Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Asia Apuei Fam

Wiase Nyinaa Adwumakuo a Ɛbɔ Mmoa Ho Ban de too dwa sɛ efi 1997 kosi 2011 no, nkurɔfo ahu mmoa ne nnua foforo pii; ebi ne ɔwɔ bi a n’ani yɛ kɔkɔɔ (Trimeresurus rubeus). Mmoa ne nnua foforo yi, wohui wɔ baabi a Mekong Asubɔnten no tene fa te sɛ Cambodia, Laos, Myanmar, Thailand, Vietnam, ne Yunnan mantam no mu wɔ China. Afe 2011 nko ara no, wohuu mmoa ne nnua foforo; emu 82 yɛ nnua, 21 yɛ ɔwɔ ne nkoterɛ abusua, 13 yɛ nsuomnam, 5 yɛ nufuboa, ɛnna 5 yɛ mmoa a wotumi tena nsuom ne asase so.

Europe

Koowaa krataa bi kae sɛ, seesei nnipa a wɔtwe wɔn kɔ amannɔne yɛ “biribi a ɛha adwene paa wɔ Europe Aman Nkabom no mu.” (The Moscow Times) Wɔtwe wɔn kɔ saa a, wɔtɔn ebinom de wɔn si tuutuu ne ade; ebinom nso, wɔde wɔn kɔyɛ nkurutudwuma, na ebinom nso wɔ hɔ a, “wɔde wɔn fa sum ase koyiyi wɔn akwaa tɔn.” Deɛ akɔfa weinom nyinaa aba ne ohia, adwumasɛm ne mmaa a nkurɔfo sisi wɔn.

New Zealand

Animdefo de wɔn ani ato fam ahu sɛ, “deɛ ɛmma nkwadaa nka wɔn ho nkɔ nnipa mu” firi TV hwɛ bebrebe. Deɛ wohui no si deɛ wɔaka no so dua sɛ, TV so “dwumadi a ɛyɛ papa mpo no, enni sɛ nkwadaa hwɛ boro dɔnhwerew 1 anaa 2 da koro.”

Alaska

Wohwɛ mu a, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ “Alaskafoɔ nkuraaseɛ” nyinaa wɔ mpoano ne nsuano. Nkuraa no dodoɔ no ara nso, nsuo yiri fa wɔn na edidi kɔ wɔn nsase mu. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ewiem tumi yɛ hye wɔ hɔ ma enti nsuo no ntumi nkyene ntɛm na abɔ wɔn ho ban. Enti sɛ nsuo tɔ a, ɛma nsuo yiri fa wɔn na edidi kɔ wɔn asase mu.

Wiase Nyinaa

Nnipa abɔ ka bebree ahwehwɛ kwan a yɛbɛfa so anya anyinam ahoɔden a yɛrensɛe mframa, enti wɔtwe ahoɔden no bi firi mframa ne awia mu. Nanso enkosi aga. Ɔpanin paa a ɔda anyinam ahoɔden adwuma ano wɔ wiase nyinaa, Maria van der Hoeven, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “ɛnnɛ mpo, ɔkwan a yɛfa so nya anyinam ahoɔden no, wohwɛ mu a efĩ a ɛde ba no te sɛ mfeɛ 20 a atwam no.”