Mika 5:1-15

  • Ɔhene bi ahenni bedu asaase nyinaa so (1-6)

    • Ɔhene no befi Betlehem (2)

  • Wɔn a wɔbɛka no bɛyɛ sɛ obosu, na wɔayɛ sɛ gyata (7-9)

  • Wɔbɛma asaase no ho atew (10-15)

5  “Afei wode ade retwitwa wo ho,O ɔbabea a atamfo atow ahyɛ no so;Wɔatwa yɛn ho ahyia.+ Wɔde abaa hwe Israel temmufo no asom.+   Na wo, Betlehem Efrata,+Wo a wusua koraa sɛ wɔbɛkan wo aka Yuda mpempem* ho,Wo mu na obi befi abɛyɛ Israel hene ama me.+Ɔno na n’ase fi teteete, tete mmere no.   Enti obeyi wɔn amaAkosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo. Na ne nuanom a aka no bɛsan abɛka Israelfo ho.   Ɔbɛsɔre agyina na ɔde Yehowa ahoɔden ayɛn wɔn+Wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn din kɛse no mu. Na wɔbɛtena hɔ dwoodwoo,+Na afei n’ahenni* bedu asaase ano.+   Na ɔde asomdwoe bɛba.+ Na sɛ Asiria tow hyɛ yɛn asaase so na otiatia yɛn abannennen so a,+Yɛbɛpaw nguanhwɛfo baason, nnipa mu abirɛmpɔn* baawɔtwe, na wɔne no adi asi.   Wɔde sekan bɛyɛn Asiria asaase+Ne Nimrod asaase+ wɔ n’apon ano. Na sɛ Asiria tow hyɛ yɛn asaase so, na ne nan tia yɛn hye so a,Obegye yɛn afi ne nsam.+   Yakob nkaefo no bɛtena aman bebree muTe sɛ obosu a efi Yehowa nkyɛn,Te sɛ osu a egugu afifide soA ɛmfa n’ani nto onipa soNa ɛntwɛn nnipa mma.   Yakob nkaefo no bɛtena aman bebree mu,Wɔ amanaman bebree mfinimfini,Te sɛ gyata a ɔwɔ kwae mu mmoa mu,Te sɛ gyata* a ne ho yɛ den a ɔwɔ nguankuw mu.Ɔfa wɔn mu, na ɔtow hyɛ wɔn so tetew wɔn mu; Na obiara nni hɔ a obegye wɔn.   Wobɛma wo nsa so wɔ w’atamfo so,Na wɔbɛsɛe w’atamfo nyinaa.” 10  Yehowa aka sɛ, “Saa da no,Mekunkum w’apɔnkɔ afi wo mu, na masɛe wo nteaseɛnam. 11  Mɛsɛe w’asaase so nkurow,Na madwiriw wo nkurow a wɔabɔ ho ban nyinaa agu. 12  Mɛma asumansɛm a wudi no aba awiei,*Na obiara a oyi nkonyaa rentena wo mu.+ 13  Mɛsɛe w’ahoni ne w’abosom adum afi wo mu,Na worenkotow wo nsa ano adwuma bio.+ 14  Metutu w’abosonnua* agu,+Na masɛe wo nkurow. 15  Mede abufuw ne abufuhyew bɛtweAman a wɔanyɛ osetie no aso.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mmusua.”
Anaa “ne kɛseyɛ.”
Anaa “akannifo.”
Anaa “gyatanini.”
Nt., “metu afi wo nsam.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.