Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Mmofra Ne Smatfon—Ɔfã 2: Kyerɛ Wo Mma Sɛnea Wɔde Smatfon Bɛyɛ Adwuma Yiye

Mmofra Ne Smatfon—Ɔfã 2: Kyerɛ Wo Mma Sɛnea Wɔde Smatfon Bɛyɛ Adwuma Yiye

 Smatfon te sɛ sekan. Ayɛ ne ho ɔdomfo-kumfo. Sɛnea wode bɛyɛ adwuma na ɛbɛkyerɛ. Wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ama wɔde smatfon ayɛ adwuma yiye? Yɛbɛyɛ nhwɛso a, mmere dodow sɛn na ɛsɛ sɛ woma wo ba de ne smatfon yɛ adwuma da biara? a

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  •   Obi de smatfon yɛ adwuma a, ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ no. Asɛm a wɔato din “Mmofra Ne Smatfon—Ɔfã 1: Ɛsɛ Sɛ Mema Me Ba Smatfon Anaa?” mu no, yehui sɛ sɛ obi wɔ smatfon a, biribiara a ɛwɔ Intanɛt so biara, papa oo, bɔne oo, obetumi ahu.

     “Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn werɛ befi sɛ smatfon betumi ama yɛn mma ne nnipabɔnefo adi nkitaho. Ebetumi nso ama mmofra no asua subammɔne.”—Brenda.

  •   Mmofra hia akwankyerɛ. Mmofra deɛ, wɔwoo wɔn too hɔ ngɛɛ, na wɔne abɛɛfo mfiri na ɛnam. Mpanyimfo deɛ, afei na wɔn mu dodow no ara resua sɛnea wɔde abɛɛfo mfiri yɛ adwuma. Nanso wei nkyerɛ sɛ mpanyimfo nnim abɛɛfo mfiri ho hwee, na ɛnkyerɛ nso sɛ mmofra na wonim sɛnea wɔde wɔn smatfon bɛyɛ adwuma ne bere a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma.

     Ɛwom sɛ ebia wo mma nim smatfon mu sen wo, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wonim sɛnea wɔde smatfon yɛ adwuma yiye anaa wɔwɔ ho nyansa. Mmofra a wɔaben wɔ abɛɛfo mfiri mu paa mpo, ehia sɛ wɔn awofo boa wɔn ansa na wɔatumi de smatfon ayɛ adwuma wɔ ɔkwampa so.

     “Sɛ wode smatfon ma wo ba na woamma no akwankyerɛ biara a, ɛte sɛ obi a ɔde kar safoa ahyɛ ne ba nsam na ɔde no atena stia no anim. Afei ɔspaake kar no, na ɔka kyerɛ ne ba no sɛ, ‘Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wae.’ Nanso na onnya nkyerɛɛ ne ba no karka mpo.”—Seth.

 Nea wubetumi ayɛ

  •   Hu nneɛma a wo ba no fon tumi yɛ. Hu nneɛma a ɛwɔ wo ba no fon so a ebetumi ama ɔde fon no ayɛ adwuma a asɛm biara rento no. Nhwɛso bi ni:

     Nneɛma bɛn na ɛwɔ fon no so (parental controls) a ɔwofo betumi de akyerɛ bere tenten a ɛsɛ sɛ ne ba no di wɔ fon no so ne wɛbsaet ahorow a ɔpɛ sɛ ne ba no tumi kɔ so?

     Wunim sɛ nneɛma a ɛwɔ fon so a wɔde siw kwan na nneɛma a ɛmfata amma so no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ adwuma yiye anaa?

     Sɛ wuhu wo ba smatfon mu yiye a, ɛbɛboa wo ama woatumi akyerɛ no sɛnea ɔde bɛyɛ adwuma nyansam.

     Bible mu afotusɛm: “Onimdefo hyɛ ne ho den.”—Mmebusɛm 24:5.

  •   Kyerɛ wo mma nea wobetumi ayɛ ne nea woremma wɔnyɛ. Si pi na hu nea wobɛpene so ama wo mma de wɔn fon ayɛ ne nea worempene so mma wɔnyɛ. Ɛho nhwɛso ni:

     Sɛ moreba abedidi a, wobɛma wo ba no kwan ama ɔde ne fon aba hɔ anaa? Na sɛ mokɔsra abusuafo ne nnamfo nso a, wobɛma ɔde ne fon ayɛ adwuma wɔ hɔ anaa?

     Sɛ wo ba rekɔda a, wobɛma ɔde ne fon aka ne ho?

     App bɛn na wobɛma wo ba de ayɛ adwuma?

     Mmere dodow sɛn na wobɛma wo ba de ne smatfon ayɛ adwuma?

     Wobɛkyerɛ bere a da biara ɛsɛ sɛ wo ba sɔ ne smatfon ne bere a ɛsɛ sɛ odum no anaa?

     Hyehyɛ smatfon no ho mmara ma wo ba no, na sɛ obu so a, twe n’aso.

     Bible mu afotusɛm: “Mfa nteɛso nkame abofra.”—Mmebusɛm 23:13.

  •   Fa w’ani di akyi. Hu password a wo ba no de ato ne fon so. Ɛyɛ a hwɛ nneɛma a ɛwɔ ne fon so te sɛ text message a ɛwɔ so, apps a ɛwɔ so, mfoni a egu so, ne wɛbsaet a wakɔ so.

     “Yɛka kyerɛɛ yɛn babea sɛ, ɛwom ara a, yebegye ne fon ahwɛ nneɛma a ɛwɔ so a yɛrenni kan nka nkyerɛ no. Na sɛ yehu biribi a ɛnkɔ yiye wɔ so a, ɛnde nneɛma bi a na yɛma ɔde fon no yɛ no, yɛremma no kwan mma ɔnyɛ bio.”—Lorraine.

     Woyɛ ɔwofo, enti wowɔ hokwan sɛ wuhu nea wo ba de ne smatfon yɛ.

     Bible afotusɛm: “Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu sɛ ne nnwuma ho tew na ɛteɛ.”—Mmebusɛm 20:11.

  •   Kyerɛkyerɛ wo ba ma onnya suban pa. Boa wo ba ma n’ani nnye ho sɛ ɔbɛyɛ adepa. Adɛn nti na wei ho hia? Efisɛ sɛ abofra si ne bo sɛ ɔde biribi besie n’awofo a, awofo no yɛ dɛn, ɔde besie wɔn. b

     Enti tete wo ba no ma onnya suban pa te sɛ nokwaredi ne ahohyɛso, na boa no ma onhu sɛ, biribiara a ɔbɛyɛ no, ɛwɔ nsunsuanso. Sɛ wɔtete abofra ma onya suban pa a, mpɛn pii no, ɔde ne fon yɛ adwuma wɔ kwampa so.

     Bible afotusɛm: “Wɔn a wɔn ho akokwaw no, . . . wɔde wɔn adwene yɛ adwuma nti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.”—Hebrifo 5:14.

a Asɛm yi mu no, yɛka “smatfon” a, ɛyɛ mobal fon biara a wutumi de kɔ Intanɛt so. Yɛbɛka a, ɛyɛ kɔmputa ketewa.

b Mmofra no bi wɔ a, wɔde nea wɔfrɛ no “ghost app” yɛ adwuma wɔ wɔn smatfon so. App a ɛte saa no, wɔayɛ bi te sɛ kakuleta a wɔde bu nkontaa, enti wobɛka sɛ asɛm biara nni ho. Mmofra no de saa “ghost app” no yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn awofo renhu nea wɔreyɛ wɔ wɔn fon so.