Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wode Abɛɛfo Mfidie Di Dwuma Yie?

Wode Abɛɛfo Mfidie Di Dwuma Yie?

Jenni so mu sɛ ɔrebɔ “video game” a, ɔnnya bere mma biribi foforo biara. Ɔka sɛ: “Metumi tena ho bɛyɛ nnɔnhwerew nwɔtwe da biara. Seesei abɛyɛ me haw kɛse.”

Dennis yɛɛ n’adwene sɛ ɔrenkɔ Intanɛt so nnawɔtwe, nanso anni nnanu mpo na ɔsan kɔɔ so.

Jenni ne Dennis a yɛreka wɔn ho asɛm yi nyɛ mmofra! Jenni yɛ ɔbaatan a wadi mfe 40. Dennis nso yɛ ɔbarima a wadi mfe 49.

WODE abɛɛfo mfidie di dwuma? * Sɛ wobisa asɛm yi a, nnipa pii bɛka sɛ aane, efisɛ wɔhia de ayɛ nneɛma pii. Yɛde ɛlɛtrɔnik mfidie yɛ nnwuma, yɛde di nkitaho, na yɛde gye yɛn ani nso.

Nanso ɛkame ayɛ sɛ abɛɛfo mfidie agye nnipa pii adwene sɛnea ayɛ Jenni ne Dennis no. Wo deɛ, hwɛ ababaa bi te sɛ Nicole. Wadi mfe 20 na ɔka sɛ: “Mefɛre sɛ bɛbɔ asɛm yi so, nanso nokwasɛm ne sɛ me ne me fon deɛ, mframa mfa yɛn ntam koraa. Menkɔ nnya hɔ. Sɛ mekɔ baabi na me fon nyɛ adwuma a, na m’adwene bom. Aboro so ara ne simma aduasa, na mayi fon no rehwɛ sɛ obi akyerɛw me anaa. Wo ara wohwɛ a, wei yɛde bɔ bra?”

Ebinom wɔ hɔ a, anadwo mũ no nyinaa wɔfekyefekyere wɔn fon hwɛ nea aba so ne nsɛm a nkurɔfo akyerɛw wɔn. Sɛ wɔn fon nni wɔn ho, anaa wɔntumi nkɔ Intanɛt so a, na wɔn ho yera wɔn. Animdefo bi ka sɛ, sɛ obi fi aseɛ reteetee saa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ abɛɛfo afidie no afa no dommum. Ebinom mpɛ sɛ wɔka sɛ afa wɔn “dommum,” na mmom ne gyae na ɛyɛ den.

Nanso sɛ afa wɔn dommum oo, sɛ ne gyae na ɛyɛ wɔn den oo, asɛm no ara ne sɛ, sɛ woamfa abɛɛfo mfidie anni dwuma yie a, ɛbɛtumi de ɔhaw aba. Mmusua bi mu mpo deɛ, ɛde mpaepaemu aba. Wo deɛ hwɛ asɛm a ababaa a wadi mfe 20 yi reka: “Seesei meka sɛ me papa nim nea ɛrekɔ so wɔ m’asetenam a, na meboa. Sɛ ɔte asa so na me ne no rekasa a, sɛ́ ne ti si ne e-mail mu ara ni. Ɔntumi nnya fon no nto hɔ simma baako mpo. Menim sɛ me papa dwene me ho, nanso ɛtɔ da a, menhu no yie.”

Ano Aduro?

Aman bi te sɛ China, South Korea, United Kingdom, ne United States pɛ sɛ wodi ɔhaw yi ho dwuma. Enti wɔayɛ asoeɛ ahorow bi na sɛ abɛɛfo mfidie de obi yɛ akoa a wɔakɔ hɔ akɔpɛ mmoa. Nea wɔyɛ ne sɛ wobɛyi onii no afi Intanɛt so nna kakra. Hwɛ nea ɛtoo aberantewa bi a wɔfrɛ no Brett. Ɛduu baabi no na ɔde nnɔnhwere 16 na ɛbɔ video game wɔ Intanɛt so da biara. Ɔka sɛ, “Sɛ mewɔ Intanɛt so a, meyɛ m’ade te sɛ obi a wanom nnubɔne abow.” Bere a Brett ani baa ne ho so sɛ ɔhia mmoa no, na n’adwuma afi ne nsa, na ɔnni ne ho ni, na na ɔne ne nnamfo ntam atete. Dɛn na wobɛyɛ na awerɛhosɛm yi bi anto wo?

WODE YƐ ADWUMA SƐN? Dwennwen ho hwɛ nkɛntɛnso a abɛɛfo mfidie anya wɔ w’asetenam. Bisa wo ho sɛ:

  • Sɛ m’afidie no ho tɔ kyima anaasɛ me Intanɛt nyɛ adwuma a, me ho yera me anaa me bo mpo tumi fuw?

  • Sɛ bere a ɛsɛ sɛ medum Intanɛt no so a, meyi m’ani?

  • Mesɔresɔre hwɛ nsɛm a amanfo akyerɛw abrɛ me ma enti me nna nso me?

  • Abɛɛfo mfidie nti mennya bere mma m’abusua? W’abusuafo bɛgye wo mmuae no atom?

‘Nneɛma pii ho hia’ paa wɔ asetenam, na ebi ne w’abusua. Enti sɛ abɛɛfo mfidie ama woabu w’ani agu w’abusua so a, ɛnneɛ bere aso sɛ woyɛ nsakrae. (Filipifoɔ 1:10) Wobɛyɛ no sɛn?

HYƐ WO HO SO. Ɛwoɔ mpo, wodi no pii a ɛbɛnya wo. Enti sɛ wode abɛɛfo mfidie yɛ adwuma oo, wode gyegye w’ani oo, sɛ bere so sɛ wodum no a, hwɛ na dum no. Mmu w’ani ngu so.

Nyansahyɛ: Sɛ wohia mmoa a, adɛn nti na womma wo busuani anaa w’adamfo bi mmoa wo? Bible ka sɛ: “Baanu yɛ sene baako, ɛfiri sɛ . . . baako hwe ase a, deɛ ɔka ne ho no bɛma ne so.”—Ɔsɛnkafoɔ 4:9, 10.

‘Nni adwene dɛ akyi nkɔhwe Firaw.’

Abɛɛfo mfidie ama ayɛ mmerɛw sɛ yɛne afoforo bɛdi nkitaho, nanso ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛsɛe yɛn bere. Enti ‘nni adwene dɛ akyi nkɔhwe Firaw.’ Sɛ wode ‘berɛ a wobɛnya biara’ di dwuma yie a, abɛɛfo mfidie remfa wo nyɛ akoa.—Efesofoɔ 5:16.

^ nky. 5 Asɛm yi mu no, yɛka abɛɛfo mfidie a, ɛyɛ afidie biara a wobɛtumi de ahwɛ e-mail, text message, foto, anaa wode abɔ nnwom ne video game.