahorow a ohuu ne mmamu wɔ “akyirikyiri” no ho na wɔkyerɛkyerɛ mu yiye no a, anka dɛn na ɔbɛyɛ? (Monkenkan Hebrifo 11:13.) Na sɛ Elia a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsom Yehowa wɔ ɔhene tirimɔdenfo a na wawae afi nokware som ho no na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ n’adwuma ne sɛ onkunkum Baal adiyifo, na mmom ɔnkɔsrasra nkurɔfo wɔ asomdwoe mu nka awerɛkyekye ne anidaso asɛm nkyerɛ wɔn a, anka dɛn na ɔbɛyɛ? Nokwarem no, so anka mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi a Bible ka wɔn ho asɛm no rennye hokwan no ntom ntɛm ara nsom Yehowa sɛnea yɛreyɛ nnɛ no?

9 Enti, momma yɛnkɔ so mfa yɛn nneyɛe  nhyɛ yɛn gyidi den. Sɛ yɛyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ yɛde nea mmarima ne mmea a wɔdaa gyidi adi yɛe a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no rebɔ yɛn bra. Sɛnea yedii kan kae wɔ Nnianim Nsɛm no mu no, yɛbɛbɛn wɔn paa te sɛ yɛn nnamfo. Nanso, ɛrenkyɛ koraa, saa nnipa no bɛba abɛyɛ yɛn nnamfo ankasa.

10. Anigye bɛn na yebenya wɔ Paradise?

10 Kɔ so ma w’anidaso ntena w’adwenem yiye. Anidaso a Onyankopɔn ama mmarima ne mmea anokwafo anya no ahyɛ wɔn gyidi den bere nyinaa. So saa na ɛte wɔ wo fam? Wo de, hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yebehu Onyankopɔn asomfo anokwafo sɛ wɔreba nkwa mu bere a “wɔn a wɔteɛ . . . bɛsɔre afi awufo mu” no. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 24:15.) Nsɛm bɛn na w’ani begye ho sɛ wubebisa wɔn?

11, 12. Wɔ wiase foforo no mu no, nsɛm bɛn na ebia wubebisa (a) Habel? (b) Noa? (d) Abraham? (e) Rut? (ɛ) Abigail? (f) Ester?

11 Sɛ wuhyia Habel a, so wo ho bɛpere wo sɛ wubebisa no sɛnea na n’awofo te? Anaa ebia wubebisa no sɛ: “So wubisaa kerubim a na wɔrewɛn Eden no asɛm pɛn? Wɔmaa wo mmuae?” Na Noa nso ɛ? Ebia wubebisa no sɛ: “So na wusuro Nefilimfo no? Woyɛɛ dɛn hwɛɛ mmoa no nyinaa wɔ saa afe a na mohyɛ adaka no mu no?” Sɛ wuhyia Abraham a, ebia wubebisa no sɛ: “So wuhuu Sem pɛn? Hena na ɔmaa wo wubehuu Yehowa? So na ɛyɛ den ma wo sɛ wubefi Ur?”

12 Saa ara nso na ebia wubebisa mmea anokwafo a wobenyan wɔn no nsɛm a edidi so yi: “Rut, dɛn na ɛkaa wo ma wobɛsom Yehowa?” “Abigail, so na wusuro sɛ wobɛka nea woayɛ de aboa Dawid no akyerɛ Nabal?” “Ester, bere a nsɛm a esisii a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no baa awiei no, dɛn na ɛtoo wo ne Mordekai?”

13. (a) Nsɛm bɛn na ebia wɔn a wɔasɔre afi awufo mu no bebisa wo? (b) Sɛ wokae sɛ wubehu mmarima ne mmea a wɔtenaa ase tete no a, ɛma wote nka dɛn?

13 Ebia saa mmarima ne mmea anokwafo no nso wɔ nsɛm pii a wobebisa wo. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛka nea ɛkɔɔ so bere a nneɛma duu ne mpɔmpɔn so wɔ nna a edi akyiri no mu ne sɛnea Yehowa hyiraa ne nkurɔfo wɔ mmere a emu yɛ den mu no ho asɛm akyerɛ wɔn! Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn ani begye paa sɛ wɔbɛte sɛnea Yehowa maa ne bɔhyɛ ahorow baa mu no. Wɔ wiase foforo no mu no, ɛho renhia sɛ yɛde yɛn adwene bu sɛnea na Onyankopɔn asomfo anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no te. Saa bere no de, na yɛne wɔn nyinaa wɔ Paradise! Enti, kɔ so yɛ nea wubetumi biara nnɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu saa nkurɔfo no. Kɔ so suasua wɔn gyidi. Ɛmmra sɛ, wo ne wɔn nyinaa bɛkɔ so asom Yehowa na moayɛ nnamfo akosi daa!