Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Boa Wo Ba Ma Ɔnhwɛ Ne Ho Yiye Wɔ Intanɛt Ho

Boa Wo Ba Ma Ɔnhwɛ Ne Ho Yiye Wɔ Intanɛt Ho

ƆHAW NO

Wote wɔ radio ne TV so sɛ Intanɛt abɛyɛ asisifoɔ ne mmonnaatofoɔ ne akorɔmfoɔ adwesuo. Asɛm yi ha wo a, edi sa. Wo ba taa kɔ Intanɛt so na ɔnnwene sɛ asɛm betumi ato no.

Wubetumi akyerɛ wo ba ama wahwɛ ne ho yiye wɔ Intanɛt ho. Ansa na no, nneɛma bi wɔ hɔ a ehia sɛ wudi kan hu wɔ Intanɛt ho.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Mmofra tumi de mobal fon kɔ Intanɛt so. Ɛyɛ sɛ wobɛhyɛ mmara ma mode kɔmputa asi baabi a obiara behu. Nanso hu sɛ, sɛ wo ba no wɔ tablɛt anaa smatfon a, obetumi ahu Intanɛt so biribiara berɛ a wunhu ho hwee.

Sɛ nkurɔfoɔ nya kar akwanhyia a, ɛno nkyerɛ sɛ karka yɛ bɔne. Saa na Intanɛt teɛ. Sɛ wo ba no anhwɛ yiye a, na ebetumi apira no

Mmofra binom tena Intanɛt so kyɛ dodo. Abaayewa bi a wadi mfe 19 kae sɛ: “Mitumi sɔ kɔmputa sɛ mede simma nnum rekenken me mails; ebewie aseɛ no, na mede nnɔnhwere pii ahwɛ video. Mammia m’ani a mintumi nnyae.”

Anhwɛ a mmofra bɛkeka nsɛm a enni sɛ wɔka wɔ Intanɛt so. Deɛ nnipabɔnefoɔ bi yɛ ni: Sɛ abofra bi de ne foto ne ne ho nsɛm gu Intanɛt so a, wɔtumi keka bom hu baabi a abofra no te, baabi a ɔkɔ sukuu ne bere a ɛka abofra no nko ara wɔ fie.

Nneɛma a mmofra de gu Intanɛt so no, wɔnnim nsunsuansoɔ a ɛde ba. Deɛ wode begu Intanɛt so biara, ɛka so. Ɛtɔ da bi a, biribi a wompɛ sɛ obiara hu no, ɛbɛba abɛtɔ dwa. Fa no sɛ worepɛ adwuma; adwumawura no betumi afa w’akyi akohu saa asɛm a wompɛ sɛ obiara hu no.

Nsɛm a yɛakeka yi ha adwene deɛ, nanso kae saa asɛm yi: Intanɛt nyɛ wo tamfo; woanhwɛ yiye a, ɛnna ebetumi adi wo awu.

 DEƐ WUBETUMI AYƐ

Kyerɛ wo ba ma ɔnhu sɛ yɛyɛ deɛ ehia ansa na yɛayɛ deɛ ɛfata. Sɛ akwadaa betumi anyin ayɛ panin pa a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ osua sɛ ɔbɛyɛ deɛ ehia ansa na wayɛ deɛ ɛfata. Efie nkɔmmɔ, efie nnwuma ne sukuu dwumadie ho hia sene sɛ ɔbɛtenatena Intanɛt so. Sɛ wuhu sɛ wo ba tena Intanɛt so kyɛ a, twa bere ma no. Wubetumi mpo ayɛ biribi a ɛbɛkae no sɛ bere aso sɛ ɔsɔre firi ho.—Bible nnyinasosɛm: Filipifo 1:10.

Kyerɛ wo ba sɛ ansa na ɔde biribiara bɛto Intanɛt so no, ɛsɛ sɛ ɔdwene ho ansa. Boa wo ba ma ommisa ne ho nsɛm bi te sɛ weinom: Enti adeɛ a mepɛ sɛ mede gu Intanɛt so yi, ɛnha obiara? Foto a mede reto so yi, ɛbɛsɛe me din anaa? Sɛ m’awofoɔ anaa ɔpanin foforo biara hu foto anaa nsɛm a mepɛ sɛ mede gu Intanɛt so no a, ɛnha me? Sɛ wɔhu a, wɔbebu me sɛn? Sɛ obi na ɔde too hɔ a, anka mebu no sɛn?—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 10:23.

Ɛnyɛ mmara a wobɛhyehyɛ na ehia; boa akwadaa no ma ɔmfa n’adwene nyɛ adwuma. Wuntumi mfa w’ani nni wo ba akyi saa. Ɛno mpo da nkyɛn a, ɔwofo deɛ ɛnyɛ da biara na wobɛka akyerɛ wo ba sɛ ‘yɛ wei, nyɛ wei, kɔ ha, nkɔ ha.’ Mmom ɛsɛ sɛ woboa akwadaa no ma ‘ɔtete n’adwene ma ehu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Hebrifo 5:14) Mfa mmara ne asotwe nhunahuna akwadaa no, mmom boa no ma ɔmfa n’adwene nyɛ adwuma. Sɛn na ɔpɛ sɛ nkurɔfo hu no? Ɔpɛ sɛ nkurɔfo hu no sɛ ɔwɔ suban pa anaa subammɔne? Nea wopɛ sɛ wokyerɛ wo ba ara ne sɛ ɔbɛyɛ adepa; sɛ wowɔ ho oo, sɛ wonni hɔ oo.—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 3:21.

“Nkwadaa nim tɛknɔlɔgyi mu paa; awofo nso nim abrabɔ mu nsɛm”

Sɛ obi kɔ Intanɛt so a, ɛte sɛ nea ɔreka kar. Ehia sɛ ɔyɛ ahwɛyiye paa. Ɛnyɛ afidie a onim kyinkyim no na ehia. Enti wo ɔwofo no na ɛsɛ sɛ woboa no. Owura bi a yɛfrɛ no Parry Aftab aben wɔ Intanɛt mu paa. Ɔkae sɛ: “Nkwadaa nim tɛknɔlɔgyi mu paa; awofo nso nim abrabɔ mu nsɛm.”